Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/97 kr. 1
  • Ɔpon Kɛse a Adwuma Wom No Abue

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔpon Kɛse a Adwuma Wom No Abue
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwan a Yɛfa So Ka Asɛmpa No
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Hwehwɛ Nkurɔfo na Ka Asɛm no Kyerɛ Wɔn
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Akwan a Wobɛfa So Atrɛw Wo Som Adwuma Mu
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Asɛmpa A Wobɛka Akyerɛ—Nnipa A Ɛsono Wɔn Kasa
    Yɛn Ahenni Som—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1997
km 11/97 kr. 1

Ɔpon Kɛse a Adwuma Wom No Abue

1 Sɛ́ ɔsɛmpakafo a ɔyɛ nnam no, Paulo de ntɛmpɛ hwehwɛɛ nsasesin a na ehia mmoa kɛse, a na emu biako ne Efeso kurow no. Asɛnka adwuma a ɔyɛe wɔ hɔ no sow aba araa ma ɔkyerɛw mfɛfo Kristofo sɛ: “Wɔabue ɔpon kɛse a emu adwumayɛ bɛsow aba ama me.” (1 Kor. 16:9) Paulo kɔɔ so som wɔ saa asasesin no mu, na ɔboaa Efesofo pii ma wɔbɛyɛɛ gyidifo.—Aso. 19:1-20, 26.

2 Ɛnnɛ, wɔabue ɔpon kɛse a adwuma wom ama yɛn. Wɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmoa asafo horow a wontumi nyɛ wɔn asasesin nyinaa mu adwuma fefeefe afe biara no. Saayɛ mu no, yɛn mmɔdenbɔ no betumi adi mmoa a ɛho hia wɔ mmeae bi no ho dwuma.—Fa toto 2 Korintofo 8:13-15 ho.

3 Wubetumi Asom Wɔ Baabi a Mmoa Ho Hia Kɛse? Wode mpaebɔ asusuw som a wubetumi asom wɔ baabi foforo no ho? Wubetumi aboa asafo bi wɔ kurow a wote mu no mu anaa wo mpɔtam hɔ pɛɛ. Adɛn nti na wo ne ɔmansin sohwɛfo mmɔ ho nkɔmmɔ ntie nyansahyɛ a ɔde bɛma? Ebetumi aba nso sɛ nnipa a wɔatew wɔn ho anaa wɔn a wɔka kasa foforo dɔɔso wɔ w’asafo no asasesin mu a obiara ntumi mmoaa wɔn. Sɛnea ɛbɛyɛ na woatumi adi saa ahiade yi ho dwuma no, so wubetumi amia w’ani ayɛ hɔ adwuma anaa woasua wɔn kasa no? Afei nso, ebia kuw anaa asafo bi a wɔka kasa foforo bɛn hɔ a ‘wɔresrɛ Owura no sɛ ɔmfa Ahenni adwumayɛfo pii mmra.’ (Mat. 9:37, 38) Sɛ saa a, wubetumi aboa anaa?

4 Mfe kakra a atwam no, Kristofo mmusua mpempem pii atu akɔtra aman foforo so akɔyɛ otwa adwuma no kɛse wɔ hɔ. Awarefo bi a wɔyɛɛ saa kae sɛ: “Ná yɛpɛ sɛ yɛsom Yehowa wɔ baabi a yɛn so bɛba mfaso kɛse.” Sɛ wowɔ ɔpɛ saa na sɛ wubetumi atu akɔtra baabi foforo wɔ ɔman yi mu anaasɛ wofata sɛ wosom wɔ ɔman foforo mu a, di kan ne w’asafo mu mpanyimfo nsusuw sɛnea woayɛ w’adwene no ho.

5 Sɛ wopɛ sɛ wubisa Asafo ti no baabi a mmoa ho hia a, kyerɛw krataa kyerɛ nea wopɛ sɛ woyɛ pɔtee na fa ma Asafo Ɔsom Boayikuw no. Wɔbɛkyerɛw wɔn nsɛm aka ho de akɔma Asafo ti no. Sɛnea ɛte biara no, bere tenten a ɔpon kɛse a adwuma wom no mu ntoe no, ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ so ayɛ pii wɔ Yehowa som adwuma mu.—1 Kor. 15:58.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena