Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/10 kr. 3-6
  • Wubetumi Adi Adanse Wɔ Bɔnnɔ So!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubetumi Adi Adanse Wɔ Bɔnnɔ So!
  • Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Bɔnnɔ So Adansedi So
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Woasiesie Wo Ho sɛ Wubedi Adanse Bɔnnɔ So?
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Yi Yehowa Ayɛ Denam Bɔnnɔ So Adansedi So
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Yɛyɛ Adansefo Bere Nyinaa
    Yɛn Ahenni Som—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2010
km 8/10 kr. 3-6

Wubetumi Adi Adanse Wɔ Bɔnnɔ So!

1. (a) Dɛn ne bɔnnɔ so adansedi? (b) Nnipa baahe na wɔwɔ nhyiam yi ase a wɔnam bɔnnɔ so adansedi so tee nokware no ho asɛm bere a edi kan?

1 Nnipa baahe na wɔwɔ w’asafo mu a wɔtee nokware no ho asɛm bere a edi kan denam bɔnnɔ so adansedi so? Nnipa dodow a wubenya no betumi ama wo ho adwiriw wo. Nea bɔnnɔ so adansedi kyerɛ ne sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ nnipa a yehyia wɔn daa no. Ebetumi ayɛ bere a yɛretu kwan, yɛrekɔsra yɛn abusuafo anaa afipamfo, bere a yɛrekodi gua, bere a yɛwɔ sukuu mu, adwumam anaa mmeae afoforo no. Adansefo kuw bi a emufo bɛboro 200 a wɔabɔ asu no mu bɛyɛ ɔha mu nkyem 40 na wɔnam bɔnnɔ so adansedi so tee nokware no ho asɛm bere a edi kan! Ne saa nti, adepa tumi fi ɔkwan yi a yɛfa so ka asɛm no mu ba.

2. Bɔnnɔ so adansedi ho nhwɛso bɛn na yehu wɔ Kyerɛwnsɛm no mu?

2 Ná afeha a edi kan no mu asɛmpakafo no taa di adanse wɔ bɔnnɔ so. Sɛ nhwɛso no, bere a na Yesu retu kwan a oduu Samaria no, odii ɔbea bi a na ɔresaw nsu wɔ Yakob abura mu no adanse. (Yoh. 4:6-26) Filipo bisaa Etiopiani piani a na ɔrekenkan Yesaia nhoma no sɛ, “Wote nea worekenkan no ase?” de fii nkɔmmɔ no ase. (Aso. 8:26-38) Bere a ɔsomafo Paulo da afiase wɔ Filipi no, odii afiasehwɛfo bi adanse. (Aso. 16:23-34) Akyiri yi, bere a wɔkaa Paulo hyɛɛ fie no, “ogyee wɔn a wɔba ne nkyɛn nyinaa fɛw so, na ɔkaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm de nnamyɛ kɛse kyerɛkyerɛɛ wɔn Awurade Yesu Kristo ho ade.” (Aso. 28:30, 31) Wo nso wubetumi adi adanse wɔ bɔnnɔ so, sɛ mpo wofɛre ade a. Ɔkwan bɛn so?

3. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadi fɛre so?

3 Sɛnea Wofi Ase: Yɛn mu pii wɔ hɔ a ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛne ahɔho bɛbɔ nkɔmmɔ. Wɔ amannifo mpo fam no, ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ den sɛ yɛbɛka nokware no ho asɛm akyerɛ wɔn. Nanso sɛ yedwinnwen Yehowa papayɛ, honhom fam ademude a ɔde ama n’asomfo, ne tebea bɔne a wɔn a wɔwɔ wiase no wom ho a, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛakasa. (Yon. 4:11; Dw. 40:5; Mat. 13:52) Bio nso, yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma ‘yennya akokoduru.’ (1 Tes. 2:2) Gilead osuani bi kae sɛ: “Mpɛn pii no, mpaebɔ boa me bere a ɛyɛ den ma me sɛ me ne afoforo bɛkasa no.” Sɛ ɛyɛ wo fɛre sɛ wobɛkasa a, bɔ mpae tiawa wɔ wo tirim.—Neh. 2:4.

4. Botae bɛn na mfiase no yebetumi de asi yɛn ani so, na dɛn ntia?

4 Sɛnea bɔnnɔ so adansedi te no, ɛho nhia sɛ yɛde nnianim nsɛm a yɛasiesie anaa kyerɛwsɛm bi fi nkɔmmɔbɔ no ase. Ebia sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛne obi befi ase abɔ nkɔmmɔ a ɛnyɛ adwene no ne sɛ yebedi no adanse amonom hɔ ara a, ebetumi aboa. Adawurubɔfo pii kyerɛ sɛ sɛ wotumi tu anammɔn a ɛte saa a, afei ɛma wonya ahotoso de ka asɛmpa no. Sɛ onii no twetwe ne ho wɔ nkɔmmɔbɔ no ho a, ɛho nhia sɛ wohyɛ no. Fi obu mu twa nkɔmmɔ no so na toa nea woreyɛ so.

5. Dɛn na ɛboa onuawa bi a ɔfɛre ade ma otumi di adanse wɔ bɔnnɔ so?

5 Nea onuawa bi a ɔfɛre ade taa yɛ ne sɛ sɛ ohyia obi bere a ɔredi gua a, ɔhwɛ onii no anim na ɔserew kyerɛ no. Sɛ onipa no nso serew kyerɛ no a, na waka asɛm tiaa bi. Sɛ ogye no fɛw so a, ɛma onya ahotoso ne no bɔ nkɔmmɔ kakra. Sɛ onii no rekasa a, ɔyɛ aso tie no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a obehu Bible mu asɛm a sɛ ɔka kyerɛ no a, n’ani begye ho. Onuawa no nam saa kwan yi so ama nhoma pii na mpo wafi Bible adesua ase.

6. Asɛm bɛn na yebetumi aka de afi nkɔmmɔbɔ ase wɔ bɔnnɔ so?

6 Sɛnea Wofi Nkɔmmɔbɔ Ase: Dɛn na yebetumi aka de afi nkɔmmɔbɔ ase? Bere a Yesu ne ɔbea no bɔɔ nkɔmmɔ wɔ abura no ho no, nea Yesu yɛe ara ne sɛ ɔsrɛɛ no sɛ ɔmma no nsu nnom. (Yoh. 4:7) Enti yebetumi atew yɛn anim akyia onipa no anaa yɛabisa no asɛm bi de afi nkɔmmɔbɔ no ase. Bere a morekasa no, wubenya hokwan aka Kyerɛwnsɛm bi mu asɛm na ebia wonam so adua nokware aba no wɔ ne mu. (Ɔsɛnk. 11:6) Nea ebinom nso yɛ ne sɛ wɔka asɛm bi a ɛtwetwe nkurɔfo adwene na ɛkanyan wɔn ma wobisa ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, sɛ woakɔ ayaresabea na woretwɛn oduruyɛfo a, wubetumi aka asɛm bi te sɛ eyi de afi nkɔmmɔbɔ ase, “M’ani begye wɔ bere a yare nni hɔ bio no.”

7. Sɛ yɛde yɛn ani to fam a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa ma yɛadi adanse wɔ bɔnnɔ so?

7 Sɛ yɛde yɛn ani to fam a, ɛno nso betumi aboa ma yɛafi nkɔmmɔbɔ ase. Sɛ yehu ɔwofo bi a ne mma wɔ suban pa a, yebetumi akamfo no na yɛabisa sɛ, “Dɛn na aboa wo ma woatete wo mma no yiye saa?” Onuawa bi tie nsɛm a afoforo susuw ho wɔ adwumam no yiye na ɔpɛ nhoma pɔtee bi a ne mfɛfo adwumayɛfo no ani begye ho na ɔne wɔn bɔ mu nkɔmmɔ. Bere a ɔtee sɛ ɔbea bi a ɔne no yɛ adwuma rebɛware no, ɔmaa no Awake! a ɛkyerɛ sɛnea obetumi ayɛ n’ayeforohyia no ho ntotoe yiye. Eyi ma ɔkɔɔ so ne no bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ.

8. Yɛbɛyɛ dɛn de yɛn nhoma ahorow no afi nkɔmmɔbɔ ase?

8 Ɔkwan foforo a yebetumi afa so afi nkɔmmɔbɔ ase ne sɛ yɛbɛkenkan yɛn nhoma ahorow no wɔ baabi a nkurɔfo behu yɛn. Nea onua bi yɛ ne sɛ ɔpaw asɛmti bi a ɛyɛ anigye wɔ Ɔwɛn-Aban anaa Awake! mu na ofi ase kenkan no komm. Sɛ ohu sɛ obi a ɔbɛn no rehwɛ nsɛmma nhoma no mu a, obisa no asɛm anaa ɔka ade a ɔrekenkan no ho asɛm tiawa. Mpɛn pii no, eyi ma wofi ase bɔ nkɔmmɔ na odi no adanse. Sɛ yegyaw yɛn nhoma ahorow no bi to baabi a nkurɔfo behu a, ebetumi atwetwe yɛn mfɛfo adwumayɛfo anaa sukuufo ma wɔabisa ho asɛm.

9, 10. (a) Hokwan bɛn na yebetumi ahwehwɛ de adi adanse wɔ bɔnnɔ so? (b) Ɔkwan bɛn na woafa so ayɛ saa?

9 Hwehwɛ Hokwan: Esiane sɛ asɛnka adwuma no gye ntɛmpɛ nti, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ hokwan a yɛde bedi adanse wɔ bɔnnɔ so no ankasa de ne ho bɛba. Mmom bere a yɛreyɛ yɛn nnwuma no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ hokwan de di adanse. Di kan dwen nkurɔfo a ebetumi aba sɛ wubehyia wɔn no ho, na hwɛ ɔkwan a wobɛfa so ne wɔn afi nkɔmmɔbɔ ase wɔ adamfofa kwan so. Fa Bible ne nhoma ahorow hyɛ wo ho na woatumi de adi wɔn a wɔn ani gye ho no adanse.—1 Pet. 3:15.

10 Nea ɛbɛyɛ na adawurubɔfo pii anya hokwan adi adanse wɔ bɔnnɔ so no, wosusuw nneɛma ho kɔ akyiri na wɔatumi ayɛ saa. Onuawa bi a ɔte baabi a awɛmfo bɔ ho ban no twitwa abɔde ho mfonini fɛfɛ bi asinasin, na ɔkeka sisi anim wɔ beae a wogye wɔn ahome no. Sɛ nkurɔfo begyina ho na wɔka sɛnea mfonini no yɛ fɛ ho asɛm a, ɔde saa hokwan no fi nkɔmmɔbɔ ase na ɔka Bible mu bɔhyɛ a ɛfa “ɔsoro foforo ne asase foforo” ho no ho asɛm kyerɛ wɔn. (Adi. 21:1-4) Wo nso, akwan bɛn na wubetumi afa so adi adanse wɔ bɔnnɔ so?

11. Sɛ yedi afoforo adanse wɔ bɔnnɔ so a, yɛbɛyɛ dɛn akɔhwehwɛ wɔn?

11 Hwehwɛ Anigyefo No: Sɛ wunya obi a n’ani gye asɛm no ho a, bɔ mmɔden kɔhwehwɛ no. Sɛ ɛfata a, wubetumi aka akyerɛ no sɛ: “M’ani agye paa sɛ me ne wo akasa. Ɛhefa na mehu wo ma yɛatoa nkɔmmɔ yi so?” Nea adawurubɔfo binom yɛ ne sɛ wɔde wɔn address ne wɔn telefon nɔma ma onipa no na wɔka sɛ: “M’ani agye nkɔmmɔbɔ no ho. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea yɛabɔ ho nkɔmmɔ yi ho nsɛm pii a, ɔkwan a wubetumi afa so anya me ni.” Sɛ w’ankasa rentumi nkɔhwehwɛ onigyefo no a, hyehyɛ Please Follow Up (S-43) kratasin no ntɛm fa ma w’asafo mu ɔkyerɛwfo no na wama asafo a ɛbɛn baabi a onigyefo no te no akɔhwehwɛ no.

12. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a yɛde di adanse wɔ bɔnnɔ so no ho kyerɛwtohɔ na yebu ho akontaa? (b) Dɛn na afi bɔnnɔ so adansedi mu aba? (Hwɛ adaka “Bɔnnɔ So Adansedi Sow Aba!”)

12 Ɛsɛ sɛ yebu bere a yɛde di adanse wɔ bɔnnɔ so no ho akontaa. Enti sɛ wode simma kakraa bi mpo di adanse wɔ da no mu a, hwɛ sɛ wobɛyɛ ho kyerɛwtohɔ. Susuw eyi ho hwɛ: Sɛ ɔdawurubɔfo biara de simma anum di adanse wɔ bɔnnɔ so da biara da na yɛka ne nyinaa bom a, yebenya nnɔnhwerew bɛboro ɔpepem 17 ɔsram biara!

13. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yedi adanse wɔ bɔnnɔ so?

13 Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa paa nti na ɛsɛ sɛ yedi adanse wɔ bɔnnɔ so. (Mat. 22:37-39) Yehowa su ahorow ne n’atirimpɔw ho anisɔ a ahyɛ yɛn koma ma no ka yɛn ma yɛka ‘n’ahenni anuonyam a ɛhyerɛn’ no ho asɛm. (Dw. 145:7, 10-12) Bere a hokwan da so wɔ hɔ yi, ɛsɛ sɛ ɔdɔ kann a yɛwɔ ma yɛn yɔnko nnipa no ka yɛn ma yɛde hokwan biara a yenya no ka asɛmpa no kyerɛ wɔn. (Rom. 10:13, 14) Sɛ yedi kan susuw nneɛma ho kakra na yesiesie yɛn ho a, yɛn nyinaa betumi adi adanse wɔ bɔnnɔ so, na yɛn nso yɛn ani begye bere a yɛreda nokware no adi akyerɛ nnipa komapafo no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

Sɛ wode yɛ wo botae sɛ wo ne afoforo befi ase abɔ nkɔmmɔ ansa na woadi wɔn adanse a, ebetumi aboa

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Nea ɛbɛyɛ na adawurubɔfo pii anya hokwan adi adanse wɔ bɔnnɔ so no, wosusuw nneɛma ho kɔ akyiri na wɔatumi ayɛ saa

[Kratafa 5 adaka]

Nyansahyɛ a Yebetumi De Afi Nkɔmmɔbɔ Ase

◼ Bɔ mpae hwehwɛ mmoa a wode befi ase

◼ Wo ne wɔn a wɔn anim tew na wɔmpɛ ntɛm pii no nkasa

◼ Hwɛ onipa no anim, serew kyerɛ no, na ka asɛm a mo baanu nyinaa ani begye ho

◼ Yɛ otiefo pa

[Kratafa 6 adaka]

Bɔnnɔ So Adansedi Sow Aba!

• Bere a onua bi retwɛn ma wɔasiesie ne kar no, odii wɔn a wɔwɔ hɔ no adanse na ɔmaa wɔn nsato krataa sɛ wommetie baguam ɔkasa bi. Afe akyi wɔ nhyiam bi ase no, onua bi a ɔnkae no de anigye kyiaa no. Ná ɛyɛ mmarima a ɔmaa wɔn nsato krataa afe a etwaam no mu biako! Nea ɛbae ne sɛ ɔbarima no kotiee baguam ɔkasa no, na ɔsrɛe sɛ wɔne no mmɛyɛ Bible adesua. Ɔne ne yere nyinaa abɔ asu.

• Onuawa bi a ɛnam bɔnnɔ so adansedi so ma obehuu nokware no bu nnipa a ne mma baasa nti ohyia wɔn no sɛ n’asasesin. Nnipa a ohyia wɔn no bi ne n’afipamfo, awofo a ohyia wɔn wɔ sukuu mu ne wɔn a wɔba akyerɛkyerɛfo ne awofo nhyiam ahorow ase no. Bere biara a ɔbɛda ne ho adi akyerɛ wɔn no, ɔka asɛm tiawa a ɛka koma de kyerɛ sɛ Bible no reboa no wɔ ne mma no ntetee mu, na afei ɔdan kɔ asɛm foforo so. Nanso esiane sɛ wabue asɛm no ani so dedaw nti, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ bere a nkɔmmɔ no rekɔ so no ɔbɛtwe wɔn adwene asi Bible no so bio. Ɔnam saa kwan yi so aboa nnipa 12 ma wɔagye asubɔ.

• Bere a owura bi a ɔyɛ nsiakyibaa adwuma kɔɔ onuawa bi hɔ no, onuawa no de hokwan no dii no adanse. Obisaa owura no sɛ ebia n’ani begye ho sɛ obenya akwahosan pa, anigye ne daa nkwa anaa. Owura no kae sɛ n’ani gye ho, na obisaa onuawa no nsiakyibaa ko a ɔreka ho asɛm no. Ɔkaa Bible mu bɔhyɛ ahorow ho asɛm kyerɛɛ no, na ɔmaa no nhoma. Anadwo biako no, owura no kenkan ne nyinaa wiei. Wɔyɛɛ Bible adesua ho nhyehyɛe. Ofii ase kɔɔ nhyiam ahorow, na akyiri yi ɔbɔɔ asu.

• Bere a onuawa bi te wimhyɛn mu retu kwan no, ɔne ɔbea bi a ɔte ne nkyɛn fii ase bɔɔ nkɔmmɔ na otumi dii no adanse. Wokodui no, onuawa no de n’address ne ne telefon nɔma maa ɔbea no na ɔhyɛɛ no nkuran sɛ sɛ Yehowa Adansefo ba ne fie a, ɔmma wɔne no nsua Bible. Ade kyee no, Adansefo baanu kɔɔ ɔbea no fie. Ɔbea no fii ase suaa Bible, onyaa nkɔso ntɛmntɛm, ɔbɔɔ asu, na ankyɛ na n’ankasa ne nnipa baasa fii ase suaa Bible.

• Onua onifuraefo bi a wadi mfe 100 a ɔte nnipa a wɔn mfe akɔ anim atenae no taa ka sɛ, “Yehia Ahenni no.” Eyi maa ayarehwɛfo ne ayarefo no bisaa no nsɛm ma ɔkyerɛkyerɛɛ Ahenni no mu kyerɛɛ wɔn. Ɔbea bi a ɔyɛ adwuma wɔ hɔ no bisaa onua no nea ɔbɛyɛ wɔ Paradise hɔ. Obuae sɛ, “Mehu ade, mɛsan anantew bio, na mɛhyew me mmubuafo akongua no.” Esiane sɛ ɔyɛ onifuraefo nti, ɔma ɔbea no kenkan nsɛmma nhoma ma no. Bere a onua no babea bɛsraa no no, odwumayɛni no bisaa no sɛ obetumi de nsɛmma nhoma no akɔ fie anaa. Ɔyarehwɛfo biako ka kyerɛɛ onua no babea no sɛ, “Seesei ɛfene a yedi wɔ ha ne: ‘Yehia Ahenni no.’”

• Bere a onuawa bi di santen mu rekɔtɔ aduan no, ɔtee sɛ mmarima a wɔn mfe akɔ anim te nkyɛn baabi reka amanyɔsɛm. Wɔn mu biako kae sɛ aban no rentumi nni yɛn haw ho dwuma mma yɛn. Onuawa no kae ne tirim sɛ, ‘Hokwan abue ama me.’ Ɔbɔɔ mpae tiawa, na ɔkɔɔ wɔn nkyɛn. Bere a ɔdaa ne ho adi wiei no, ɔkaa aban bi a ebedi adesamma haw ho dwuma, a ɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn, na ɔmaa wɔn nhomawa. Ogu so rekasa no, adwumawura no baa hɔ. Ná onuawa no susuw sɛ ɔrebɛpam no afi hɔ. Nanso, adwumawura no ka kyerɛɛ no sɛ na ɔretie wɔn nkɔmmɔ no, na ɔno nso pɛ nhomawa no bi. Odwumayɛni bi nso a na ɔretie wɔn de nusu baa hɔ. Ná ɔyɛ obi a wasua Bible no pɛn a ɔpɛ sɛ ɔsan fi adesua no ase bio.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena