‘Yɛwɔ Pii Yɛ wɔ Awurade Adwuma no Mu’
1 Akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi ahwɛ teokrase dwumadi pii kwan wɔ April ne May mu! Yɛbɛyɛ Kristo wu Nkaedi no April 14. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ nnipa dodow a yebetumi biara nkuran ma wɔba saa adeyɛ a ɛho hia no bi: wɔn a yɛne wɔn yɛ adwuma, abusuafo a wɔnyɛ agyidifo, mfɛfo sukuufo, nnipa a afei na wɔakyerɛ anigye, ne Bible asuafo. Kyerɛw wɔn a woabɔ wo tirim sɛ wobɛto nsa afrɛ wɔn no din to hɔ na w’ani ampa wɔn mu biara so.
2 Dapɛn a edi hɔ no, yɛbɛhyɛ wɔn a wɔbaa Nkaedi no bi nyinaa nkuran sɛ wommetie ɔkasa titiriw a egyina asɛm a ɛne sɛ “Atoro Som Awiei Abɛn” so no bi April 23. Yɛwɔ anidaso sɛ anigyefo a wobetie asɛm a wɔka no penpen yi no pii behu hia a ɛho hia sɛ wɔne asafo no bɛbɔ daa, na ɛnyɛ nna atitiriw bi nko.
3 Ahenni Asɛm Titiriw a Wobeyi no Adi: Ade titiriw a wɔbɛyɛ no April 23 nhyiam no ase ne Ahenni Asɛm a ɛto so 34 a ɛyɛ ne bere mu de a ekura nkratafa anan a yɛbɛkyekyɛ no pii akosi May 14, a wobeyi no adi. Wunnye nni sɛ yebenya ‘pii ayɛ wɔ Awurade adwuma no mu’ Nkaedi bere yi mu?—1 Kor. 15:58.
4 Yɛbɛmena asafo biara Ahenni Asɛm no bi. Ɛsɛ sɛ wɔde nnaka a Ahenni Asɛm no wɔ mu no sie baabi pa, na ɛnsɛ sɛ wobue so kosi sɛ April 23 dwumadi no bɛba awiei. Saa bere no na wobetumi ama anuanom ne ɔmanfo Ahenni Asɛm no bi. Sɛ yewie asafo nhyiam no April 23 a, obiara a ɔbaa bi no benya biako na ama wahu emu nsɛm no asiesie ne ho ama ne kyekyɛ.
5 Mpanyimfo Benya Pii Ayɛ: Wɔ ɔsram yi mfiase no, ɛsɛ sɛ asafo no mu mpanyimfo kuw hyiam susuw ɔsatu titiriw no ho kɔ akyiri. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow bɔ mmɔden yɛ wɔn asasesin a ɛhyɛ wɔn nsa nyinaa mu adwuma. Ansa na ɔsatu no bɛba awiei no, momfa mmɔdenbɔ soronko nyɛ adwuma wɔ nsasesin a asram asia a atwam ni no, monyɛɛ mu adwuma nwiei no mu. Esiane sɛnea adwuma no ho hia nti, ɛho behia sɛ yɛhwehwɛ bere pii sɛnea yebetumi biara de yɛ ɔsom adwuma no. Akyinnye biara nni ho sɛ adawurubɔfo a wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo no bɛdɔɔso asen daa. Ɛda adi sɛ ebia Bible asuafo pii nso bɛba abɛka yɛn ho sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu a wɔapene wɔn so foforo. Hwɛ anigye ara a yebenya bere a yɛbom som wɔ Awurade adwuma no mu no!
6 Ɛsɛ sɛ Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo hyɛ da yɛ Memeneda ne Kwasida kuw adansedi ho nhyehyɛe. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ obiara nkuran ma onya mu kyɛfa kɛse. Dapɛn awiei dwumadi no akyi no, ɛsɛ sɛ anyɛ yiye koraa wɔyɛ nhyehyɛe kɔ anwummere anwummere adansedi pɛnkoro dapɛn biara wɔ ɔsatu bere no mu. Ebinom betumi ahyia akɔ asɛnka bere a sukuufo apɔn no, na aboa sukuufo a wɔbɛpɛ sɛ wonya mu kyɛfa kɛse no nso.
7 Ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɛnka nhyiam horow ho nhyehyɛe wɔ ɔkwan a ɛbɛma adawurubɔfo ne akwampaefo atumi afi ɔsom adwuma no ase ntɛm da biara so. Ɛsɛ sɛ nhyiam horow yi yɛ tiawa. Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ɔkwan tiawa a wobetumi afa so de Ahenni Asɛm no ama wɔ emu biara ase. Nea yebetumi asusuw ho wɔ awia asɛnka nhyiam ahorow ase no bi ne ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ sankɔhwɛ ahorow bere a yɛkɔ wɔn a wogyee Ahenni Asɛm no bi hɔ no ho nyansahyɛ biako anaa abien. Nanso, ebia adawurubɔfo bi ani begye ho sɛ wɔbɛkyekyɛ no anɔpa ne awia nyinaa. Wɔ ɛno fam no, ebehia sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no hwɛ hu sɛ wobenya asasesin sɛnea ɛsɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛw obiara a ɔkyerɛ anigye din ne n’address wɔ afie afie kyerɛwtohɔ kratasin so. Yebetumi akyerɛw nkɔmmɔbɔ tiawa no mu nsɛntitiriw nso wɔ ɔfã a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛw nsɛm hyɛ no. Eyi bɛbɔ kwan ama sankɔhwɛ a yɛbɛyɛ no akyiri yi wɔ dapɛn anaa ɔsram no mu no.
8 Sɛ asafo bi boa asafo foforo ma ɔyɛ n’asasesin mu adwuma a, ɛsɛ sɛ wɔde anigyefo din ne wɔn address ma asafo a ɛyɛ n’asasesin no.
9 Awofo, mo mma reyere wɔn ho abɛyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu? Wɔahyɛ no nsow sɛ wɔ asafo ahorow bi mu no, mmofra a wokura suban pa ne wɔn awofo a wɔahyira wɔn ho so ayɛ ɔsom adwuma no mfe dodow bi, na mmofra no bɔ mmɔden paa, ɛmfa ho sɛ wonnya mmɛyɛɛ asɛmpa no adawurubɔfo no. Ɛsɛ sɛ awofo susuw ho sɛ ebia wɔn mma no fata hokwan yi ankasa anaa. Mpanyimfo no mu baanu betumi ne abusua ti no asusuw ɛho nsɛm nyinaa ho, ahwɛ sɛ ebia wobetumi abu abofra no sɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu anaa.—om-Tw nkrat. 99-100.
10 Adawurubɔfo bi wɔ mo asafo no asasesin mu a wonnya ayeyi afɔre a yɛbɔ Yehowa no mu kyɛfa bio? (Heb. 13:15) Ebetumi aba sɛ abasamtu anaa asetra mu dadwen na abunkam ebinom a wɔayɛ mmerɛw so, ɛwom sɛ wɔkɔ so bata Bible no abrabɔ ho gyinapɛn ho de. Sɛ mpanyimfo no biako fi ayamye mu kɔsra wɔn a, ebetumi aka wɔn ma wɔafi ase ne asafo no abɔ daa, na bere a ɛsɛ mu no, wɔafi ɔsom adwuma no ase bio.
11 Obiara a Ɔfata Betumi Ayɛ Adwuma a Ɛyɛ Anigye Yi Bi: Ɛyɛ den ma mo a moyɛ mmofra anaa mmerante ne mmabaa no bi sɛ mobɛyɛ afie afie som adwuma no? Na mo a moyɛ afoforo a munni osuahu pii wɔ asɛnka adwuma no mu nso ɛ? Mubehu sɛ Ahenni Asɛm dwumadi titiriw yi bɛyɛ anigye paa! Nea ɛho hia ara ne asɛm a wɔka kyerɛ tiawa.
Wubetumi aka biribi te sɛ eyi:
◼ “Ɔsram yi, yɛrekyekyɛ asɛm a ɛho hia bi wɔ nsase 232 so wɔ wiase nyinaa. Asɛm no ho hia efisɛ ɛma yenya ntease a emu yɛ den a yebegyina so agye adi sɛ nsɛnnennen a yehyia no nnɛ no ano aduru wɔ hɔ. Yɛbɛpɛ sɛ wunya w’ankasa wo de.”
Anaasɛ wubetumi asɔ eyi ahwɛ:
◼ “Nnipa bɛyɛ ɔpepem anum atu wɔn ho ama rekyekyɛ asɛm a ɛho hia bi a ɛwɔ kasa horow pii mu ɔsram yi. Wɔayɛ ama nnipa a wɔpɛ sɛ nsɛnnennen a yɛn nyinaa hyia nnɛ no to twa. W’ankasa wo de ni.”
Ebia w’ani begye ɔkwan tiawa yi ho:
◼ “Yɛrehyɛ obiara nkuran ma wakenkan saa asɛm a ɛho hia yi [kenkan Ahenni Asɛm no asɛmti]. Hyɛ nea ɛka wɔ kratafa 2 yi a ɛfa ɔhaw ahorow a ɛredɔɔso ho no nsow . . . [kenkan Ahenni Asɛm no mu asɛm bi a woapaw]. Yegye di sɛ w’ani begye ho sɛ wobɛkenkan asɛm a aba wɔ ne bere mu yi mu nsɛm a aka no. Wo de ni.”
12 Kyerɛ obiara a ogye Ahenni Asɛm no bi ho anigye ankasa. Kasa bɔkɔɔ na ma emu nna hɔ; ɛho nhia sɛ wode ahopere bɛka w’asɛm no. Yɛpɛ sɛ yɛyɛ yɛn asasesin no mu adwuma fefeefe, na yɛhwɛ ma wɔn a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛkenkan Ahenni Asɛm no nyinaa nya wɔn ankasa de. Sɛ woanto obiara wɔ fie a, tɔ wo bo ase kyerɛw wɔ w’afie afie kyerɛwtohɔ no so sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi asan akɔ hɔ bere a ɛfata mu de Ahenni Asɛm no bi akɔma ofiewura no. Sɛ yɛreyɛ mmɔnten so adansedi a, yebetumi de Ahenni Asɛm yi ama ankorankoro a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛkenkan no. Ɛnsɛ sɛ yɛkyekyɛ ma obiara kɛkɛ, te sɛ amanneɛbɔ kratasin bi. Mmom no, kɔ wɔn a wɔretwam no nkyɛn, na kyerɛ asɛm a wode rema wɔn no so mfaso. Fa Ahenni Asɛm no di dwuma wɔ bɔnnɔ so adansedi mu te sɛ bere a woretu kwan, anaa bere a woredi mfɛfo adwumayɛfo adanse bere a morekodidi awia bere no. Wɔn a wɔaka dan mu anaasɛ wontumi nyɛ hwee no betumi de bi ama wɔn a wɔbɛsra wɔn, nnuruyɛfo ne ayarehwɛfo, adetɔnfo, ne afoforo a wɔba wɔn afie no.
13 Sankɔhwɛ ahe na wobɛyɛ wɔ ɔsatu no mu? Akyinnye biara nni ho sɛ wobɛyɛ pii, efisɛ ɛsɛ sɛ yɛsan kɔsra wɔn a wɔkyerɛ Ahenni Asɛm no ho anigye nyinaa. Wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu no, nea eye sen biara ne sɛ wode Ahenni Asɛm no nkutoo bɛma. Afei, sɛ wosan kɔ hɔ a, ka sɛnea Ahenni Asɛm no mu asɛm no aba wɔ ne bere mu no ho asɛm kakra. Sɛ ofiewura no kyerɛ n’adwene wɔ nea wakenkan no ho a, yɛ aso tie no yiye. Nsɛm a ɔka no bɛboa wo ma woahu nsɛmma nhoma a aba foforo a ɛsɛ sɛ wode ma no, ne ebia ahosiesie a ɛsɛ sɛ woyɛ ma nkɔmmɔbɔ a ebedidi so no. Sɛ ɔkyerɛ anigye wɔ sankɔhwɛ no mu a, bɔ mmɔden sɛ wubefi Bible adesua ase.—1 Kor. 3:6, 7.
14 ‘Wo Brɛ Nyɛ Ɔkwa’: Adwuma yi nyinaa so bɛba mfaso? Paulo maa Korintofo no awerɛhyem sɛ: “Mo brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu.” (1 Kor. 15:58) Wɔ mfe a atwam mu no, mmɔden a yɛabɔ sɛ yɛbɛkyekyɛ Ahenni Asɛm ahorow no asow aba kɛse. Awarefo bi a na wɔretu akɔ fie bi a obiara nte mu mu huu Ahenni Asɛm dedaw bi wɔ adaka bi mu. Ɛno nkutoo ne ade a na aka wɔ ofie mũ no nyinaa mu. Bere a wɔkenkan wiei no, wokohuu ɛhɔ asafo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔne wɔn mmɛyɛ Bible adesua. Wofii ase kɔɔ nhyiam horow no nyinaa, na akyiri yi, wɔkae sɛ wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu. Ebia biako a wubegyaw no de mfaso a ɛte saa ara bɛba!—Hwɛ November 8, 1976 Engiresi Nyan!, kratafa 15 nso.
15 Yɛwɔ adwuma kɛse da yɛn anim. Yɛn botae ne sɛ asafo biara bɛyɛ n’asasesin nyinaa mu adwuma ansa na May 14 adu anaasɛ, sɛ ɛho hia sɛ wɔde bere a wɔde bɛkyekyɛ Ahenni Asɛm no bi ka ho a, ansa na ɔsram no aba n’awiei. Yɛde bi remena mo sɛnea ɛbɛyɛ a daa kwampaefo ne ɔkwampaefo boafo biara benya Ahenni Asɛm no 250. Asafo mu ɔdawurubɔfo biara benya 50. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo ne akwampaefo gye dodow a wobetumi akyekyɛ nkutoo, na ɛsɛ sɛ wɔde nea ɛbɛka biara san ba ma afoforo de yɛ adwuma. Sɛ wɔboa kɛse wɔ saa kwan yi so a, ɛbɛma yɛakyekyɛ asɛm a ɛho hia yi pii sɛnea yebetumi biara. Sɛ ɛba sɛ esiane sɛ asafo ahorow bi asasesin a ɛhyɛ wɔn nsa no sõ nti, ebedu May mfinimfini no na wɔnyɛɛ wɔn asasesin nyinaa mu adwuma a, ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wɔbɛto nsa afrɛ asafo a ɛbɛn hɔ ma wɔabɛboa. Wɔ asafo afoforo mu no, sɛ adawurubɔfo bɛyɛ akwampaefo aboafo anaa wɔyɛ ɔsom adwuma no pii de nya kyɛfa kɛse a, wɔn ankasa betumi adi ahiade no ho dwuma.
16 Sɛ yebetumi ayɛ yɛn adwuma no a, ɛho behia sɛ yefi yɛn kra nyinaa mu som Yehowa. (Kol. 3:23) Nkwa ho asɛm wom. Nnipa ntumi mmu wɔn ani ngu nea nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ kyerɛ no so. Ɛbere no resa ntɛmntɛm. Ɛsɛ sɛ wohu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wiase haw ahorow no ano aduru nni onipa nsam. Ɛwɔ Onyankopɔn nsam. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Onyankopɔn nhyira no yɛ ade prɛko ma ɛne n’ahwehwɛde ahorow hyia, a wɔntwentwɛn wɔn nan ase.
17 Sɛ dwumadi titiriw no ba awiei May 14 a, yɛbɛgow yɛn nsam anaa? Dabida! Yɛbɛkɔ so ayɛ pii ma ɛne Paulo afotu a efi honhom mu no ahyia.