“Mfirihyia Apem Foforo No—Dɛn na Wubenya Daakye?”
1 Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa susuw saa asɛmmisa no ho. Ɛwom sɛ adesamma atumi ayɛ nneɛma pii wɔ mfehaha pii a atwam no mu de, nanso esiane sɛ ɔhaw atitiriw a adesamma ahyia mfe mpempem pii no da so ara wɔ hɔ nti, nkurɔfo ahaw. (Hiob 14:1; Dw. 90:10) Ɛhe na adesamma betumi anya ahotɔ?
2 Wɔ October ne November asram mu no, yebenya hokwan soronko de ama yɛn mpɔtamfo anya asɛmmisa no ho mmuae. Ɔkwan bɛn so? Denam Ahenni Asɛm a Ɛto so 36 a yɛbɛkyekyɛ no so. Wɔato din sɛ “Mfirihyia Apem Foforo No—Dɛn na Wubenya Daakye?” Yɛde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no bɛma wɔ adapɛn abien a edi kan wɔ October mu no mu. Afei efi Dwoda, October 16, kosi Fida November 17 no, yɛde nnamyɛ bɛkyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 36 no. Wɔ ɔsatu yi mu no, yɛde yɛn adwene besi Ahenni Asɛm a Ɛto so 36 no kyekyɛ so fi Dwoda akosi Fida. Wɔ adapɛn awiei no, yɛde ɛne nsɛmma nhoma a aba foforo bɛma.
3 So Wubenya Mu Kyɛfa Kɛse? Mpanyimfo, asafo mu asomfo, ne akwampaefo bɛpɛ sɛ wodi anim wɔ ɔsatu yi mu efisɛ wɔn na wodi adwuma no anim. Adawurubɔfo pii ayɛ nsakrae na ama wɔatumi ayɛ akwampaefo aboafo wɔ asram a yɛbɛkyekyɛ no biako anaa abien no nyinaa mu. Afoforo yɛ nhyehyɛe de bere pii kɔ asɛnka sen sɛnea wɔtaa yɛ no.
4 Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo betumi ahyɛ wɔn kuw muni biara nkuran ma wanya Ahenni Asɛm a Ɛto so 36 no kyekyɛ mu kyɛfa kɛse. Ebia mowɔ adawurubɔfo bi a wɔagyae asɛnkakɔ. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kɔsra wɔn na ama wɔahu nea wobetumi ayɛ de aboa wɔn. Ebia wobetumi ayɛ nhyehyɛe ma ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw ne obi a wagyae asɛnkakɔ akɔ asɛnka anantew wɔ asram yi mu. Nea ebia ebehia ara ne ɔkwantiaa a wɔfa so de Ahenni Asɛm a Ɛto so 36 no ma na ama adawurubɔfo yi asan afi ase akɔ asɛnka.
5 Eyi nso bɛyɛ hokwan fɛfɛ ama Bible asuafo a wɔasua Nimdeɛ nhoma no adu akyiri a wɔfata sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu no afi asɛnka ase. Mmofra mpo betumi anya adwuma a ɛyɛ anigye yi mu kyɛfa.
6 Nea ehia ara ne asɛntiaa bi a wobɛka. Wubetumi aka sɛ:
◼ “Mede me bere reboa ma wɔde asɛm a ɛho hia paa yi ama abusua biara wɔ [kurow no din] ha. Wo de ni. Mesrɛ wo ɛyɛ a kenkan.” Enhia sɛ wofa adansedi bag bere a worekyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 36 no.
7 Asɛnka Nhyiam a Wɔyɛ Ho Nhyehyɛe Yiye: Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hwɛ hu sɛ adansedi nhyehyɛe no yɛ nea ɛfata. Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo titiriw hwɛ hu sɛ wɔwɔ asasesin a wɔbɛyɛ afie afie adwuma wom ne nea nnwuma pii wom na obiara atumi anya adwuma yi mu kyɛfa kɛse. Baabiara a ɛbɛyɛ yiye no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɛnka nhyiam anɔpa biara ne anwummere anwummere. Wobetumi ayɛ nhyehyɛe nso ahyiam anadwofa na ama sukuufo, adwumayɛfo ne afoforo anya mu kyɛfa.
8 Na Wɔn a Yɛnto Wɔn Wɔ Fie no Nso Ɛ?: Yɛn botae ne sɛ yɛne afiewuranom pii bɛkasa sɛnea yebetumi. Sɛ woanto obiara wɔ fie a, fa ofie no nɔma na woakɔ hɔ bere foforo. Sɛ ebedu ɔsatu no dapɛn a etwa to no na wontoo afiewuranom yi a, wubetumi de Ahenni Asɛm a Ɛto so 36 no biako ahyɛ baabi a wɔn a wotwam wɔ hɔ no renhu. Mpanyimfo no betumi ama asafo no agyaw Ahenni Asɛm a Ɛto so 36 no biako wɔ afie a wɔanto obiara wom no mu wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu bere a woreyɛ adwuma wɔ nkuraa ne mmeae a wɔwɔ nsasesin pii sen sɛnea wobetumi awie mu adwuma wɔ ɔsatu no mu no.
9 Momma Yɛnyɛ Pii!: Ɛsɛ sɛ asafo biara bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn asasesin mu adwuma awie ansa na ɔsatu no aba awiei November 17. Sɛ mo asasesin so paa a, ɔdawurubɔfo bi nkutoo betumi ayɛ adwuma wɔ baabi a wobetumi ayɛ saa a asiane nnim. Nhyehyɛe yi bɛma ayɛ mmerɛw ma moakɔ nnipa pii a wɔfata nkyɛn sɛnea mubetumi. Monhwɛ nhu sɛ mobɛyɛ anigyefo a munyaa wɔn nyinaa no ho kyerɛwtohɔ pa. Mubetumi de osuahu ahorow a ɛyɛ anigye afa mo mpanyimfo so abrɛ Asafo ti no.
10 Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no di kan hu nsɛmma nhoma dodow a wobehia aka nea wɔn asafo gye no ho na wɔkra. Enhia sɛ mokra Ahenni Asɛm a Ɛto so 36 no, efisɛ wɔde bi bɛbrɛ asafo biara. Ɔkwampaefo titiriw, daa kwampaefo ne akwampaefo boafo biara benya 200 akyekyɛ, na wɔde 40 bɛma asafo mu ɔdawurubɔfo biara. So woayɛ krado na wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛyɛ pii wɔ adwuma titiriw yi mu? Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛbɛma yɛn mpɔtamfo nyinaa ahu nea Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɛbɛba nnansa yi ara no!