Monkyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no Kɛse
1 October ne November bɛyɛ asram a adagyew nnim ama yɛn nyinaa. Wɔ October nnafua 11 a edi kan no mu no, yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Afei, efi Kwasida, October 12, kosi Kwasida, November 16 no, yɛde yɛn ho bɛhyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no a wɔbɛkyekyɛ wɔ wiase nyinaa no mu. Ɛbɛyɛ hokwan sɛ yɛde asɛm a ɛho hia bi bɛkɔ akɔma nkurɔfo a wɔte yɛn mpɔtam nyinaa. Ɛyɛ asɛmmisa, “So Nnipa Nyinaa Bɛdodɔ Wɔn Ho Da Bi?” no ho mmuae. Wɔ saa ɔsatu soronko yi mu no, yɛbɛkyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no wɔ nna hunu mu. Wɔ adapɛn awiei no, sɛ Ahenni Asɛm a yɛde bɛma no da nkyɛn a, yɛbɛma wɔakra nsɛmma nhoma.
2 Henanom na Wobetumi Anya Mu Kyɛfa? Sɛnea ɛte daa no, mpanyimfo no na wobedi adwuma no anim. Obiara ani gye ho sɛ ɔbɛkyekyɛ Ahenni Asɛm no, na akyinnye biara nni ho sɛ, adawurubɔfo pii bɛsom sɛ akwampaefo aboafo wɔ asram a yɛde bɛyɛ ɔsatu no biako anaa n’abien nyinaa mu. Adawurubɔfo foforo bɛpɛ sɛ wɔde bere pii yɛ ɔsom adwuma no sen sɛnea wɔyɛ daa no.
3 Wowɔ Bible suani bi a wakɔ anim wɔ n’adesua wɔ Nimdeɛ nhoma mu no mu, a ɛnkyɛ ɔbɛfata ama asɛnka anaa? Ebia obetumi abɛyɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu ntɛm na ama ɔde ne ho ahyɛ Ahenni Asɛm ho ɔsatu no mu. Asɛm a wɔka kyerɛ tiawa bi kɛkɛ na ehia na yɛde kratawa no ama. Sɛ nhwɛso no, obi betumi aka sɛ: “Saa asɛm yi ho hia araa ma yɛrekyekyɛ wɔ wiase nyinaa saa ɔsram yi wɔ kasa ahorow 169 mu. Mɛpɛ sɛ w’ankasa wunya wo de.” Mmofra nkumaa mpo betumi anya adwuma a ɛyɛ anigye yi mu kyɛfa pii.
4 Ɛsɛ sɛ nhoma adesua so ahwɛfo hyɛ wɔn kuw no muni biara nkuran ma onya Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no kyekyɛ mu kyɛfa kosi ase. Ebetumi aba sɛ adawurubɔfo bi nso wɔ hɔ a wɔayɛ mmerɛw nanso sɛ wonya nkuranhyɛ a ehia a, wɔbɛsan ayɛ nnam wɔ asɛnka mu. Ansa na ɔsatu no bɛba so no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no kɔsra eyinom mu biara hwɛ nea wobetumi ayɛ aboa wɔn ma wɔaka adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw ho wɔ ɔsom adwuma no fã yi mu.
5 Bere Bɛn na Yebetumi Ahyia Akɔ Asɛnka? Saa dwumadi yi nyinaa bɛhwehwɛ kuw adansedi nhyehyɛe a eye na mfaso wɔ so. Baabi a ɛbɛyɛ yiye biara no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe ma asɛnka nhyiam da hunu biara, adapɛn awiei, ne anwummere anwummere. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ no mmere a ɛbɛma adawurubɔfo ne akwampaefo de adansedi bere no adi dwuma akosi ase. Wobetumi ayɛ nhyehyɛe nso ahyia bere a onwini redwo na aboa sukuufo, adwumayɛfo a wɔn bere sesasesa, ne afoforo. Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no hwɛ hu sɛ afie ne nnwuma pii wɔ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a obiara betumi anya adwuma no mu kyɛfa akosi ase. Baabi a adawurubɔfo dɔɔso no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ anifere wɔ dodow a wɔbɛyɛ asasesin pɔtee bi mu adwuma no ho.
6 Wɔn a Wonni Fie no Nso Ɛ? Yɛpɛ sɛ yɛne afiewuranom dodow biara a yebetumi kasa mmiako mmiako, na yɛkyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ wɔkenkan Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no mu kyerɛ wɔn. Enti sɛ wokɔ ofie bi mu na sɛ obiara nni hɔ a, kyerɛw address no, na san kɔ hɔ da no ara bere foforo. Sɛ ebedu ɔsatu no dapɛn a etwa to no, na entumi nyɛɛ yiye ara sɛ wubenya saa afiewuranom yi a, wubetumi agyaw Ahenni Asɛm no bi ato wɔn pon ano wɔ baabi a wɔn a wɔretwam renhu. Wɔ mmeae a nnipa pii te no, fa anidahɔ fa Ahenni Asɛm no ma nnipa a ebia wɔnam mmɔnten so no. Sɛ woreyɛ adwuma wɔ mmeae a atew ne ho ne mmeae a nsasesin pii wɔ hɔ sen nea mubetumi ayɛ mu adwuma wɔ ɔsatu no mu a, wubetumi agyaw Ahenni Asɛm no bi ato wɔn a wonni fie no apon ano bere a edi kan a wokɔ hɔ no.
7 Dɛn Ne Yɛn Botae? Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no bɔ mmɔden sɛ wɔde Ahenni Asɛm a wɔwɔ no nyinaa bedi dwuma wɔ wɔn asasesin no nyinaa mu ansa na ɔsatu no aba awiei wɔ November 16. Sɛ mo asafo no asasesin no sõ paa na ahobammɔ wom sɛ wo nkutoo bɛyɛ adwuma sen sɛ wo ne ɔhokafo bi bɛyɛ a, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛyɛ saa. Eyi bɛma wode asɛmpa no adu nnipa a wɔfata no dodow biara a wubetumi hɔ. (Mat. 10:11) Ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wobɛfa nkratawa kakra akura na wode Bible ahyɛ wo bɔtɔ anaa sika kotoku mu sen sɛ wode bag bedi dwuma. Hwɛ hu sɛ wobɛyɛ anigyefo a wunyae ho kyerɛwtohɔ pa.
8 Woayɛ Ahoboa sɛ Wubefi Ase? Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no di kan hu nsɛmma nhoma dodow a asafo no behia aka ho na wɔkra no sɛnea ɛfata. Ɛho nhia sɛ mokra Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no bi, efisɛ wɔde bi remena asafo biara. Ɔkwampaefo titiriw, daa kwampaefo, ne ɔkwampaefo boafo biara benya mfuamfua 200 akyekyɛ, bere a asafo mu dawurubɔfo biara benya mfuamfua 30. Wɔama yɛn mu biara ahu n’adwuma. So wo ho pere wo sɛ wubenya adwuma a ɛyɛ anigye yi mu kyɛfa? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛte saa. Momma yɛnkyekyɛ asɛm a ɛho hia a egyina Bible so a ɛwɔ Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 mu no kɛse nsen bere biara!