Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/92 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Ma July

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Ma July
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase July 6
  • Dapɛn a Efi Ase July 13
  • Dapɛn a Efi Ase July 20
  • Dapɛn a Efi Ase July 27
Yɛn Ahenni Som—1992
km 7/92 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Ma July

Dapɛn a Efi Ase July 6

Dwom 80

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a ɛfata. Sɛ bere ma kwan a, ma daa akwampaefo anaasɛ akwampaefo aboafo baanu nka nnianim nsɛm a wɔahu sɛ etu mpɔn bere a wɔyɛ mo asasesin no mu adwuma ho asɛm.

15 min: “Sɛnea Ehia sɛ Adesamma Hwehwɛ Onyankopɔn.” Asemmisa ne mmuae. Ma wonnya yɛn asɛnka adwuma no ho anigye ɔsram yi. Kyerɛ sɛnea nhoma no betumi aboa nnipa a wɔwɔ nyamesom ahorow mu wɔ mo asasesin no mu no.

20 min: “Sɛnea Yɛde Mankind’s Search for God Bɛkyerɛ.” Munsusuw asɛm no mu nyansahyɛ ahorow no bi ho na yɛ ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ ɔyɛkyerɛ biako mu no, kyerɛ sɛnea wɔfa ɔkwan tẽẽ so yɛ Bible adesua. Afei nso, kyerɛ sɛnea wobetumi de akwan du a wɔbɛfa so ahu nokware som a wɔka ho asɛm wɔ kratafa 377 no adi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.

Dwom 225 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 13

Dwom 34

10 min: Nkaebɔ. Ka June asɛnka akontaabu mu nsɛntitiriw ho asɛm. Ka mo asafo no asɛnka akontaabu ma June no ho asɛm. Fa sika akontaabu ma. Kamfo asafo no wɔ adwuma a wɔyɛe wɔ asɛnka mu ne sika a wofi ayamye mu de boaa asafo no ho.

20 min: “So Wubedi Bɔnnɔ so Adanse Wɔ Bere Biara a Ɛfata Mu.” Munsusuw asɛm no mu nsɛntitiriw ho na yɛ ho ɔyɛkyerɛ. Si nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo mmere nyinaa, enti yɛpɛ sɛ yɛhwehwɛ hokwan ahorow a yɛde bedi adanse no so dua. Di kan siesie osuahu ntiantiaa abien a ɛkyerɛ sɛnea ankorankoro bi de wɔn ho hyɛɛ bɔnnɔ so adansedi mu ma nnepa fii mu bae, ne sɛnea asafo no muni bi ani begyee nokware no ho denam bɔnnɔ so adanse so.

15 min: Bible mu nkɔmmɔbɔ ne Mankind’s Search for God a wɔde ma ho nkɔmmɔbɔ ne ɔyɛkyerɛ, a wɔde Yesaia 55:6, 7 ne Asomafo no Nnwuma 17:26, 27 di dwuma. Kyerɛ sɛnea afoforofo ne mmofra betumi de Yesaia 55:6, 7 nkutoo aka asɛm tiawa bi a asete nyɛ den akyerɛ.

Dwom 154 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 20

Dwom 173

5 min: Nkaebɔ ahorow. Teokrase Nsɛmmansɛmma. Sɛ woreka ho asɛm a, fa Korea ne Nigeria ho amanneɛbɔ no toto aman abien yi ho nsɛm a wɔde mae wɔ 1986 ɔsom afe no mu, sɛnea yehu wɔ 1987 Yearbook mu ɔsom afe akontaabu mu no ho.

20 min: “Akwampae Adwuma—Ɔdɔ a Woyi Adi Kyerɛ.” Nsemmisa ne mmuae. Bere a moasusuw nkyekyem 3 ne 4 ho awie no, bisabisa daa akwampaefo baasa (anaa adawurubɔfo a wɔyɛ akwampaefo aboafo adwuma daa anaasɛ wɔ bere ne bere mu), a abofra bi a ɔyɛ daa ɔkwampaefo, sɛ obi wɔ hɔ saa a, a ofii akwampae adwuma ase bere a owiee sukuu ara pɛ no ka ho nsɛm. Bisa sɛnea wɔyɛɛ wɔn nhyehyɛe na wɔayɛ akwampae adwuma no, nea ɛkanyan wɔn ma wɔyɛɛ saa, honam fam nneɛma a na ɛsɛ sɛ wɔde bɔ afɔre, ne nhyira horow a wɔanya bere a wɔresom sɛ daa akwampaefo no.

20 min: “Kɔ a Yɛbɛsan Akɔ a Yɛn Botae ne sɛ Yɛrekofi Bible Adesua Ase.” Nkɔmmɔbɔ ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Yɛ Bible mu nkɔmmɔbɔ a wɔahyɛ ho nyansa wɔ nkyekyem 3 no ho ɔyɛkyerɛ. Fa Mankind’s Search for God nhoma nkratafa 372-5 no nkyekyem 17-20 di dwuma fa fi Bible adesua ase.

Dwom 135 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 27

Dwom 90

10 min: Nkaebɔ ahorow. Yɛ ɔyɛkyerɛ abien a ɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ Bible mu nkɔmmɔ bere a wɔde nsɛmma nhoma ma wɔ asɛnka mu dapɛn yi awiei no.

20 min: “Asomafo no Adedifo.” Ɔsom adwuma sohwɛfo ne ɔkwampaefo bi a ɔresan akɔsra obi a obisaa nsɛm te sɛ: “So ɛnyɛ paapa no ne ɔsomafo Petro ɔdedifo?” no. Fa nkɔmmɔbɔ no gyina Reasoning nhoma no kratafa 37 kosi asɛmti ketewa a edi kan wɔ kratafa 39 no so.

15 min: “Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woma Wɔyɛ W’aware ho Kyerɛwtohɔ?” Ɔhwɛfo guamtrani anaasɛ ɔpanyin foforo a ɔwɔ osuahu ne atiefo susuw asɛm no ho. Si sɛnea ehia sɛ yetie “Kaesare” wɔ asɛm yi mu so dua.

Dwom 167 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena