Botae Bɛn na Wode Asisi Wo Mma Ani So?
1 Asetram nkonimdi gyina botae a ɛsom bo a obi de sisi n’ani so na otumi du ho so. Nea ɛto wɔn a wodi botae a ɛho nhia na ntease nnim akyi ne abasamtu ne huammɔdi. Egye nyansa na obi atumi ahu botae horow a ɛsɛ sɛ odi akyi na watumi aso “nokware nkwa no mu.” (1 Tim. 6:19) Hwɛ anisɔ a yɛwɔ sɛ Yehowa nam n’Asɛm ne n’ahyehyɛde so kyerɛ yɛn ɔkwan pɔtee a yɛmfa so!—Yes. 30:21.
2 Yehowa nam akwankyerɛ a ɔdɔ wom a ɛte saa a ɔde ma no so yɛ nhwɛso fɛfɛ ma awofo. Sɛ anka awofo a wonim nyansa begyaw wɔn mma a wonni osuahu no ma wɔn ankasa apaw ɔkwan a eye ma wɔn no, wɔtete wɔn wɔ ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so mu, na sɛ wonyinyin a, ‘wɔremfi ho.’ (Mmeb. 22:6) Awofo Kristofo nam osuahu so nim sɛ wontumi mfa wɔn ho nto wɔn ankasa nsusuwii so; ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho to Yehowa so. (Mmeb. 3:5, 6) Mmofra, a wonni nimdeɛ ne osuahu kɛse, mpo na wohia eyi kɛse.
3 Awofo betumi de botae pa a ɛbɛboa wɔn mma ma wɔde wɔn ani asi “nneɛma a eye koraa” no so asisi wɔn anim. (Fil. 1:10) Wobetumi de abusua adesua afi ase, na wɔahyɛ mmofra no nkuran ma wɔahu sɛnea ɛho hia na wɔasua biribi afi mu. Ɛyɛ papa sɛ mmofra de bɛyɛ wɔn su sɛ wobedi kan asua nea wobesusuw ho wɔ asafo nhyiam horow ase no na wosiesie wɔn ho sɛ wɔde wɔn ankasa nsɛm bɛma mmuae. Asɛnka adwuma no mu kyɛfa a wobenya daa no ho hia. Mmofra nketewa betumi anya mu kyɛfa denam nkratawa a wɔbɛkyekyɛ, kyerɛw nsɛm a wɔbɛkenkan, anaa nsɛmma nhoma a wɔde bɛma so. Sɛ wohu akenkan a, Teokrase Ɔsom Sukuu no a wɔde wɔn ho bɛhyem no betumi ama wɔanya honhom mu nkɔso ntɛmntɛm. Fata a wɔbɛfata sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu anaa pene a wɔbɛpene wɔn so ma wɔabɔ wɔn asu no yɛ nkɔanim titiriw.
4 Bere a mmofra bɛn mpanyin afe so anaa wosusua sen saa mpo no, ɛsɛ sɛ wɔn awofo ne wɔn susuw adwuma ho botae ahorow ho ankasa. Ɛnyɛ den sɛ sukuu afotufo ne wɔn mfɛfo sukuufo bɛkɛntɛn wɔn so ma wɔadi wiase no honam fam nneɛma akyi. Ɛsɛ sɛ awofo boa wɔn mma ma wɔpaw sukuu adesua a ɛbɛma wɔn ntetee a mfaso wɔ so, na ama wɔanya nea wɔde bedi wɔn honam fam ahiade ho dwuma bere a wɔmfa Ahenni nneɛma mmɔ afɔre. (1 Tim. 6:6-10) Wobetumi ahyɛ wɔn nkuran ma wɔde sigyadi ‘akyɛde’ no adi dwuma, na sɛ akyiri yi wɔpɛ sɛ wɔware a, wobetumi adi aware mu asɛyɛde a emu yɛ duru no ho dwuma. (Mat. 19:10, 11; 1 Kor. 7:36-38) Akwampae adwuma, baabi a mmoa ho hia kɛse a wɔbɛkɔ akɔsom wɔ hɔ, Betel ɔsom adwuma, anaa asɛmpatrɛw adwuma a wobɛka ho nsɛmpa no betumi ama mmofra anya ɔpɛ fi mfiase pɛɛ mpo sɛ wɔde wɔn nkwa bedi dwuma wɔ ɔkwan a ɛsɔ Yehowa ani, ɛma afoforo nya mfaso, na ɛde nhyira brɛ wɔn ankasa so.
5 Mmofra pii a yɛanya wɔn wɔ ahyehyɛde no mu nnɛ a wɔde Kristofo gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn di dwuma na wodi teokrase botae horow akyi no amma kwa. Yebetumi aka sɛ nea wɔatumi ayɛ no pii gyina awofo a wɔwɔ ɔdɔ so. Sɛ woyɛ ɔwofo a, ɛhe na wo mma ani kyerɛ? Wɔrenya nkɔanim nkakrankakra kɔ asetra kwan a egyina Ahenni nneɛma so mu? Kae, nneɛma a ɛho hia sen biara a wubetumi ayɛ no biako ne sɛ wode nokware no bɛhyɛ wo mma mu na woaka ho asɛm da biara. Ebetumi ama woanya abusua a wɔde nokwaredi resom Yehowa.—Deut. 6:6, 7; Yos. 24:15.