Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Bɔnnɔ So Adansedi So
1 Bere bi a na Yesu rehome wɔ Yakob abura a ɛbɛn Sikar ho no, ɔne Samariani ɔbea bi fii nkɔmmɔbɔ ase. (Yoh. 4:5-30) Ɛwom sɛ na akwantu ama wabrɛ na sukɔm de no de, nanso odii nokware no ho adanse. Na ɛyɛ bɔnnɔ so adansedi. So adepa fii mu bae? Yiw! Ɛmaa Samariafo pii begyee Yesu dii. (Yoh. 4:39-42) Adansedi fɛfɛ ne nea efi mu ba a ɛyɛ ahodwiriw bɛn ara na efii bɔnnɔ so adansedi biako no mu bae sɛɛ yi!
2 Pii ahu nnɛ sɛ bɔnnɔ so adansedi yɛ ɔkwan pa a wɔfa so trɛw asɛmpa no mu na nea afi mu aba ne sɛ woanya osuahu ahorow pii a ɛyɛ anigye. Bɔnnɔ so adansedi betumi asow aba yiye. Nanso ebia na woredwen faako ne bere a obi betumi adi adanse bɔnnɔ so no ho Ɔkwan bɛn so na wobetumi ayɛ?
FAAKO NE BERE KO
3 Ɛkame ayɛ sɛ obi betumi adi adanse bɔnnɔ so wɔ tebea biara mu anaasɛ wɔ baabiara. Nea ehia ne sɛ yɛbɛhwehwɛ hokwan ahorow wɔ yɛn da biara da dwumadi no mu. Adawurubɔfo pii di bɔnnɔ so adanse bere a wɔte lɔre mu rekɔ adwuma anaa wɔreba fie anaasɛ bere a wɔretu kwan akodi akwamma no. Ebinom yɛ no awia adidibere. Afoforo nso hwehwɛ hokwan a ɛfata bere a wɔredi gua no. Awarefo bi dii nankwaaseni bi adanse wɔ aguadidan mu, na bere a ɔkyerɛɛ nokware no ho anigye no, wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ akɔtoa nkɔmmɔbɔ no so wɔ ne fi anwumere no ara.
4 Adawurubɔfo a wɔyare ayɛ adwuma pa wɔ wɔn a wɔba bɛsra wɔn, nnuruyɛfo ne ayaresabea adwumayɛfo a wodi wɔn adanse no mu. (Hwɛ w79 10/15 nkr. 24-6.) Anuanom bi kasa kyerɛ ahɔho a wɔba wɔn fie. Afoforo anya nnepa afi nkurɔfo a wɔne wɔn kasa wɔ mmeae a amanfo taa kɔ no mu. Tete nneɛma korabea, wimhyɛn anaasɛ bɔs gyinabea ne mmeae afoforo a amanfo taa kɔ hɔ abɛyɛ mmeae a eye ma bɔnnɔ so adansedi.
SƐNEA WƆYƐ NO
5 Gilead ɔdesuani bi a na ɔbɔ hu kakra wɔ bɔnnɔ so adansedi ho kae sɛ: “Mahu mpɛn pii sɛ mpaebɔ tumi boa bere a ɛyɛ den ma me sɛ mene nkurɔfo bɛkasa no.” Enti hwehwɛ akwan horow a wubenya ne nkurɔfo akasa, na srɛ Yehowa ma ommue ɔkwan no. Afei ma Yehowa ne nokware no ho mmɔdenbɔ nkanyan wo. Nya adamfofa su bere a wokɔ ankorankoro nkyɛn no. Bɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ onipa no anim, na gyina biribi a mo nyinaa ani gye ho so fi nkɔmmɔbɔ ase. Sɛ onipa no ankyerɛ anigye mpo a, yɛ obi a osusuw afoforo ho ne ɔyamyefo.
6 Nokwarem no, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛpɛ sɛ yegyaw biribi a onigyefo no bɛkenkan ma no. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ nhyehyɛe na yɛnya nkratawa, nsɛmma nhoma, nhomawa, anaasɛ brochure ahorow no bi wɔ yɛn nneɛma mu. Adawurubɔfo binom atumi ayɛ adepa wɔ nkɔmmɔbɔ a wofi ase mu denam nhomawa anaasɛ nsɛma nhoma bi a wogyaw too wɔn pono so wɔ adwumam anaasɛ wɔ fie no so. Ebetumi atwe mfɛfo odwumayeni anaa ɔhɔho bi adwene na akowie nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye ne adansedi a ɛsow aba mu.
7 Hwehwɛ akwan a wubenya de adi bɔnnɔ so adanse. Fa nkratawa ne nhoma afoforo kura, na srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo. Yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛkɔ wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no nyinaa nkyɛn. Hwɛ sɛ wubebu bere no ho akontaa sɛ ɔsom adwuma. Ɛdenam mmɔden a wobɛbɔ sɛnea Yesu ne asomafo no yɛe no so no, Yehowa behyira wo nso sɛ wotrɛw asɛmpa no mu denam bɔnnɔ so adansedi so.