Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/95 kr. 8
  • Boa Afoforo Ma Ɛnyɛ Mfaso Mma Wɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Afoforo Ma Ɛnyɛ Mfaso Mma Wɔn
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • San Kɔhwehwɛ Anigyefo Nyinaa Fa Boa Afoforo
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—A Wɔde Live Forever Nhoma Rema
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nhoma a Wɔde ma Wɔ Asɛnka Mu Ho Nyansahyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Live Forever Nhoma So
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 9/95 kr. 8

Boa Afoforo Ma Ɛnyɛ Mfaso Mma Wɔn

1 Yehowa hyɛ bɔ sɛ ɔbɛkyerɛ yɛn nea ehia sɛ yehu. Ɔma yɛn awerɛhyem wɔ Dwom 32:8 sɛ: “Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.” Saa awerɛhyem yi so wɔ mfaso kɛse ma yɛn. Yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ afoforo ɔkwan a wɔbɛfa so anya mfaso afi Bible mu afotu a nyansa wom mu a yɛnyɛ pɛsɛmenkominya. (Yes. 48:17) Wɔ September mu no, yebetumi ayɛ eyi denam Tra Ase Daa nhoma no a yɛde bɛma so. Sɛ yɛde nhoma no rema a, akwan horow wɔ hɔ a yebetumi afa so ada bo a Bible no som ankasa adi.

2 Esiane ɔhaw a abu so wɔ aware mu nnɛ nti, ebia wobɛpaw sɛ wobɛka eyi ho asɛm afi “Tra Ase Daa” nhoma no mu:

◼ “Aware mu anigye a wonnya ne awaregyae a ɛrenya nkɔanim kɛse no haw nnipa dodow no ara a me ne wɔn akasa no yiye. Wudwen saa haw yi ho dɛn? [Ma ommua.] Nnipa pii ntumi nhu nea ɛde ɔhaw no ba. Sɛ awarefo de nokwaredi bɔ mmɔden a, ɛnyɛ sɛ wobetumi abɔ wɔn aware ho ban nko, na mmom wobetumi anya nokware anigye nso. Bible afotu a wɔde bedi dwuma no na ɛbɛma wɔadi nkonim.” Kenkan Efesofo 5:28, 29, 33. Dan kɔ kratafa 243, na munsusuw nkyekyem 16 ne 17 ho, na afei fa nhoma no ma no.

3 Mmofra hia bere pa ne ntetee afi wɔn awofo hɔ. Sɛ wode “Tra Ase Daa” nhoma no rema a, wubetumi aka sɛ:

◼ “Yɛn nyinaa dwen sɛnea ebesi yɛn mmofra yiye daakye no ho. Wususuw sɛ ɔkwan pa a ɛsen biara bɛn na awofo betumi afa so aboa wɔn mma na wɔanya daakye pa? [Ma ommua.] Tie saa afotu yi a efi Bible mmebusɛm a wɔkyerɛw no bɛyɛ mfe 3,000 a atwam ni mu no. [Kenkan Mmebusɛm 22:6.] Ɛwom sɛ yɛn mma betumi anya nkyerɛkyerɛ a wonya wɔ sukuu mu no so mfaso kɛse de, nanso awofo na wɔde wɔn ntetee titiriw a ɛsom bo no ma wɔn wɔ fie. Ɛhwehwɛ sɛ wɔn ani ku wɔn ho na wonya ɔdɔ ma wɔn, nanso mmɔdenbɔ no fata yiye.” Dan kɔ kratafa 245, na munsusuw nkyekyem 20 ne 21 ho, na afei kyerɛkyerɛ sɛnea obetumi de nhoma no ayɛ abusua Bible adesua mu.

4 Ebia wobɛpɛ sɛ wode “Tra Ase Daa” nhoma no ma denam kyerɛ a wobɛkyerɛ sɛnea asase no bɛyɛ paradise no so:

◼ “Migye di sɛ wudwen sɛnea w’asetra bɛyɛ daakye ho. Wɔ Awurade Mpaebɔ no mu no, Yesu kyerɛɛ sɛ yɛmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn pɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ wɔ soro. Sɛ ɛno ba a, dɛn na asase no bɛyɛ? [Ma ommua.] Paradise wiase no ho mfonini bi na mfoniniyɛfo bi ayɛ wɔ ha yi. [Fa mfonini a ɛwɔ nkratafa 12 ne 13 no kyerɛ no. Afei kenkan Yesaia 11:6-9, a ɛwɔ nkyekyem 12 no mu no.] Ɛrenyɛ anigye sɛ wobɛtra wiase a ɛte saa mu? Nhoma yi bɛkyerɛ wo sɛnea wo ne w’abusua betumi atra paradise a ɛte sɛ eyi mu.”

5 Sɛ wubetumi ama wɔatie wo wɔ ɔpon ano a, asɛm a wobɛka akyerɛ a wubedi kan asiesie na ebetumi ama aba saa. Hwɛ hu sɛ ansa na wobɛbɔ pon no, na wowɔ biribi pɔtee a wobɛka afa Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi ho. Afei nso, nya nsɛmma nhoma anaa kratawa a woayɛ w’adwene sɛ, sɛ wannye nhoma no a, wode bɛma no no mu asɛm bi a ɛyɛ anigye wɔ w’adwenem. Fa hokwan biara a wowɔ no gu Ahenni ho nokware aba no wɔ September mu. (Ɔsɛnk. 11:6) Wobɛboa afoforo ma wɔanya mfaso a ɛbɛtra hɔ daa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena