Ɛbere no Ni
1 Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛw ne krataa a ɛto so abien kɔmaa Korintofo no, ɔkaee wɔn sɛ wosii gyinae sɛ wɔbɛyɛ adwuma pa bi de nneɛma akɔboa wɔn mfɛfo gyidifo wɔ Yerusalem. Nanso, na afe biako atwam a wonnya nwiee adwuma a wofii ase no. Enti ɔhyɛɛ wɔn sɛ: “Munwie ɔyɛ no nso, na, sɛnea mowɔ koma a ɛpɛ no, moafi ade a mowɔ no mu awie saa ara.”—2 Kor. 8:11.
2 Yɛn nyinaa de botae horow bi asisi yɛn anim pɛn. Ebia yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛma asɛnka adwuma a yɛyɛ no anya nkɔanim, yebehu yɛn nuanom yiye, yɛbɛfata ama ɔsom hokwan bi, anaa yebedi mmerɛwyɛ bi so. Ɛwom sɛ yɛde adwempa fii ase de, nanso ebia yɛammia yɛn ani annu yɛn botae no ho. Ebia yɛn ani baa yɛn ho so no na adapɛn, asram, anaa mfe bi mpo atwam a yennyaa nkɔanim biara. So ebetumi aba sɛ ehia sɛ yɛde afotu a ese ‘yenwie’ nea yefii ase no di dwuma?
3 Yɛn Botae Horow ho a Yebedu: Yɛn bo a yɛn ankasa besi sɛ yɛbɛyɛ biribi no yɛ ade biako, nanso ne yɛ nso yɛ ade foforo koraa. Mmɔtohɔ tumi siw nkɔso kwan. Ehia sɛ yesi gyinae na yɛwe hinam so sɛ yɛbɛkɔ yɛn anim a yɛntwentwɛn yɛn nan ase. W’ankasa nhyehyɛe a wobɛyɛ so wɔ mfaso. Ɛho hia sɛ wode bere a ehia ma adwuma no si hɔ, na wohwɛ hu sɛ wode bere no adi saa atirimpɔw no ho dwuma. Ɛyɛ papa sɛ wode bere a wode bewie si hɔ na afei wohyɛ wo ho so wie no saa bere no.
4 Sɛ botae horow bi a yɛpɛ sɛ yedu ho ma yɛn ho kyere yɛn a, ɛyɛ mmerɛw sɛ yebenya adwene sɛ: ‘Mɛba so akyiri yi.’ Nanso yennim nea ebesi daakye. Mmebusɛm 27:1 ka sɛ: “Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho, na wunnim nea ɛda bɛwo.” Osuani Yakobo bɔɔ kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yenya ahotoso mmoroso wɔ daakye mu efisɛ “munnim nea ɛbɛba ɔkyena. . . . Nea onim papa yɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.”—Yak. 4:13-17.
5 Esiane nneɛma pii a egye asabawmu ne pii a afoforo hwehwɛ fi yɛn hɔ nti, ɛnyɛ den sɛ yɛn ani bɛpa yɛn botae horow no so. Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho denneennen na akɔ so atra yɛn adwene mu daa. Mfaso wɔ so sɛ yɛde asɛm no bɛkɔ mpaebɔ mu. Afoforo a wɔbɛn yɛn a yɛbɛka akyerɛ wɔn sɛ wɔnkaakae yɛn na wɔnhyɛ yɛn nkuran no betumi aboa. Agyiraehyɛde bi a yɛbɛyɛ wɔ yɛn kalenda so no bɛkae yɛn ma yɛahwɛ sɛ yɛrenya nkɔso anaa. Ɛsɛ sɛ obi yɛ n’adwene sɛ ‘ɔbɛyɛ sɛnea wasusuw ho ne komam no.’—2 Kor. 9:7.
6 October ɔsram no ma yenya hokwan kɛse sɛ yɛde yɛn ani besi yɛn botae horow so. Yɛbɛma nkurɔfo akra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma ahorow no. So yebetumi de botae a ntease wom bi asisi yɛn anim na yɛadu ho? So yentumi mfa nyɛ yɛn botae sɛ anyɛ yiye koraa no, yɛbɛma obi akra nsɛmma nhoma wɔ ɔsatu no mu? Ebetumi ayɛ botae horow a ntease wom ama nnipa pii sɛ wobesi gyinae sɛ wɔbɛyɛ sankɔhwɛ pii na wɔafi Bible adesua foforo ase.
7 Nyansa nnim sɛ yɛbɛbɔ nea ɛho hia ato hɔ, efisɛ ‘wiase yi retwam.’ (1 Yoh. 2:17) Mprempren, yebetumi anya hokwan ahorow a ɛyɛ soronko ne nhyira wɔ Yehowa som mu. Nya a yebenya no gyina yɛn so.