Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Hokwan Ahorow a Yɛbɛhwehwɛ De Adi Bɔnnɔ So Adanse So
1 Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmma wɔn akanea nhyerɛn. (Mat. 5:14-16) Na ɔpɛ sɛ wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ afoforo bere biara a ɛfata. Eyi mu no, na Yesu yɛ nhwɛso. Eyi ho nhwɛso ne bere a ɔde hokwan no dii dwuma de kaa nokware no kyerɛɛ Samariani ɔbea bi wɔ Sikar asubura no ho no. (Yoh. 4:5-30) Yɛn nso ɛ? So yɛhwehwɛ hokwan ahorow a ɛte saa de di adanse?
2 Ɛnyɛ yɛn nyinaa na yebetumi akɔ asɛnka da biara. Nanso ɛkame ayɛ sɛ mmere bi betumi aba da biara a yebetumi adi adanse. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam bɔnnɔ so adansedi so. Ɔpepem pii abehu nokware no saa kwan yi so. Sɛ yɛma yɛn ani da hɔ sɛ yebehu hokwan ahorow no na afei yɛbɔ mmɔden a, yebetumi adu nnipa afoforo pii nkyɛn.
HENANOM NA YEBETUMI AKA ASƐM NO AKYERƐ WƆN?
3 Nea ɛka afie afie adansedi a wɔhyɛ da kɔ, sankɔhwɛ, ne Bible adesua ho no, yebetumi adi mfɛfo adwumayɛfo, mfɛfo sukuufo, wɔn a yɛne wɔn wɔ adwumam nkitahodi, abusuafo, ne amannifo afoforo adanse bɔnnɔ so. Sɛ yɛde bɔs, keteke, anaa wimhyɛn retu kwan a, yebetumi ne mfɛfo akwantufo abɔ nkɔmmɔ. Bere a yɛwɔ akwamma mu no, yebetumi ne ahɔhogyebea adwumayɛfo, wɔn a wɔtɔn petrol, adidibea adwumayɛfo, ne taksi afirikafo abɔ nkɔmmɔ. Bere a yɛretwɛn ma oduruyɛfo ahwɛ yɛn, anaasɛ yɛretwɛn lɔre no, yebetumi akasa akyerɛ afoforo. Bere a yɛwɔ fie no, ebia yebetumi adi afipamfo ne amannifo afoforo adanse. Sɛ yɛda ayaresabea mpo a, yebetumi adi nnuruyɛfo, ayarehwɛfo, ne ayarefo afoforo no adanse.
SƐNEA WUBEFI ASE
4 Sɛ yɛne obi ayɛ nhyehyɛe rehyia baabi na yenim sɛ yɛbɛtwɛn no akyɛ kakra a, yebetumi afa kratawa biako anaa abien anaa nhoma ketewa bi akɔ. Tebea a ɛte sɛɛ mu no, ebinom ahu sɛ etu mpɔn sɛ wobefi nkɔmmɔbɔ ase denam asɛm bi a esii nkyɛe ho asɛm bi a wɔbɛka na afei wɔabisa onipa no nea ɔwɔ ka wɔ ho no so. Afoforo ahu sɛ nsemmisa a ɛkanyan adwene a ɛfa asɛm bi a esii nkyɛe ho no tumi kowie adansedi fɛfɛ mu. Nsɛm no nyinaa mu no, nea ɛho hia ne sɛ wubefi ase na ama nneɛma atoatoa so.
ADWUMAM ADANSEDI
5 Wɔn a wɔyɛ honam fam nnwuma betumi ahwehwɛ hokwan ahorow a ɛbɛma wɔadi mfɛfo adwumayɛfo adanse. Anuanom mmea baanu bi a wɔwɔ Georgia. U.S.A. kyerɛkyerɛw wɔn mfɛfo adwumayɛfo a wosusuwii sɛ wɔn ani begye nokware no ho no din. Wɔnam kasa a wɔne wɔn a wɔakyerɛw wɔn din no ne afoforo kakraa bi kasae so no tumi maa Revelation Climax nhoma no 65 na wonyaa anigyefo pii. Wubetumi ayɛ biribi a ɛte saa?
6 Asɛm foforo mu no, onua bi bɔɔ ne tirim sɛ obedi onipa a obedi kan abɛtra ne nkyɛn wɔ ne simma 15 adidibere mu no adanse. Ná ɔbarima a ɔne no kasae no nim nokware no ho biribi nanso ɔkae sɛ ɔmpɛ sɛ wɔbɛtoa asɛm no so. Ne nyinaa akyi no, yɛn nua no gyaw nhoma too baabi a ɛrenyɛ den sɛ ɔbarima no behu afa. Asram asia mu no, wɔbɔɔ ɔbarima no ne n’abusua nyinaa asu.
7 Sɛ “wiase hann” no, Yesu hwehwɛɛ hokwan ahorow a ɛbɛma wadi bɔnnɔ so adanse. (Yoh. 8:12) Sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛka yɛn anidaso a egyina Bible so no akyerɛ a, yɛn nso yɛremma hokwan ahorow a yɛde bedi adanse no mpa yɛn ti so. Enti, te sɛ Yesu asuafo no, ‘yɛbɛhyerɛn sɛ akanea ewiase.’—Fil. 2:15, 16.