Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/94 kr. 8
  • Fi Ɔdɔ Mu Boa Wɔn a Wɔkyerɛ Anigye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fi Ɔdɔ Mu Boa Wɔn a Wɔkyerɛ Anigye
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • San Kɔhwehwɛ Anigyefo Nyinaa Fa Boa Afoforo
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Fi Nokwaredi mu Dwen Wɔn a Wɔkyerɛ Anigye Nyinaa Ho
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Sankɔhwɛ a Ɛwɔ Atirimpɔw
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • San Kɔ Anigyefo a Wunyaa Wɔn no Nkyɛn
    Yɛn Ahenni Som—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1994
km 10/94 kr. 8

Fi Ɔdɔ Mu Boa Wɔn a Wɔkyerɛ Anigye

1 Bere a Yehowa bɔfo bi kyerɛɛ Filipo kwan kɔɔ Etiopiani bi a ofii ne komam kyerɛɛ Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware ho anigye nkyɛn no, ofi ɔdɔ mu kae sɛ ɔbɛboa no ma wate nea na ɔrekenkan no ase. (Aso. 8:26-39) So yɛbɔ mmɔden yiye sɛ yɛbɛboa wɔn a wɔkyerɛ anigye? Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa, efisɛ asuafoyɛ ka adwuma a wofi soro de ama yɛn no ho. (Mat. 28:19, 20) Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn?

2 Yi bere si hɔ dapɛn biara fa yɛ sankɔhwɛ ahorow. Yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛkɔ wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no nkyɛn, na bɔ mmɔden sɛ wobɛtoa Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ a wufii ase wɔ wo nsrahwɛ a edi kan no mu no so. Ma ɛntra w’adwenem sɛ wo botae ne sɛ wubefi Bible adesua ase. Fa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a aba foforo no bi kɔma osuani no daa, na hyɛ no nkuran sɛ ɔnkra bi.

3 Sɛ mususuw Bible no so mfaso ho wɔ wo nsrahwɛ a edi kan no mu a, wubetumi de “Reasoning” nhoma no kratafa 66 hɔ nyansahyɛ bi asan afi nkɔmmɔbɔ no ase na woaka biribi te sɛ eyi:

◼ “Ebinom te nka sɛ mfaso nni Bible mu afotu so wɔ yɛn nnɛ wiase yi mu. Wote nka dɛn wɔ ho? [Twɛn ma ommua.] So wunnye ntom sɛ mfaso wɔ nhoma a ɛde afotu pa a ebetumi ama yɛanya abusua asetra a anigye wom ma no so? [Twɛn ma ɔnkasa.] Abusua asetra ho nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe asakra, na nea afi mu aba a ɛnnɛ yehu no nye. Nanso mmusua a wɔde nea Bible ka di dwuma no agyina na anigye wom.” Kenkan Kolosefo 3:18-21. Fa Nea Enti a Wubetumi de Wo Ho Ato Bible no So kratawa no ma, na kyerɛkyerɛ mu sɛ yɛne afoforo hyehyɛ Bible adesua a wontua hwee.

4 Wubetumi afi adesamma ntam abusuabɔ a ɛkɔ so sɛe no ho nkɔmmɔbɔ ase wɔ saa kwan yi so:

◼ “Abusuabɔ a emu yɛ den a nkurɔfo pɛ sɛ wɔne afoforo nya no yɛ ade a wɔka ho asɛm kɛse wɔ yɛn mmere yi mu. Nnipa pii nwiinwii sɛ kɔ ara na wiase yi kɔ so da nitan adi. Wususuw sɛ dɛn na ɛde ɔhaw no ba? [Twɛn ma ommua.] Ebinom de yɛ wɔn su sɛ wɔbɛka afoforo sintɔ ho nsɛm atra so bere a wobu wɔn ani gu wɔn de so. Eyi betumi de nitan aba adwuma ne abusua mu. Tie nea Bible no ka sɛ ebetumi de nokware adamfofa aba. [Kenkan Efesofo 4:32.] Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛka nnipa nyinaa abom sɛ abusua biako a wɔwɔ anigye wɔ n’Ahenni mu.” Dan kɔ September 15, 1994 Ɔwɛn-Aban anaa Tra Ase Daa nhoma no nkratafa 234-237.

5 Sɛ wopɛ sɛ wode Bible no adwene wɔ Baasakoro ho no ho nkyerɛkyerɛmu foforo ma a, ebia wubetumi aka biribi te sɛ eyi:

◼ “Ebinom gye di sɛ Anyame baasa na ɛwɔ hɔ, obiara nkorɔn anaa ɔmma fam nsen ne yɔnko, na wɔkyerɛ sɛ wɔn mu biara yɛ Onyankopɔn. So Yesu kaa pɛn sɛ ɔne Onyankopɔn? [Twɛn ma ommua.] Bible no kyerɛ sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ne Yesu Kristo ntam abusuabɔ no yɛ agya ne ɔba ntam de, ɛsono wɔn mu biara.” [Kenkan Yohane 12:28.] Si so dua sɛ Onyankopɔn ne ne Ba no ho nokware nimdeɛ a obi benya no bɛma wanya daa nkwa. (Yoh. 17:3) Ka sɛ wobɛsan aba na mode nsɛmma nhoma no anaa nsɛm a efi Reasoning nhoma no nkratafa 405-26 asusuw asɛm no ho bio.

6 Etiopiani piani no gye toom sɛ ontumi nte nsɛm no ase gye sɛ obi boa no. (Aso. 8:31) Filipo fi ɔdɔ mu de mmoa a ohia no maa no. Yebetumi ada ɔdɔ ankasa a yɛwɔ ma afoforo no adi denam boa a yɛbɛboa wɔn saa ara no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena