Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/95 kr. 1
  • Yi Yehowa Ayɛ Daa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yi Yehowa Ayɛ Daa
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmofra, Munyi Yehowa Ayɛ!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Yi Yehowa Ayɛ Da Biara Da
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Wubetumi Adi Adanse Wɔ Bɔnnɔ So!
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Ɔmantam Nhyiam De Nsato A Ɛka Koma To Gua!—Fa Anigye Yi Yehowa Ayɛ Da Biara!
    Yɛn Ahenni Som—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 12/95 kr. 1

Yi Yehowa Ayɛ Daa

1 Yɛn Nyankopɔn Yehowa yɛ Ɔbɔadeɛ a ne ho yɛ nwonwa na ɔyɛ dɔ, ne nkwa ne anigye nyinaa Fibea. Nokwarem no, esiane ne kɛseyɛ nti, ɔfata sɛ n’abɔde nyinaa yi no ayɛ. Sɛ́ ankorankoro no, yɛpɛ sɛ yɛka nea odwontofo no kae no bi: ‘Mede bi bɛka w’ayeyi nyinaa ho. M’ano bɛka wo nkwagye ne wo trenee daa adesae.’ (Dw. 71:14, 15) Sɛ yɛbɛyɛ eyi a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ayi Yehowa ayɛ da biara da, na ɛkanyan yɛn ma yɛka ne ho asɛmpa, ne trenee, ne ne nkwagye ho nsiesie a wayɛ no.

2 Tete Kristofo no yɛɛ Yehowa a yebeyi no ayɛ ho nhwɛso pa. Ɛdefa nnipa 3,000 a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Pentekoste da no ho no, yɛkenkan wɔ Asomafo no Nnwuma 2:46, 47 sɛ: “Na daa wɔde koma koro hyiam asɔrefi, . . . na woyii Nyankopɔn ayɛ, na wɔwɔ anuonyam ɔman no nyinaa anim. Na Awurade [Yehowa, NW] de wɔn a wogye wɔn nkwa kaa asafo no ho daa.” Ná wɔresua Yehowa ne ne Mesia no ho nokware a ɛyɛ nwonwa. Wɔn anigye no kanyan afoforo, na ɛkɔɔ so hyɛɛ afoforo nkuran ma wotiee asɛm no suae, na woyii Yehowa ayɛ.

3 Hokwan Wɔ Hɔ Da Biara: Nnɛ, nnipa pii hu sɛ wobetumi ayi Yehowa ayɛ denam bɔnnɔ so adansedi so. Ahosiesie a wodi kan yɛ no boa wɔn ma wɔsow aba pii. Onuawa bi a ɔyɛɛ n’adwene sɛ obedi bɔnnɔ so adanse no hui sɛ obi abɔ ne kar ahwehwɛ abien akɔ mu. Ɔde kɔɔ baabi a wosiesie, na afei ɔyɛe sɛ obedi odwumayɛni no adanse. Ná mpae a ɔbɔ hwehwɛ Yehowa hɔ akwankyerɛ ka n’ahosiesie no ho. Ɛbae sɛ odii odwumayɛni no adanse dɔnhwerew biako, na ɔmaa no Tra Ase Daa nhoma no.

4 Ná onuawa foforo bi nso taa hyia ne fipamfo bi bere a wɔne wɔn nkraman retu mpase no. Da bi a ohyiaa no no, wɔbɔɔ nkɔmmɔ anibere so faa asetram haw ahorow ho, na ɛno kowiee nkɔmmɔbɔ pii mu. Bere kɔ so no, wofii Bible adesua ase. Nea ɛyɛ anigye no, ofipamfo no kae akyiri yi sɛ sɛ Yehowa Adansefo baa ne fie a, anka ɔrentie wɔn, efisɛ na ɔnnye Onyankopɔn anaa Bible no nni.

5 Ebinom tumi di adanse bere a ɔdetɔnfo bi anaa afoforo ba wɔn pon ano no. Ɔbarima bi a ɔyɛ insurance adwuma kɔɔ onuawa bi fie wɔ Ireland. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔrehwɛ kwan sɛ obenya daa nkwa. Ná eyi yɛ ade foforo koraa ma saa barima yi a wɔtetee no sɛ Roma Katolekni no. Ogyee Tra Ase Daa nhoma no, ɔkɔɔ asafo nhyiam dapɛn a edi hɔ no, na ɔpenee so sɛ wɔne no nyɛ Bible adesua. Seesei, saa ɔdetɔnfo no yɛ onua a wɔabɔ no asu.

6 Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ma yɛn ani da hɔ wɔ hokwan ahorow a yɛde beyi Yehowa ayɛ daa no ho. Ɛbɛyɛ mmoa sɛ wubekura nsɛmma nhoma anaa nkratawa kakra bi wɔ baabi a wobetumi ahu na wubetumi ayɛ krado sɛ wode bɛma ahɔho. Wɔ mmeae bi no, bere kakraa bi a wubedi wɔ lɔre anaa bɔs gyinabea agua bi so no bɛma woanya hokwan ahorow pii a wode bedi afoforo a wobegyina hɔ simma kakraa bi no adanse. Adansefo mmofra bi a wɔkɔ sukuu de Bible nhoma ahorow gu wɔn apon so sɛ ɔkwan a wɔnam so ne obi a ɔhwɛ na obisa ho nsɛm no befi nkɔmmɔbɔ ase. Nya Kyerɛwnsɛm biako anaa abien bi a wubetumi de adi dwuma. Srɛ Yehowa na ɔmmoa wo. Sɛ woyɛ saa a obehyira wo.—1 Yoh. 5:14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena