Yi Yehowa Ayɛ Daa
1 Dwumadi bi wɔ hɔ a ɛho hia ara ma ɛsɛ sɛ yɛyɛ daa. Emu bi ne adidi, ahome, ne nna. Sɛ yebenya honam fam ahoɔden a, eyinom ho hia. Ɔsomafo Paulo kyerɛe sɛ asɛmpa no ka ho hia saa ara bere a ɔhyɛɛ nkuran sɛ: ‘Momma yɛmmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa’ no. (Heb. 13:15) Enti, Yehowa a yebeyi no ayɛ no yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no daa. Ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ no da biara da, na yeyi yɛn soro Agya no ayɛ daa.
2 Bere a afoforo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtwe Yesu adwene akɔ biribi foforo so no, obuae sɛ: “Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no.” (Luka 4:43) Wɔ ne mfe abiɛsa ne fã som adwuma mu no, na biribiara a ɔyɛ no da biara da no fa Onyankopɔn a ɔbɛhyɛ no anuonyam ho tẽẽ ɔkwan bi so. Sɛ yesusuw adwene a Paulo daa no adi wɔ 1 Korintofo 9:16 no ho a, yehu sɛ ɔtee nka wɔ saa kwan yi so: “Sɛ menka asɛmpa no a, anka minnue!” Wɔhyɛɛ Kristofo anokwafo foforo nkuran sɛ wonsiesie wɔn ho sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn anidaso no ase akyerɛ afoforo. (1 Pet. 3:15) Ɛnnɛ, akwampaefo a wɔyɛ nsi ɔpehaha pii ne asafo mu adawurubɔfo ɔpepem pii bɔ mmɔden sɛ wobesuasua nhwɛso pa a ɛte saa no.
3 Sɛ yesusuw nsi a efi koma nyinaa mu a Yesu Kristo, yɛn Nhwɛsofo, no daa no adi no ho a, ɛka yɛn ma yedi n’anammɔn akyi pɛɛ. (1 Pet. 2:21) Ɛtɔ mmere bi a yɛn abaw mu betumi abu bere a ɛsɛ sɛ yegyina da biara da asetra mu nsɛnnennen ano no. Yɛbɛyɛ dɛn de hokwan ahorow adi dwuma de ayi Yehowa ayɛ da biara bere a yɛyɛ bere nyinaa honam fam adwuma no? Yɛrentumi mpow abusua asɛyɛde a egye yɛn bere pii no nso. Mmofra dodow no ara dwen sukuu a wɔbɛkɔ no da biara a ebia ehia no ho. Ebia ebinom bɛte nka sɛ ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wobeyi Yehowa ayɛ wɔ baguam da biara. Ɛtɔ mmere bi a, ebinom ma ɔsram mũ no nyinaa twam a wɔnka asɛmpa no wɔ ɔkwan bi so.
4 Yeremia yɛ obi a wantumi annyae asɛmpa no ka. Bere a wantumi ammɔ Yehowa din ankasa bere tiaa bi no, ɔtee nka sɛ ogya bi a ano yɛ den dodo redɛw ne mu. (Yer. 20:9) Bere a na Yeremia rehyia amanehunu a ɛte sɛ nea ɛrebunkam ne so no, onyaa ɔkwan bi a ɔbɛfa so aka Yehowa asɛm no akyerɛ afoforo daa. Yebetumi asuasua n’akokoduru nhwɛso no na yɛakɔ so ahwehwɛ hokwan ahorow a yɛde beyi yɛn Bɔfo no ayɛ da biara da no?
5 Ɛnyɛ sɛ mmere a yɛahyehyɛ a yɛne adawurubɔfo afoforo di adanse wɔ asafo no asasesin mu nkutoo mu na ɛsɛ sɛ yɛka Yehowa ho asɛm. Nea yehia ara ne obi a obetie. Yɛkɔ so hyia nnipa da biara—wɔba yɛn fie, yɛne wɔn yɛ adwuma wɔ adwuma mu, yehyia wɔn wɔ gua so ne aguadidan ahorow mu, anaasɛ yɛne wɔn tra bɔs mu tu kwan. Nea ɛhwehwɛ ara ne adamfofa kwan so nkyia ne asemmisa anaa asɛm bi a ɛkanyan adwene a ebefi nkɔmmɔbɔ ase. Nnipa pii ahu sɛ eyi yɛ ɔkwan a wɔfa so di adanse a ɛsow aba sen biara. Sɛ yenya hokwan ahorow pii a yɛde bɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo a, ɛremma sɛ ɔsram no nyinaa betwam a yɛrenni Ahenni ho adanse.
6 Hokwan ahorow a yɛde beyi Yehowa ayɛ no rensa da. Sɛnea dwontofo no kyerɛe no, ɛsɛ sɛ nea ɛhome nyinaa yi Yehowa ayɛ, na nokwarem no, yɛpɛ sɛ yɛka ho bi. (Dw. 150:6) Sɛ yɛn koma ka yɛn ma yɛyɛ saa daa a, yɛde hokwan ahorow a yenya no bedi dwuma da biara de aka Yehowa ne n’Asɛm ho asɛm.