March Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase March 6
Dwom 25
13 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. Mommɔ Asemmisa Afã no ho nkɔmmɔ.
15 min: “Wɔama Yɛn Pii—Wɔhwehwɛ Pii Fi Yɛn Nkyɛn.” Nsemmisa ne mmuae. Hyɛ wɔn a wɔfata no nkuran ma wonsusuw akwampae aboafo adwuma a wɔde wɔn ho behyem wɔ April mu no ho.
17 min: “‘Nkɔmhyɛ no mu Nsɛm’ a Yɛbɛbɔ no Dawuru.” Ka nsɛntitiriw no ho asɛm. Ma atiefo nka osuahu ahorow a wɔanya wɔ Adiyisɛm Awiei nhoma no a wɔde adi dwuma anaasɛ wɔde ama mu. Hyɛ obiara nkuran sɛ onnya adwempa bere a ɔde nhoma no rema no, efisɛ ɛka nsɛm a ɛresisi nnansa yi a ɛfa obiara ho no ho asɛm. Ma wɔnyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 31 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 13
Dwom 24
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
18 min: “Ahenni Asɛm a Aba Ne Bere Mu a Wɔde Bɛmema wɔ Wiase Nyinaa.” Ɔkasa a ɔpanyin bi ma. Si hia a dwumadi soronko yi a yɛbɛyɛ no April ne May mu no hia so dua. Hyɛ obiara, a wɔn a wɔyɛ afoforo ka ho, nkuran sɛ wɔnyɛ nhyehyɛe mfa wɔn ho nhyem nkosi ase.
17 min: “Brochure Foforo no a Yɛde Bedi Dwuma Ɔkwampa So.” Wo ne atiefo mmɔ asɛm no ho nkɔmmɔ. Da brochure no mu nsɛm adi, na fa sɛnea wobetumi de akyekye wɔn a wɔahwere wɔn adɔfo no werɛ ho nyansahyɛ ma.
Dwom 108 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 20
Dwom 40
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛ sɛnea abusua bi de 1995 Yearbook no redi dwuma ho ɔyɛkyerɛ. Abusua no da anisɔ a wɔwɔ ma nhoma no adi; agya no fa ɔkwan tiawa so ka nsɛntitiriw a ɛwɔ nnianim nsɛm a ɛwɔ nkratafa 3-11 no mu nsɛm. Nea wɔbɔ ho nkɔmmɔ no ne sɛnea wɔbɛbɔ mmɔden sɛ dapɛn biara wɔbɛbom akenkan Yearbook no nkratafa kakraa bi na wɔahwɛ ahu sɛ wobesusuw Bible asɛm a wɔapaw a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa mu no ho da biara.
15 min: Asafo ahiade. Anaasɛ ɔkasa a egyina asɛm “Sɛ Ɛsɛ sɛ Mutua Tow a, Muntua Tow” a ɛwɔ November 15, 1994 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 26-8 so.
15 min: “Boa Afoforo Ma ‘Wonni Nea Wɔakyerɛw no So.’” Ka emu nsɛntitiriw no ho asɛm, na afei ma wɔnyɛ sankɔhwɛ biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 52 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 27
Dwom 205
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
15 min: “Adeyɛ a Ɛho Hia Sen Biara Wɔ Adesamma Abakɔsɛm Mu.” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Ka nhyehyɛe a mo asafo no ayɛ ama Nkaedi no kyerɛ. Kyerɛ nea enti a ehia sɛ yɛto nsa frɛ anigyefo na yɛboa wɔn ma wɔba ase.
15 min: Ma ɔkasa a egyina asɛm “So Anohyeto Ahorow Bu W’abam?” a ɛwɔ September 1, 1994, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 27-28 so. Boa wɔn nyinaa ma wɔn mu biara nhu asɛyɛde a ɔwɔ na ama wanya anigye wɔ Yehowa som mu.
10 min: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a yɛbɛma nkurɔfo akra wɔ April mu. Yebetumi nso de brochure biara ama (gye sɛ Sukuu brochure no). Ka nyansahyɛ a edi so yi a ɛkyerɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma ma wɔ afie afie mu a adwene no ne sɛ yɛbɛma wɔakra bi no ho asɛm: Tew w’anim serew. Da anigye adi. Kasa bɔkɔɔ. Ka nsɛmma nhoma biako mu asɛm biako pɛ. Dan nsɛmma nhoma no ma ofiewura no na kyerɛkyerɛ no ne kra ho nhyehyɛe no mu. Ma onhu sɛ wobɛsan de nea edi hɔ a ɛbɛba no bi abrɛ no. Sɛ wannye nsɛmma nhoma no mpo a, fa w’asɛm no bra awiei wɔ ɔkwampa so. Yɛ wɔn a wɔkyerɛ ho anigye ne dodow a wogye nyinaa ho kyerɛwtohɔ. Ma wɔnyɛ sɛnea wɔma nkurɔfo kra nsɛmma nhoma ho ɔyɛkyerɛ tiawa biako anaa abien fa wie.
Dwom 176 ne mpaebɔ a wɔde wie.