Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase October 12
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 12
Dwom 110
□ Asafo Bible Adesua:
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Deuteronomium 4-6
No. 1: Deuteronomium 4:15-28
No. 2: Yehowa ne Ne Ba no a Yɛbɛkae Wɔn (lr ti 37)
No. 3: Bere Bɛn na Yebetumi Aka sɛ Ade Ketewa Ye? (Mmeb. 15:16)
□ Ɔsom Nhyiam:
Dwom 13
5 min: Nkaebɔ.
10 min: Ofie Bible Adesua a Wobɛyɛ. Ɔkasa a egyina asɛm a ɛwɔ Nhyehyɛe nhoma no kratafa 98, nkyekyɛm 2 kosi kratafa 99, nkyekyɛm 1 so. Ma adawurubɔfo nka anigye a obi a wɔkyerɛkyerɛɛ no nokware no ama wɔanya no ho asɛm tiawa.
10 min: Nhoma a Yɛde Bɛma wɔ October Mu. Ma wɔnyɛ ho ɔyɛkyerɛ abien. Ɛsɛ sɛ wobisa asɛm bi a sɛ wɔrekɔyɛ sankɔhwɛ a wobebua wɔ ɔyɛkyerɛ no biako mu. Ɛsɛ sɛ ɔyɛkyerɛ a ɛka ho no kyerɛ sɛnea wofi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Sɛ wowie ɔyɛkyerɛ no mu biara a, wo ne atiefo nsusuw emu nsɛntitiriw a wɔhyɛɛ no nsow no ho tiawa.
10 min: “Woasiesie Wo Ho sɛ Wubedi Adanse Bɔnnɔ So?” Asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ.
Dwom 48