Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/92 kr. 3
  • Akwampae—Ɔdɔ a Woyi Adi Kyerɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akwampae—Ɔdɔ a Woyi Adi Kyerɛ
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwampae Adwuma—So Wubetumi Ayɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Wo Som Mu A Wobɛtrɛw Sɛ Daa Ɔkwampaefo
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • “Gyidi Honhom” Adi A Yebeyi
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Daa Akwampae Adwuma—Ɔfrɛ a Ɛkɔ Anigye Kɛse Mu
    Yɛn Ahenni Som—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 7/92 kr. 3

Akwampae—Ɔdɔ a Woyi Adi Kyerɛ

1 Ɔdɔ ma Yehowa ne yɛn mfɛfo nnipa na ɛkanyan yɛn ma yɛde yɛn ho hyɛ asɛnka adwuma no mu kɛse. Bere a ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne nnipa no reyɛ kɛse no, ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ ɔsom adwuma no a yɛbɛyɛ no kɛse asen saa mpo ho nhyehyɛe. Bere a Onyankopɔn Asɛm mu ‘nokware nimdeɛ’ a yɛwɔ no yɛ kɛse no, na yɛn dɔ mu trɛw. (Fil. 1:9, 10) Mpɛn dodow a yesua Yehowa apɛde ho ade no, dodow no ara na yehu sɛnea bere a yɛte mu no gye ntɛmpɛ no. Eyi hyɛ afoforo ho a yedwen no mu den. Nnipa pii reda ɔdɔ mu a wofi dwen afoforo ho no adi denam akwampae adwuma no a wɔyɛ no so.

2 So wubetumi ayɛ nsakrae a ehia no na wayɛ akwampaefo boafo anaasɛ daa ɔkwampaefo? Nokwarem no, ɛnyɛ yɛn nyinaa na yetumi yɛ akwampae adwuma no. Nanso ɛsɛ sɛ obiara de mpaebɔ hwehwɛ ne nsɛm tebea mu.

3 Kristofo kakra bi pɛ na wohu sɛ wɔwɔ bere pii a wɔde bɛyɛ akwampae adwuma; enti, ɛho hia sɛ ‘yɛtɔ bere a ɛsɛ no’ fi nneɛma a ɛho nhia a mprempren egye yɛn bere no mu. (Efe. 5:15-17) Ɛsɛ sɛ ɔdɔ ma Onyankopɔn ne nnipa no ma yenya ɔpɛ sɛ yɛde nneɛma a yɛn ankasa pɛ ne nea ɛma yenya ahotɔ no bi bɛbɔ afɔre na ama yɛada ɔdɔ a ɛkyɛn so adi. (Marko 12:33) Ebia wobebu nneɛma a yɛtɔ, a ebia yɛte nka sɛ ɛyɛ nneɛma a ɛsɛ no mu pii sɛ afɛfɛde wɔ wiase no afã horow.

4 Dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ma wɔadwen nneɛma ho sɛnea Onyankopɔn yɛ wɔ asɛm yi mu? Ɛsɛ sɛ awofo de teokrase botae horow sisi wɔn mma anim fi wɔn mmofraase. Bere a wɔrebewie sukuu no, so wɔredwen wiase botae anaa honhom fam botae horow ho? Yɛpɛ sɛ yɛboa yɛn mmofra ma wohu mfaso a ɛtra hɔ daa a akwampae adwuma a wɔde wɔn ho hyem fi mmofraaberem de ba no. Eyi kyerɛ sɛ wɔrehyehyɛ ademude wɔ soro. (Mateo 6:19-21) Ɛsɔ Onyankopɔn ani, na edi nokwaredi ne ahofama a yɛwɔ ma no no ho adanse. Na egye afoforo nkwa.

5 Ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ‘wogye nnipa nyinaa nkwa.’ (1 Tim. 2:4) So yebetumi akyerɛ sɛ nea yɛn nso yɛpɛ nen? Yebetumi akyerɛ saa, sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛde Ahenni nneɛma bedi kan a. Yebetumi ayɛ saa nso denam ahotoso a yebenya sɛ Yehowa de asetrade bɛma yɛn no so. (Mateo 6:31-33) Ebia sikasɛm nhyehyɛe horow bɛsɛe, nanso bɔ a Yehowa ahyɛ sɛ ɔbɛhwɛ yɛn no rensakra da.—Dw. 37:25.

6 Yɛn ho a yɛbɛyere na yɛanya asɛnka mu kyɛfa sɛnea yɛn nsɛm tebea ma kwan no kyerɛ sɛ yɛreyi ɔdɔ adi akyerɛ. Wɔ ebinom fam no, eyi bɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ daa akwampaefo. Dɛn nti na wonyɛ nea wubetumi biara sɛ ebedu September 1, 1992 no, na woafi ase?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena