Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/95 kr. 8
  • San Kɔhwehwɛ Anigyefo Nyinaa Fa Boa Afoforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • San Kɔhwehwɛ Anigyefo Nyinaa Fa Boa Afoforo
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • San Kɔ Anigyefo a Wunyaa Wɔn no Nkyɛn
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Boa Afoforo Ma Ɛnyɛ Mfaso Mma Wɔn
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Tra Ase Daa Nhoma no a Yɛde Bedi Dwuma wɔ Sankɔhwɛ Mu
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Fi Ɔdɔ Mu Boa Wɔn a Wɔkyerɛ Anigye
    Yɛn Ahenni Som—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 9/95 kr. 8

San Kɔhwehwɛ Anigyefo Nyinaa Fa Boa Afoforo

1 Dɛn ne ade titiriw a ɛboa yɛn ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛsan kɔsra obi anaasɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa? Anigye! Bere biara a obi bɛkyerɛ Ahenni asɛm no ho anigye ketewaa bi mpo no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de boa onii ko no. Enti atirimpɔw nti a yɛyɛ sankɔhwɛ ne sɛ yɛbɛkanyan onii no anigye na yɛafi Bible adesua ase. Eyi ne yɛn botae bere a yɛannyaw nhoma mpo no. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi?

2 Sɛ na mo nkɔmmɔbɔ a edi kan no fa sɛnea aware mu haw ahorow abu so nnɛ no ho, na sɛ womaa no “Tra Ase Daa” nhoma no bi a, wubetumi afi wo nkɔmmɔbɔ no ase wɔ saa kwan yi so:

◼ “Nnaano a mebaa ha no, yɛkaa aware ne Bible mu afotu a mfaso wɔ so a ebetumi aboa yɛn ma yɛanya anigye kɛse ho asɛm. Ɛnyɛ nokware sɛ wɔ mmusua a nneɛma kɔ so yiye wom paa mpo mu no, wohyia ɔhaw bere ne bere mu? [Twɛn ma ommua.] Bible no ma yɛn afotu a ɛkyɛn so a ebetumi aboa yɛn ma yɛadi ɔhaw ahorow ho dwuma wɔ abusua mu nkitahodi ahorow mu. Bible a abusua bi bɛbom asua no betumi ama wɔanya nhyira.” Dan kɔ kratafa 246, na munsusuw nkyekyem 23 ho. Kenkan Yohane 17:3, na hyɛ bɔ sɛ wobɛboa abusua no ma wɔafi Bible sua ase wɔ fie.

3 Sɛ mmofra, ne hia a wohia ntetee ho asɛm na mokae a, wubetumi afa saa kwan yi so atoa nkɔmmɔbɔ no so:

◼ “Nnaano yɛkaa honhom mu ntetee a mmofra hia ne sɛnea awofo betumi aboa wɔn ho asɛm. Ɔbra bɔne a mmofra pii bu nnɛ no yɛ awofo a me ne wɔn akasa no fã kɛse no ara ahodwiriw. W’adwene yɛ wo dɛn wɔ . . . ? [Ka mmofra bra bɔne a motaa hu wɔ mo mpɔtam hɔ no ho nhwɛso biako. Twɛn ma ommua.] Ma menkyerɛ wo afotu pa a wɔde ama wɔ Bible mu no bi.” Dan kɔ nkyekyem 22 wɔ Tra Ase Daa nhoma no kratafa 246, munsusuw asɛntitiriw no ho, na monkenkan Efesofo 6:4. Da no adi sɛ mmofra dodow no ara pɛ nteɛso ne akwankyerɛ ankasa. Sɛ awofo bɔ mmɔden de ma a, mmofra no ani gye, na wobu ade kɛse. Kyerɛkyerɛ sɛnea yɛne yɛn mma sua Bible no mu kyerɛ no.

4 Sɛ Paradise asase no na mobɔɔ ho nkɔmmɔ a, ɛnde wubetumi aka eyi de akanyan n’anigye bio:

◼ “Yɛhwɛɛ nhoma yi mu mfonini ahorow bi a ɛkyerɛɛ yɛn sɛnea asase no bɛyɛ bere a Onyankopɔn yɛ no paradise no. Sɛ ɛnyɛ ade a yebetumi ne yɛn adɔfo abom anya mu anigye a, anka ɛso remma yɛn mfaso biara. Wunnye ntom?” Twɛn ma ommua. Afei dan kɔ kratafa 162 wɔ Tra Ase Daa nhoma no mu. Kenkan Adiyisɛm 21:3, 4, na kyerɛ sɛnea yɛn adɔfo betumi ne yɛn atra bere nyinaa no. Sɛ ɔkyerɛ anigye kɛse a, kenkan Yohane 5:28, 29 fa kyerɛ sɛ awufo bɛsan aba nkwa mu. Twe adwene si nhoma no anim asɛmti no so na ka sɛ: “Ɛyɛ asɛm paa ara—yebetumi atra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so!” Yɛ nhyehyɛe ma nsrahwɛ foforo a mode bɛbɔ nea enti a yenim sɛ abɛn no ho nkɔmmɔ.

5 Atirimpɔw titiriw nti a yɛyɛ sankɔhwɛ ne sɛ yɛbɛboa anigyefo ma wɔanya Ahenni asɛm no so mfaso. Nnipa dodow no ara hia biribi a ɛbɛkanyan wɔn ma wɔn kɔn adɔ honhom mu nneɛma. Twe wɔn adwene si nsɛm pɔtee a ɛso wɔ mfaso so wɔ nhoma no mu, na si sɛnea ebetumi aboa wɔn ma wɔate Bible no ase yiye no so dua. Sankɔhwɛ a edi atirimpɔw ahorow yi ho dwuma no bɛboa afoforo ma wɔanya mfaso wɔ ɔkwan a ɛsen biara so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena