Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g18 nɔma 2 kr. 15
  • 12 Fa Botae Sisi W’ani So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 12 Fa Botae Sisi W’ani So
  • Nyan!—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ƐKYERƐ
  • NEA ENTI A ƐHO HIA
  • NEA WUBETUMI AYƐ
  • Fa Onyankopɔn Som mu Botae Ahorow Hyɛ Wo Bɔfo no Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Mmofra—Mompere Nnu Botae Ahorow a Ɛfata Ho
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Sɛnea Wubetumi Adu Wo Som Mu Botae Ahorow Ho
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nya W’ankasa Botae Horow Ma Ɔsom Afe Foforo No
    Yɛn Ahenni Som—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2018
g18 nɔma 2 kr. 15
Aberante bi redrɔ ɛdan plan

Sɛnea wubetumi ahwɛ dan plan so asi dan no, saa ara na botae nso te; sɛ woyere wo ho a, wubetumi adu ho

MMABUN

12 Momfa Botae Nsisi Mo Ani So

NEA ƐKYERƐ

Yɛka botae a, ɛnyɛ adaeso anaa biribi a wopɛ sɛ ɛbam kɛkɛ. Sɛ wubetumi de botae papa asisi w’ani so na woadu ho a, ehia sɛ wususuw ho yiye. Ɛnsɛ sɛ woyɛ kyenkyenee, na ehia sɛ woyɛ ho adwuma.

Botae bi wɔ hɔ a, wubetumi de bere tiaa bi adu ho (ebia nnafua anaa nnawɔtwe bi). Ebi nso betumi agye bere tenten kakra (abosome bi). Ebi nso de, ebetumi agye bere tenten pa ara (ebia afe anaa nea ɛboro saa). Botae a ebegye bere tenten ansa na woadu ho no, wubetumi de botae nketenkete bi asisi w’ani so na aboa wo ma woatumi adu ho.

NEA ENTI A ƐHO HIA

Sɛ wutumi du wo botae ho a, ebetumi ama woanya ahotoso, wo ne wo nnamfo ntam bɛyɛ kama, na w’ani begye pa ara.

Ahotoso: Sɛ wode botae nketenkete sisi w’ani so na wudu ho a, wubenya ahotoso de botae akɛse asisi w’ani so. Afei nso, sɛ wuhyia nsɛnnennen bi te sɛ atipɛnfo nhyɛso a, wubenya akokoduru de agyina ano.

Nnamfo: Sɛ woyɛ obi a wode botae sisi w’ani so a, ɛkyerɛ sɛ wunim nea wopɛ sɛ woyɛ na woayɛ krado sɛ wobɛyɛ ho adwuma. Sɛ wote saa a, nkurɔfo ani begye ho sɛ wɔne wo bɛbɔ. Bio nso, ade baako a ebetumi aboa pa ara ma wo ne w’adamfo ntam ayɛ kama ne sɛ mode botae baako besi mo ani so na moabom ayɛ ho adwuma.

Anigye: Sɛ wode botae sisi w’ani so na wudu ho a, w’ani begye sɛ woatumi ayɛ biribi.

“M’ani gye ho sɛ mede botae besisi m’ani so. Ɛma minya biribi de me bere yɛ, na bere nyinaa biribi si m’ani so. Sɛ wudu wo botae ho a, wubetumi atwa w’ani ahwɛ w’akyi, na wode anigye aka sɛ: ‘Enti matumi ayɛ? Nea mede sii m’ani so no, madu ho.’”—Christopher.

BIBLE MU ASƐM: “Nea ɔhwɛ mframa no rengu aba; na nea ɔhwɛ omununkum no rentwa aba.”—Ɔsɛnkafo 11:4.

NEA WUBETUMI AYƐ

Yɛ nea edidi so yi na woatumi de botae asisi w’ani so adu ho.

Hu botae a wopɛ sɛ wudu ho. Botae ahorow a wubetumi adu ho no, kyerɛw no nnidiso nnidiso; nea edi kan a wopɛ sɛ wudu ho, nea ɛto so mmienu, mmiɛnsa, na hyehyɛ no saa ara.

Yɛ ho nhyehyɛe. Botae biara a wode besi w’ani so no, yɛ nea edidi so yi:

  • Hyɛ bere a wubetumi de adu botae no ho.

  • Susuw nea wubetumi ayɛ de adu botae no ho.

  • Hwɛ nsɛnnennen a wubetumi ahyia ne nea wubetumi ayɛ de adi so.

Yɛ ho adwuma. Ntwɛn sɛ biribiara ntotɔ n’akwan mu ansa na woafi ase ayɛ wo botae ho adwuma. Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn ne ade a edi kan pa ara metumi ayɛ na madu me botae ho?’ Wuhu a, yɛ ho adwuma. Anammɔn no mu biara a wubetu awie no, hwɛ sɛ nneɛma rekɔ sɛn.

BIBLE MU ASƐM: “Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba.”—Mmebusɛm 21:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena