Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/03 kr. 1
  • Yi Yehowa Ayɛ Denam Bɔnnɔ So Adansedi So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yi Yehowa Ayɛ Denam Bɔnnɔ So Adansedi So
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wubetumi Adi Adanse Wɔ Bɔnnɔ So!
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Bɔnnɔ So Adansedi So
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Woasiesie Wo Ho sɛ Wubedi Adanse Bɔnnɔ So?
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Fa Nsiyɛ ‘Di Adanse Fefeefe’
    Yɛn Ahenni Som—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 5/03 kr. 1

Yi Yehowa Ayɛ Denam Bɔnnɔ So Adansedi So

1 Yehowa asomafo anokwafo hwehwɛ hokwan ahorow a wɔde beyi no ayɛ da biara da. (Dw. 96:2, 3; Heb. 13:15) Ɔkwan biako a yebetumi afa so ayɛ eyi ne sɛ yebedi adanse bɔnnɔ so. Ɛnnɛ Yehowa asomfo pii ani sɔ sɛ afoforo de Ahenni asɛm no kyerɛɛ wɔn denam bɔnnɔ so adansedi so.

2 Onipa biako a yebedi no adanse bɔnnɔ so no bue kwan ma afoforo nso te Ahenni asɛm no. Sɛ nhwɛso no, nkɔmmɔ a Yesu ne Samariani bea bi bɔe wɔ Yakob abura no so no maa afoforo pii kyerɛɛ asɛmpa no ho anigye. (Yoh. 4:6-30, 39-42) Bere a wɔde Paulo ne Silas too afiase wɔ Filipi no, wodii afiasehwɛfo no adanse ma ɔne ne fiefo nyinaa gyee nokware no.—Aso. 16:25-34.

3 Hokwan Ahorow: Hokwan ahorow bɛn na wowɔ a wubetumi de adi adanse wɔ bɔnnɔ so? Ebinom yɛ saa bere a wɔredi gua, wɔretu kwan anaa bere a wɔkɔ ayaresabea no. Afoforo nso di adanse wɔ ahomegye bere mu wɔ adwumam anaa sukuu mu. Yɛn Bible ho nhoma biako a yebekura sɛnea afoforo behu no bɛma wɔabisa yɛn gyidi ho asɛm.—1 Pet. 3:15.

4 Sɛnea Wofi Ase: Abeawa bi a ɔfɛre ade a wadi mfe ason tee wɔ nhyiam ase sɛnea ehia sɛ obiara ka asɛm no. Enti bere a ɔne ne maame rekodi gua no, ɔde nhomawa abien guu ne bag mu. Bere a na ne maame ani abere retotɔ nneɛma no, abeawa no de nhomawa no maa ɔbea bi, na ɔbea no de anisɔ gyei. Bere a wobisaa no nea ɛyɛe a onyaa akokoduru bɛnee ɔbea no, abeawa a ɔfɛre ade no buae sɛ: “Nea me see me ho ara ne sɛ, Yɛ ahoboa, Nya akokoduru, Kasa! Na mekasae!”

5 Sɛ yebedi adanse wɔ bɔnnɔ so a, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya ɔpɛ honhom te sɛ abeawa ketewa no. Dɛn na ebetumi aboa yɛn? Bɔ mpae hwehwɛ akokoduru a wode bɛkasa. (1 Tes. 2:2) Susuw asɛmmisa anaa asɛmti a ɛyɛ anigye bi a wubetumi de afi nkɔmmbɔ ase ho. Afei nya ahotoso sɛ Yehowa behyira wo mmɔdenbɔ no so.—Luka 12:11, 12.

6 Nnipa a yehyia wɔn da biara da a yebedi wɔn adanse bɔnnɔ so no de ayeyi brɛ Yehowa na ɛma yenya anigye. Ebetumi aboa obi ma wafa kwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena