Woasiesie Wo Ho sɛ Wubedi Adanse Bɔnnɔ So?
1. Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ bɔnnɔ so adansedi betumi asow aba?
1 Bɔnnɔ so adansedi betumi asow aba pii. Bɔnnɔ so adansedi a ɛsow aba pa ho nhwɛso pii wɔ Bible no mu. (Yoh. 4:7-15) Dɛn na yebetumi ayɛ de asiesie yɛn ho adi adanse bɔnnɔ so?
2. Ɔkwan bɛn so na yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie betumi aboa ma yɛadi adanse?
2 Ntadehyɛ ne Ahosiesie: Sɛ yɛma yɛn ani kũ ntade a yɛhyɛ ne yɛn ahosiesie ho bere nyinaa a, ɛbɛma yɛatumi de ahotoso aka yɛn gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo. (1 Tim. 2:9, 10) Sɛ yɛte nka sɛ yɛn ahosiesie mfata a, ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yebedi adanse. Nanso sɛ yɛn ahosiesie fata na ɛho tew a, ebetumi ama nkurɔfo abisa yɛn nea enti a yɛasiesie yɛn ho kama saa. Sɛ nhwɛso no, bere a awarefo bi a wɔyɛ Adansefo asiesie wɔn ho kama retu kwan no, wɔkɔtenaa Kramoni bi nkyɛn wɔ kar mu. Bere a Kramoni no huu wɔn ahosiesie no, obisaa wɔn sɛ wɔyɛ Kristofo anaa. Eyi ma wɔne no bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ nnɔnhwerew abiɛsa.
3. Ɔkwan bɛn so na Yesu nhwɛso akyi a wudi no aboa wo ma woafi nkɔmmɔbɔ ase?
3 Sɛnea Yebefi Nkɔmmɔbɔ Ase: Bere a Yesu hyiaa Samariani bea no wɔ Yakob asubura ho no, nsu a obisae kɛkɛ no ma otumi ne no fii nkɔmmɔbɔ ase. Saa ara na yɛn nso yebetumi aka asɛm tiawa bi anaa yɛabisa asɛm bi de afi nkɔmmɔbɔ ase. Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a ebetumi ayɛ den ama yɛn de, nanso sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ‘yebenya akokoduru’ de afi nkɔmmɔbɔ ase.—1 Tes. 2:2.
4. Yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn ho adi adanse bɔnnɔ so?
4 Hwehwɛ Akwan a Wobɛfa So: Adawurubɔfo pii afa akwan horow so adi adanse bɔnnɔ so. Susuw wo nsɛm tebea ne nnipa a ɛda adi sɛ wubehyia wɔn da biara no ho. Fa nhoma a ɛfata ne Bible ketewa bi hyɛ wo ho. Hyɛ nneɛma a wuhu no nsow, na kyerɛ nnipa a wɔbɛn wo no ho anigye. Sɛ wususuw hokwan a wubetumi anya da biara no ho a, ɛda adi sɛ ɛbɛboa wo ma woadi adanse a etu mpɔn.—Filip. 1:12-14; 1 Pet. 3:15.
5. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛtoto bɔnnɔ so adansedi ase?
5 Yɛwɔ ntease pa abien a enti ɛsɛ sɛ yɛde hokwan a yebenya no di adanse bɔnnɔ so—Onyankopɔn ho dɔ ne ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn yɔnko nipa. (Mat. 22:37-39) Esiane sɛnea asɛnka adwuma no gye ntɛmpɛ nti, ɛnsɛ sɛ yɛtoto bɔnnɔ so adansedi ase koraa. Bere da so wɔ hɔ yi, ɛsɛ sɛ yɛyɛ krado sɛ yɛde hokwan biara a yebenya no bɛka Ahenni no ho asɛmpa no kyerɛ afoforo.—Rom. 10:13, 14; 2 Tim. 4:2.