So Wubedi Bɔnnɔ so Adanse Wɔ Bere Biara a Ɛfata Mu?
1 Nneɛma a yɛyɛ daa wɔ yɛn asetra mu no biako ne mmere pɔtee bi a yɛde ka Yehowa ho asɛm kyerɛ nkurɔfo. Yɛhyɛ da yi bere si hɔ de kɔ adansedi wɔ afie afie, na yɛkɔyɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua ahorow. Nanso, mmere afoforo a yɛnhyɛ da nyi bere nsi hɔ nyɛ saa, nanso yebetumi aka nokware no ho asɛm akyerɛ afoforo pii wɔ hɔ. Yɛfrɛ asɛnka yi sɛ bɔnnɔ so adansedi.
2 Adawurubɔfo binom nya hokwan pii de yɛ ɔsom adwuma no fã yi bi. Yɛn nyinaa betumi abɔ mmɔden sɛ yebehu mmere a ɛte saa no, sɛ nhwɛso no, wɔ asusow bere mu, bere a yetu kwan, yɛkɔ akwamma, na yɛne abusuafo kɔsra afoforo no. So wode hokwan ahorow bedi bɔnnɔ so adanse wɔ bere biara mu?
3 Di Kan Yɛ Nhyehyɛe Ahorow: Ahosiesie ne nneɛma a yedi kan susuw ho betumi ama yɛadi adanse bɔnnɔ so wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Wɔ eyi mu no, wɔama yɛn nhoma ahorow a ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa. Ɔwɛn-Aban ne Nyan! akyi no, yɛwɔ nkratawa pii a ekura nsɛmti a ɛkanyan adwene a yɛde bɛkanyan anigye. Brochure ahorow a ɛkanyan nnipa a ɛsono wɔn nsɛm tebea ne nyamesom anigye wɔ hɔ. Yɛwɔ nhoma ahorow a yetumi de hyɛ kotoku mu a ɛka nsɛmti a ani gye ho mprempren ho asɛm. Nhoma ahorow bɛn na wode di dwuma a, wote nka sɛ ɛyɛ mmerɛw ma wo? Munsusuw eyi ho sɛ abusua. Afei munsuasua nea mobɛka wɔ bere a ɛfata mu no.
4 Bere a Wowɔ Akwamma: Bere a eye kyɛn so a wubedi adanse bɔnnɔ so ne bere a wowɔ akwamma no. So woreyɛ nhyehyɛe de wimhyɛn, keteke, anaasɛ bɔs atu kwan? Ɛnde fa Bible ne nhoma a wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no biako kɔ. Nhoma a ɛte saa a wɔkenkan wɔ mfiri a amanfo de tu kwan mu no taa ma wofi nkɔmmɔbɔ ase. Sɛ wode kar tu kwan a, susuw nea wubetumi aka bere a woagyina wɔ baabi a wɔtɔn petrol, anaa adidibea anaasɛ bere a wɔwɔ ahɔhodan mu no ho. Wɔ mmere a ɛte sɛɛ mu no, wubetumi de nkratawa dodow bi agu wo nkyɛn na wode ama anigyefo. Sɛ wowɔ lɔre kwan nkyɛn adidibea a ɛwɔ baabi a ɛhɔ yɛ fɛ bi mu a, ebia wubetumi afi ase adi adanse denam asɛm a edi so yi a wubebisa no so: “Sɛ asase mũ no nyinaa te sɛ eyi a, anka ɛrenyɛ fɛ?” Sɛ wowɔ mpoano anaasɛ agodibea fɛfɛ bi mu a, wubetumi de nnianim asɛm a ɛte saa ara adi dwuma.
5 Wɔ Bere Biara Mu: Sɛ yɛma yɛn ani ku bɔnnɔ so adansedi ho a, yebehu sɛ hokwan pii bue bere a yɛn nnamfo bɛsra yɛn wɔ fie, anaasɛ yɛkɔsra wɔn, bere a yɛne afipamfo bɔ nkɔmmɔ, wɔ adwumam ahomegye bere mu, ansa na yɛafi adwuma ase anaa bere a yɛapɔn adwuma, wɔ gua so, wɔ sukuu ne ade mu. Sɛ yɛrekɔ ɔmansin anaasɛ da koro nhyiam atitiriw a, bɔnnɔ so adansedi ho kwan bue wɔ bɔs anaasɛ lɔre gyinabea, kurom hɔ adidibea ne aguadidan mu ne ade.
6 Ebia asusow bere no betumi ama yɛahyia nsɛnnennen wɔ adansedi a ɛnyɛ bɔnnɔ so de no mu. Enti mommma yemmmu yɛn ani nngu hokwan ahorow a yɛwɔ sɛ yebedi adanse bɔnnɔ so no so. Ɔkwan yi a yɛfa so ka asɛm no sow aba, na ɛsɛ sɛ Yehowa nkoa nya mu kyɛfa. Te sɛ Yesu no, ɛmmra sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn mfɛfo nnipa no bɛkanyan yɛn ma yɛaka asɛm wɔ bere biara a ɛfata mu!—Mat. 5:14-16.