Dɛn Nti Na Ɛsɛ sɛ Woma Wɔyɛ W’aware Ho Kyerɛwtohɔ?
Wotu Kristofo fo wɔ Romafo 13:1 (New World Translation) sɛ: “Mommrɛ mo ase mma atumfo a wɔkorɔn no.” Ɔkwan biako a Kristoni fa so brɛ ne ho ase saa ne sɛ obedi ɔman no mmara ahorow so, bere a ɛne Onyankopɔn mmara a ɛkorɔn sen biara no mmɔ abira no.
2 Wɔ ɔman yi mu no, yɛwɔ aware ho mmara a ese “sɛ wɔware wɔ amanne kwan so a, ɛsɛ sɛ awarefo no mu biako anaa wɔn baanu nyinaa kyerɛw kɔma Ɔmantam . . . a wɔwaree wom no Registrar of Marriages sɛ ɔnyɛ aware no ho kyerɛwtohɔ.”
3 Ɛyɛ ampa sɛ wɔde yɛ kyerɛwtohɔ kɛkɛ, na ɛnyɛ ɛno na ɛkyerɛ sɛ aware a wɔahyehyɛ dedaw no di mu. Nanso, asɛm a eye sɛ Kristoni hyɛ no nsow ne sɛ Customary Marriage and Divorce (Registration) mmara, (PNDC mmara 112) a wɔahyɛ no nti, Kaesare ama ayɛ ɔmanfo nyinaa a wɔaware wɔ amanne kwan so, a nokware Kristofo ka ho no, asɛyɛde sɛ wɔyɛ wɔn aware ho kyerɛwtohɔ. Mmara no kyerɛ sɛ “sɛ wɔware a, ɛsɛ sɛ wobisa ma wɔyɛ aware no ho kyerɛwtohɔ wɔ asram abiɛsa ntam.”
4 Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ wɔ March 1978 mu tɔnn no, krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu ka kyerɛɛ ‘mpanyimfo no sɛ wɔnhyɛ wɔn a wɔnyɛɛ wɔn aware ho kyerɛwtohɔ no nkuran ma wonni Kaesare abisade no so, na ama wɔabrɛ wɔn ho ase ama atumfo a wɔkorɔn no.’ Enti wɔhyɛ awarefo nyinaa titiriw nkuran sɛ wɔnhyɛ asram abiɛsa a mmara no kyerɛ sɛ wɔnyɛ wɔn aware ho kyerɛwtohɔ wom no nsow. Anuawanom a wɔwɔ kununom a wonnye nni no betumi afi ayamye mu aboa wɔn ma wɔahu sɛnea ehia sɛ wodi PNDC mmara 112 no so wɔ asɛm yi mu. Mmara yi ka mpo sɛ “obiara a . . . ɔnyɛ amane kwan so aware bi ho kyerɛwtohɔ anaa ɔpow sɛ ɔbɛyɛ saa, a ntease biara nnim . . . bedi fɔ ma watua sika a ɛmmoro ₵10,000.00 anaa wɔde no bɛto afiase a wɔremma ɛmmoro mfe abiɛsa anaasɛ wɔbɛbɔ no ka na wɔde no ato afiase aka ho.”
5 Awarefo a wɔnyɛɛ wɔn aware ho kyerɛwtohɔ wɔ bere a wɔahyɛ no mu, a wonni nnyinaso pa biara no nyɛ nhwɛso pa a ɛbɛma wɔafata ayɛ akwampae aboafo adwuma no bi, na wɔremma wɔnyɛ bere nyinaa som no fã biara bi. Wobegye okununom a wɔyɛ Kristofo, a afotu ne mmoa a mpanyimfo no de ma wɔn nyinaa akyi no, wɔnyɛ wɔn aware ho kyerɛwtohɔ no ɔsom mu hokwan afi wɔn nsam sɛ mpanyimfo anaa asafo mu asomfo, sɛ wɔresom saa a.
6 Wɔremma awarefo a wɔnyɛɛ wɔn aware ho kyerɛwtohɔ no nyɛ ɔyɛkyerɛ wɔ Ɔsom Nhyiam mu, anaasɛ emu dwumadi foforo biara. Wobetumi ama eyinom Teokrase Ɔsom Sukuu no mu dwumadi no bi, na wɔama mmuae wɔ nhyiam horow ase. Ɛsɛ sɛ wɔma awarefo kwan ma wɔkɔ asɛnka na wɔde akontaabu ba, sɛ́ wɔayɛ wɔn aware ho kyerɛwtohɔ anaasɛ wɔnyɛe no. Sɛ wɔfata asubɔ a, wɔremfa nkame wɔn.
7 Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa si wɔn bo sɛ ‘wɔbɛbɔ ɔbra pa wɔ amanaman no mu,’ na nea ɛka eyi ho ne yɛn aware a yɛbɛyɛ ho kyerɛwtohɔ sɛnea Kaesare hwehwɛ no.—1 Pet. 2:12.