Hwehwɛ Onyankopɔn Ahenni Kan—Denam Ayeyi Afɔre a Wobɛbɔ no Daa So
1 Wɔn a wɔhwehwɛ Ahenni no kan no adwene wɔ so bere nyinaa sɛ wɔbɛka Yehowa ne n’Ahenni no ho asɛm akyerɛ. (Dw. 145:11-13) Yenya hokwan da biara sɛ yebehyira ne din na yɛaka asɛmpa no akyerɛ. (Dw. 96:2) Ná odwontofo no ani gye ho sɛ obeyi Yehowa ayɛ, na ɔkae sɛ: “Onyankopɔn mu na [yɛde ayeyi bɛma, NW] daa nyinaa.” (Dw. 44:8) Sɛ saa ara na yɛte nka a, yɛn ho bɛpere yɛn sɛ yebenya Ahenni som adwuma no mu kyɛfa daa.
2 Yehowa mfaa nnɔnhwerew ahwehwɛde pɔtee bi nsii hɔ sɛ yɛmfa nyɛ ɔsom adwuma no, nanso ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ so nyi no ayɛ “daa.” (Heb. 13:15) Sɛ yɛn nsɛm tebea ma yɛn kwan a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛde bere bi besi hɔ de ayi Yehowa ayɛ dapɛn biara. Wɔn a wɔreyɛ saa dedaw no betumi ayɛ wɔn nhyehyɛe na wɔasom sɛ akwampaefo aboafo wɔ bere ne bere mu anaa wɔayɛ atoam mpo. Ebia ebinom a wɔrenya akwampaefo aboafo adwuma no mu kyɛfa no betumi abɛyɛ daa akwampaefo.
3 Sɛnea yɛn nsɛm tebea te biara no, so yebetumi ama yɛn ayeyi afɔre no anya nkɔanim? Anisɔ na ɛkanyan nsiyɛ. Onyankopɔn Asɛm a yɛn ankasa sua na ɛma yenya anisɔ. Asafo nhyiam horow kanyan yɛn ma yɛda saa anisɔ no adi wɔ akwan a mfaso wɔ so so. Ayeyifo afoforo a wɔyɛ nsi a yɛne wɔn benya fekubɔ a emu yɛ den betumi ‘atwetwe yɛn akɔ nnwuma pa mu.’ (Heb. 10:24) Yɛnam nsiesie a asafo no yɛ a yɛde bedi dwuma akosi ase no so betumi ama yɛn ayeyi afɔre no anya nkɔanim.
4 Odiyifo bea Hana yɛɛ nhwɛso fɛfɛ wɔ Yehowa som mu. Ɛwom sɛ na wadi mfe 84 de, nanso na “ɔmpa asɔrefi hɔ da, na ɔde [ɔsom kronn ma, NW] Nyankopɔn adesae ne adekyee.” (Luka 2:37) Ne kra nyinaa mu a ofi de ne ho hyɛɛ asafo dwumadi ahorow mu no ma onyaa akomatɔyam kɛse. Nokwaredi a ɔde somee ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no hyɛ yɛn nkuran nnɛ.
5 Paulo kamfo kyerɛe sɛ ‘ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ den no soa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛwyɛ.’ (Rom. 15:1) Ebia ebinom wɔ w’asafo mu a wobetumi anya wo mmoa ne nkuranhyɛ a efi ayamye mu no so mfaso. Ebia wo nsa a wobɛto afrɛ wɔn ma wɔne wo ayɛ asɛnka adwuma no ara ne nea ehia. Ebia na ɔdawurubɔfo foforo bi hia mmoa na watumi asiesie ne ho ama asɛnka adwuma anaa ohia obi a ɔne no bɛnantew. Ebetumi aba sɛ abasamtu na ɛhaw onipa foforo no, na wo na ebia wubetumi ahyɛ onii no nkuran na akanyan Ahenni som adwuma no ho nsi a ɔwɔ no bio. (1 Tes. 5:14) Ɔpɛ a wubenya sɛ wobɛma ‘ahotefo hia ahia wo bi’ no da no adi sɛ wufi koma mu hwehwɛ sɛ wobɛma Yehowa din ho ayeyi anya nkɔanim.—Rom. 12:13.
6 Yentumi mmobɔ nneɛma a Yehowa ayɛ dedaw, ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn daakye no nyinaa din. Ɔkwan biara nni hɔ a yebetumi afa so atua no ka wɔ saa nhyira yi ho. Hwɛ ntease a emu yɛ den ara a ɛwɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ ‘nea ɛhome nyinaa yi Yehowa ayɛ’!—Dw. 150:6.