Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/03 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase July 14
  • Dapɛn a Efi Ase July 21
  • Dapɛn a Efi Ase July 28
  • Dapɛn a Efi Ase August 4
Yɛn Ahenni Som—2003
km 7/03 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase July 14

Dwom 56

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a Wɔapaw. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no yɛ ɔyɛkyerɛ ahorow abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde July 15 Ɔwɛn-Aban ne August 8 Nyan! no bɛma. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma no abien ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de.

15 min: Ɔkwan Bɛn so na Yehowa Som Ma Yɛn Asetra Tu Mpɔn? Atiefo nkɔmmɔbɔ. Nokware som ne ade titiriw a ɛma yɛn asetra yɛ anigye ne nea mfaso wɔ so. (1) Ɛboa yɛn ma yegyina asetram nsɛnnennen ne dadwen ahorow ano. (Fil. 4:6, 7) (2) Ɛhyɛ yɛn nkuran ma yenya su pa. (2 Pet. 1:5-8) (3) Ɛboa yɛn ma yɛde yɛn bere ne yɛn ahonyade di dwuma wɔ ɔkwan a eye sen biara so. (1 Tim. 6:17-19) (4) Ɛma yenya daakye ho anidaso a edi mu. (2 Pet. 3:13) (5) Ɛma yetumi ne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den. (Yak. 4:8) Hwɛ sɛnea wɔn a wonnim Yehowa anaasɛ wɔnsom no no nni saa nneɛma yi bi.

20 min: “Anisɔ a Yebenya Wɔ Onyankopɔn Mmɔborohunu Ho.”a Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 ho a, fa obi a wɔma no nsɛmma nhoma daa ho nyansahyɛ ahorow a egyina October 1998 Yɛn Ahenni Som, kratafa 8 so ma. Bisabisa ɔdawurubɔfo biako anaa baanu nsɛm fa ɔkwan a wɔfa so fi Bible adesua ahorow ase a wɔahu sɛ etu mpɔn ho nsɛm. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa nyɛ wɔn botae sɛ wobefi Bible adesua ase na wɔakɔ so ayɛ.—om-TW kr. 90.

Dwom 176 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 21

Dwom 184

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

12 min: Munsusuw “Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo” no ho. Ka da a wɔbɛyɛ da koro nhyiam titiriw a edi hɔ no, na hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonnu hɔ ntɛm na wɔnyɛ aso ntie dwumadi no nyinaa. Hyɛ adawurubɔfo no nkuran ma wɔnto nsa mfrɛ anigyefo a wɔyɛ foforo ne Bible asuafo.

23 min: “Fa Nsiyɛ ‘Di Adanse Fefeefe.’”b Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di ho dwuma. Sɛ mususuw nkyekyɛm 5 ne 6 ho wie a, ma wɔnyɛ bɔnnɔ so adanse a wodi obi a ɔtɔn ade wɔ sotɔɔ mu na wɔma no So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? no ho ɔyɛkyerɛ tiawa. Ma wɔnkenkan nkyekyɛm 7 ne 8 ansa na moasusuw ho.

Dwom 131 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 28

Dwom 45

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn July asɛnka akontaabu mma. Ma wɔmfa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no nyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde August 1 Ɔwɛn-Aban ne August 8 Nyan! no bɛma. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma no abien ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de. Wɔ ɔyɛkyerɛ ahorow no biako mu no, ma ɔdawurubɔfo no nyɛ sɛnea ɔredi adanse wɔ borɔn so.

15 min: “Pɛnhyenkɔ—So Ɛyɛ Hokwan a Ɛma Wotumi Yɛ Adwuma Pii?”c Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bisabisa ɔdawurubɔfo bi a ɔde pɛnhyen a wakɔ ayɛ pii wɔ Yehowa som adwuma mu no nsɛm tiawa. Bisa nsakrae ahorow a wayɛ ne nhyira ahorow a ama wanya no ho nsɛm.

20 min: “Kuw Adansedi De Anigye Ba.”d Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 ho a, fa September 2001 Yɛn Ahenni Som Nsɛmmisa Afã mu nsɛm ka ho. Bisabisa Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo bi nsɛm tiawa. Bisa asɛnka adwuma ho nhyehyɛe a wayɛ ama ne nhoma adesua kuw no ho asɛm ne sɛnea kuw no nya adansedi a wɔbom kɔ no so mfaso ho asɛm.

Dwom 36 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase August 4

Dwom 178

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka nhoma a yɛde bɛma ɔsram yi ho asɛm. Ma wɔnyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ a wobetumi de adi dwuma biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ.

20 min: “Nhoma a Yɛde Bɛma Wɔ Asasesin a Wɔka Kasa Pii Wom Mu.”e Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 ho a, ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ a wɔde amannɔne kasa a wɔka wɔ mo asasesin mu a wonni asafo biara a ɛka saa kasa no di dwuma wom tiawa.—km-TW 7/02 kr. 1 nky. 4.

15 min: Mmofra Reyi Yehowa Ayɛ! Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ ne nsɛm a wobisabisa. Yɛn ani gye sɛ yɛte sɛ mmofra ma mmuae a wɔasiesie no yiye wɔ asafo nhyiam ahorow ase. Wɔn mmɔdenbɔ ne wɔn nkɔso a wɔda no adi wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu no yɛ anigye. Wɔda nokware gyidi adi bere a wodi adanse pa wɔ asɛnka mu no. Wɔn suban pa no hyɛ Yehowa anuonyam. (yb88-E kr. 53-4) Wɔn honhom fam nkɔso no ma wonya nea wobegyina so anya ɔsom hokwan ahorow daakye. Bisabisa Kristofo mmabun baanu anaa baasa a wɔde wɔn ho hyɛ asafo no dwumadi ahorow mu daa nsɛm tiawa. Fi komam kamfo mmabun a wɔwɔ asafo no mu wɔ mmɔdenbɔ a ɛfata a wɔde reyi Yehowa ayɛ no ho.

Dwom 49 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

e Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena