Fa Nsiyɛ ‘Di Adanse Fefeefe’
1, 2. Dɛn na w’ani gye ho wɔ adwene a na Paulo kura wɔ asɛmpa no ka no ho, na ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua ne nhwɛso a ɛne sɛ ‘odii adanse fefeefe’ no?
1 Te sɛ Yesu ne tete asomfo anokwafo foforo pii no, na ɔsomafo Paulo yɛ ɔsɛmpakafo a ɔyɛ nsi, a ‘odii adanse fefeefe,’ ɛmfa ho tebea biara a na ɔwom no. Bere a na ɔyɛ deduani wɔ n’ankasa fie mpo no, “ogyee wɔn a wɔbaa ne nkyɛn nyinaa kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm, na ɔde nnam nyinaa kyerɛkyerɛɛ nneɛma a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho, na obi ansiw no kwan.”—Aso. 28:16-31.
2 Yɛn nso yebetumi de nsiyɛ ‘adi adanse fefeefe’ bere nyinaa. Nea ɛka ho ne sɛ yebedi nnipa a yehyia wɔn bere a yetu kwan kɔ “Monhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” Ɔmantam Nhyiam no, bere a yɛresan aba ne bere a yɛwɔ nhyiam kurow no mu no, adanse.—Aso. 28:23; Dw. 145:10-13.
3. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati sɛ yɛbɛma yɛn bɔnnɔ so adansedi adan mpofirim adeyɛ kɛkɛ?
3 Mpofirim Anaasɛ Bɔnnɔ So Adansedi? So nsonsonoe bi wom? Yiw. Biribi a wɔyɛ no mpofirim no yɛ ade a wɔyɛ no kɛkɛ anaasɛ adwene biara nni akyi, te sɛ nea wɔanyɛ ho nhyehyɛe anaasɛ ɛho nhia ahe biara. Ɛnyɛ saa na yɛn som adwuma no te koraa. Te sɛ Paulo no, yɛn adansedi a yɛde bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam no ho hia yɛn, na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yebedi adanse baabiara a ɛfata bere a yetu kwan afe yi mu no. Nanso, yebetumi aka sɛ ɔkwan a yɛfa so kɔ nkurɔfo nkyɛn no yɛ bɔnnɔ so—kyerɛ sɛ, ɛyɛ odwo ne adamfofa so. Saa kwan yi betumi asow aba pa.
4. Dɛn na ɛmaa Paulo tumi dii adanse wɔ baabi a na ɔte no?
4 Siesie Wo Ho Di Adanse: Na ɛsɛ sɛ Paulo hwehwɛ hokwan ahorow a ɛbɛma wadi adanse bere a ɔyɛ deduani wɔ n’ankasa fie wɔ Roma no. Na ofi baabi a ɔte no to nsa frɛ hɔnom Yudafo akannifo no ba ne fie. (Aso. 28:17) Ɛwom sɛ na Kristofo asafo wɔ Roma de, nanso Paulo hui sɛ na saa kurow no mu Yudafo nnim Kristosom ho nsɛm pii. (Aso. 28:22; Rom. 1:7) Wantwentwɛn ne nan ase sɛ ‘obedi’ Yesu Kristo ne Onyankopɔn Ahenni ‘ho adanse fefeefe.’
5, 6. Hokwan ahorow bɛn na yebetumi anya de adi adanse bɔnnɔ so, na ahosiesie bɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛayɛ saa wɔ ɔkwan a etu mpɔn so?
5 Susuw nnipa a ebia wubehyia wɔn wɔ w’akwantu no mu a wonni Yehowa Adansefo ho nimdeɛ pii no ho. Ebia wonnim mpo sɛ yɛne afoforo yɛ Bible adesua a wontua hwee. Ma w’ani nna hɔ sɛ wubehu hokwan ahorow a wode bedi wɔn a wuhyia wɔn no adanse bere a woretu kwan, bere a wugyina wɔ ahomegyebea, bere a worebu pɛtrol agu wo kar mu, bere a wudi gua, bere a wowɔ ahɔhodan mu, bere a woredidi wɔ adidibea, bere a wofa kar ne nea ɛkeka ho no. Di kan hu nea wubetumi aka de afi nkɔmmɔbɔ ase na ama woadi adanse tiawa. Ebia wɔ nna a ɛreba mu no, wubetumi ayɛ nea wobɛyɛ no ahwɛ denam w’afipamfo, w’abusuafo, w’adwumamfo, ne amannifo foforo a wubedi wɔn adanse bɔnnɔ so no so.
6 Wubehia nhoma ahorow a wode bedi dwuma bere a woredi adanse wɔ bɔnnɔ so no. Nhoma bɛn? Wubetumi de So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? kratawa no adi dwuma. Twe adwene si nkyekyɛm anum a edi kan a ɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkenkan Bible no so. Fa akyi nsɛm a wɔde bisa ofie Bible adesua a wontua hwee no kyerɛ no. Sɛ wunya obi a otie wo a, fa Ahwehwɛde nhomawa no ma no. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ wohwɛ kwan sɛ wubehyia nkurɔfo a ɛsono kasa a wɔka nti, fa Good News for All Nations nhomawa no kɔ. Kratafa 2 kyerɛkyerɛ sɛnea wode bedi adanse no mu. Sɛ wode kar na ɛretu kwan no a, wubetumi afa nhoma afoforo kakra a wode bɛma wɔn a wɔkyerɛ Ahenni asɛm no ho anigye ankasa no.
7, 8. Kɔkɔbɔ bɛn na ɛsɛ sɛ yetie fa yɛn ahosiesie ne yɛn abrabɔ ho bere a yɛretu kwan ne bere a yɛregye yɛn ahome?
7 Hwɛ W’ahosiesie ne W’abrabɔ Yiye: Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ yɛremma yɛn abrabɔ ne yɛn ntadehyɛ ne ahosiesie mma afoforo nnya adwene a ɛnteɛ anaa ‘wɔnkasa ntia’ Yehowa ahyehyɛde no. (Aso. 28:22) Eyi mfa bere a yɛkɔ amansin ne amantam nhyiam ho nko, na mmom bere a yɛapɔn dwumadi no ne bere a yɛregye yɛn ahome nso. August 1, 2002 Ɔwɛn-Aban no bɔ kɔkɔ wɔ kratafa 18 nkyekyɛm 14 sɛ: “Ɛnsɛ sɛ yɛn ahosiesie yɛ kyenkyerenn, huhuuhu, ɛkanyan nna ho akɔnnɔ, ɛma yɛn ho gu hɔ, anaa ɛyɛ ntade a aba so denneennen. Bio nso, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ ‘yedi Onyankopɔn ni’ so. Eyi yɛ asɛm a ɛsɛ sɛ yesusuw ho, anaa ɛnte saa? Ɛnyɛ asɛm no ara ne sɛ yebesiesie yɛn ho yiye bere a yɛrekɔ asafo nhyiam [anaa nhyiam akɛse] ase na ɛno akyi no, yɛahyɛ ntade biara a yɛpɛ wɔ bere foforo mu. Ɛsɛ sɛ bere nyinaa yɛn ahosiesie da nidi ne animduru adi efisɛ yɛyɛ Kristofo ne asomfo nnɔnhwerew 24 da biara.”—1 Tim. 2:9, 10.
8 Ɛsɛ sɛ yɛde nidi siesie yɛn ho sɛnea ɛsɛ. Sɛ yɛn ahosiesie ne yɛn abrabɔ da gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn mu no adi daa a, ɛremma yɛntwentwɛn yɛn nan ase sɛ yebedi adanse bɔnnɔ so esiane sɛ yɛn ahosiesie mfata nti.—1 Pet. 3:15.
9. Aba bɛn na Paulo adansedi no sowee wɔ Roma?
9 Bɔnnɔ So Adansedi Sow Aba: Wɔ mfe abien a na Paulo yɛ deduani wɔ ne fie wɔ Roma no, ohui sɛ nneɛma pa fii n’adansedi no mu bae. Luka bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ebinom gyee nea ɔkae no dii.” (Aso. 28:24) Paulo ankasa susuw sɛnea ‘adanse a odii no fefeefe’ tuu mpɔn no ho, bere a ɔkyerɛwee eyi no: “Nea ɛyɛɛ me no ama asɛmpa no akɔ so mmom, ama me mpokyerɛ abɛda adi Kristo mu, amrado aban mufo nyinaa ne wɔn a aka nyinaa mu, na anuanom no mu pii nam Awurade mu de wɔn ani ato me mpokyerɛ so ayɛ nnam aboro so a sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no a, wonsuro.”—Fil. 1:12-14.
10. Aba bɛn na awarefo bi adansedi sowee wɔ afe a etwaam no mu?
10 Afe a etwaam no, bere a awarefo bi pɔn ɔmantam nhyiam no akyi no, wonyaa osuahu bi a ɛyɛ anigye bere a wodii adidibea dwumayɛni bi a obisaa wɔn nhyiam baagye no ho asɛm no adanse bɔnnɔ so no. Wɔkaa nhyiam no ne anidaso a Bible no de ma fa adesamma daakye ho nso ho asɛm kyerɛɛ no. Wɔde So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? kratawa no bi maa no, na wɔkyerɛkyerɛɛ Bible adesua a wontua hwee ho nhyehyɛe no mu kyerɛɛ no. Ɔbea no kae sɛ ɔpɛ sɛ obi bɛsra no, na ɔhyehyɛɛ ne din ne n’address wɔ kratawa no akyi, na ɔka kyerɛɛ awarefo no sɛ wɔnyɛ nhyehyɛe mma no. Aba bɛn na wubetumi asow afe yi bere a wode nsiyɛ ‘di adanse fefeefe’ no?
11. Su horow bɛn na ɛsɛ sɛ yenya sɛnea ɛbɛyɛ a asɛmpa no benya nkɔanim afe yi bere a ‘yedi adanse fefeefe’ no?
11 Ma Adansedi no Nnya Nkɔanim Yiye: Susuw sɛnea Paulo ani gyei no ho bere a ɔtee sɛ ne mfɛfo Kristofo resuasua ne nsiyɛ nhwɛso no! Momma yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa mfa mma asɛmpa no nnya nkɔanim denam yɛn gyidi horow a egyina Bible so ho adanse a yebedi no bɔnnɔ so bere a yɛn nso yenya afe yi teokrase nhyiam ahorow so mfaso no so.
[Kratafa 3 adaka]
Nhoma Ahorow a Yebehia De Adi Bɔnnɔ so Adanse
■ So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? (kratawa)
■ Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? (nhomawa)
■ Good News for All Nations (nhomawa)
■ Nhoma afoforo