Kratawa Ho Ɔsatu Titiriw a Efi Ase October 20 Kosi November 16!
1 Efi Dwoda, October 20, kosi November 16 no, yɛbɛyɛ ɔsatu titiriw bi de akyekyɛ kratawa foforo a wɔato din, So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? Yɛwɔ anidaso sɛ ɔsatu titiriw yi a yɛbɛyɛ wɔ wiase nyinaa no bɛkanyan nnipa pii ma wɔakyerɛ nokware fibea koro pɛ no ho anigye.—Yoh. 17:17.
2 Kratawa no de nsɛmmisa asia a ɛho hia a edidi so yi ho mmuae tiawa a egyina Bible so ma: “So Onyankopɔn dwen yɛn ho ampa?” “So akodi ne amanehunu to betwa da bi?” “Sɛ yewu a, ɛhe na yɛkɔ?” “So anidaso bi wɔ hɔ ma awufo?” “Mɛyɛ dɛn abɔ mpae ama Onyankopɔn atie?” ne “Mɛyɛ dɛn anya anigye wɔ asetra mu?” Kristoman asɔre ahorow no ntumi maa nsɛmmisa yi ho mmuae a ɛtɔ asom da. Nnipa pii a wɔnyɛ Kristofo no mpo asusuw nsɛmmisa yi ho, nanso ebia na wonnim sɛ wobetumi anya mmuae a emu da hɔ wɔ Bible mu. Enti, yɛhwɛ kwan sɛ nkurɔfo pii ani begye nkrasɛm yi ho.
3 Yɛ W’asasesin mu Adwuma Yiye: Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ asasesin a woyɛ afie afie asɛnka adwuma wom no mu adwuma yiye. Sɛ wowɔ asasesin a ɛso a, mpanyimfo no bɛhyɛ wo nkuran ma woagyaw kratawa no bi wɔ afie a woanto obiara wɔ hɔ wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu no. Kae sɛ wobɛma w’afipamfo, abusuafo, wɔn a wo ne wɔn yɛ adwuma, wo mfɛfo sukuufo, ne afoforo a wo ne wɔn kasa daa no bi. Wubetumi ayɛ nhyehyɛe na woayɛ akwampaefo boafo wɔ October anaa November mu. So wowɔ abofra anaa Bible suani a ɔrenya nkɔso wɔ nokware no mu a ɔfata sɛ ɔde ne ho hyɛ ɔsatu titiriw yi mu sɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu? Sɛ ɛte saa a, ka kyerɛ mpanyimfo no.
4 Nea Wobɛka: Nea ɛbɛyɛ na woatumi ama nkurɔfo pii bi no, nkasa pii. Bisa ofiewura biara nsɛmmisa asia a ɛwɔ kratawa no akyi no mu biako na fa mmuae a ɛwɔ kratawa no mu kyerɛ no. Eyi bɛma adawurubɔfo nyinaa apaw nsɛm a ɛfata ama wɔn asasesin no. Sɛ obi kyerɛ ho anigye a, yɛ ho kyerɛwtohɔ na san kɔ bio. Yɛde nsɛmma nhoma foforo a aba bɛka kratawa no ho ama wɔ adapɛn awiei. Sɛ yewie ɔsatu no November 16 a, yɛde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no bɛma. Yɛde kratawa no biara a ɛbɛka no bedi dwuma sɛnea yɛde nkratawa afoforo no di dwuma no ara pɛ.
5 Fi Bible Adesua Ase: Wɔahyɛ da ayɛ kratawa yi na aboa yɛn ma yɛatumi afi Bible adesua ase. Sɛ wosan kɔsra obi a ɔkyerɛɛ asɛm no ho anigye a, wubetumi abisa no sɛ Bible mu nokware a ɛwɔ kratawa no mu bɛn na ɛkyekyee ne werɛ anaa ɛmaa no akomatɔyam? Fa Bible adesua ho nhyehyɛe a wɔayɛ wɔ kratawa no akyi no kyerɛ no, na ma no Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no biako. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wo ne no nsusuw ti a ɛka asɛm a n’ani gyee ho no ho asɛm kɔ akyiri no nkyekyɛm biako anaa abien ho tiawa.
6 Yehowa rehwehwɛ wɔn a wɔbɛsom “no honhom ne nokware mu.” (Yoh. 4:23) Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa benya ɔsatu titiriw yi mu kyɛfa, na yɛaboa afoforo ma wɔabehu nokware no!