Monkɔ Anuanom Ahokafo a Wɔnyɛ Adansefo Nkyɛn
1 Sɛ aware mu ahokafo ka bom wɔ nokware som mu a, ɛyɛ anigyesɛm kɛse. Nanso, wɔ mmusua pii mu no, aware mu ahokafo no mu biako pɛ na agye nokware kwan no atom. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ ahokafo a wɔnyɛ Adansefo no nkyɛn akɔhyɛ wɔn nkuran ma wɔne yɛn abɛsom Yehowa?—1 Tim. 2:1-4.
2 Te Wɔn Nsusuwii Ase: Ɛwom sɛ ahokafo a wɔnyɛ Adansefo no bi sɔre tia de, nanso mpɛn pii no, anibiannaso anaa nsɛm ho ntease a wonni ne asɛm no. Ebia obi bɛte nka sɛ ne hokafo abu n’ani agu ne so anaa ɔbɛtwe honhom fam nneɛma ho anigye foforo a ne hokafo anya no ho ninkunu. Okunu bi kae sɛ: “Sɛ ɛka me nkutoo wɔ fie a, na mete nka sɛ wɔagyaw me.” Ɔfoforo ka sɛ: “Metee nka te sɛ nea me yere ne me mma no regyaw me hɔ no.” Ebia mmarima bi besusuw sɛ ɔsom bi regye wɔn abusua afi wɔn nsam. (Hwɛ August 15, 1990, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 20-3.) Ɛno nti na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, eye sɛ wɔde okunu no bɛka ne yere ho wɔ ofie Bible adesua nhyehyɛe no ho fi mfiase no.
3 Monyɛ Adwuma Mmom sɛ Kuw: Adansefo awarefo bi boom yɛɛ adwuma boaa awarefo ma wɔbaa nokware no mu. Sɛ onuawa no ne ɔyere no hyehyɛ adesua a, onua no kɔsra ne kunu no. Mpɛn pii no, na otumi ne okunu no fi adesua ase.
4 Nya Adamfofa Su na Yi Ahɔhoyɛ Su Adi: Mmusua a wɔwɔ asafo no mu betumi aboa denam mmusua a wonnya nyɛɛ biako wɔ nokware som mu a wɔbɛkyerɛ wɔn ho anigye so. Sɛ wɔfa ɔhokafo a ɔnyɛ Ɔdansefo no adamfo srasra no nkakrankakra a, ɛbɛboa no ma wahu sɛ Yehowa Adansefo yɛ Kristofo a wɔpɛ nnipa, na wodwen afoforo ho a wosusuw obiara yiyedi ho.
5 Bere ne bere mu no, mpanyimfo no betumi asusuw mmɔden a wɔrebɔ mprempren sɛ wɔbɛkɔ ahokafo a wɔnyɛ Adansefo no nkyɛn ho, na wɔahwɛ ade foforo a wobetumi ayɛ de anya wɔn aba Yehowa afã.—1 Pet. 3:1, NW ase hɔ asɛm.