Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi
1 Bible no anya nnipa ɔpepem pii asetra so tumi kɛse. Nea ɛka no kanyan nkurɔfo kɛse sen biribiara a nnipa betumi ayɛ. (Heb. 4:12) Hwɛ nea ayɛ ama yɛn. Nokwarem no, ɛso mfaso nni ano.
2 Yehowa Adansefo ne nkurɔfo a wosua Bible no na wɔka ho asɛm sen biara. Ɛsɛ sɛ yebu Bible akenkan sɛ yɛn teokrase nhyehyɛe a yedi ho dwuma daa no fã a ɛho hia, na yɛma ehia yɛn sen television hwɛ ne anigyede afoforo nyinaa.
3 Ma Ɛnyɛ Ade a Woyɛ no Daa: Yehowa nkurɔfo ani asɔ tumi kɛse a Bible a wɔkenkan no daa tumi nya wɔ wɔn so no. Wɔde asɛm bi a wɔakyerɛw no akɛse a ɛbɔ yɛn adan a yetintim nhoma wom no biako ho wɔ Brooklyn no aka akyerɛ nkurɔfo a wotwam wɔ hɔ no mfe pii sɛ “Kenkan Onyankopɔn Asɛm Kyerɛw Kronkron Bible no Da Biara.” Wɔhwehwɛ sɛ Betel abusua no mufo a wɔaba foforo kenkan Bible mũ no wɔ wɔn Betel som adwuma no afe a edi kan mu.
4 So woredi dapɛn biara Bible akenkan a wɔahyɛ ho nyansa wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi ho Nhyehyɛe mu no akyi ɛmfa ho sɛ wunni adagyew? Sɛ ne yɛ ayɛ wo den a, dɛn nti na wommɔ mmɔden nyɛ ho nhyehyɛe yiye wɔ November mu? Bible akenkan ma ɔsram no nyinaa ne Dwom 95-109, a ɛhwehwɛ sɛ wokenkan bɛyɛ nkratafa abiɛsa anaa anan dapɛn biara. Ebinom paw sɛ wɔbɛkenkan kakra da biara, ebia anɔpatutu anaa ansa na wɔada. Sɛnea wobɛyɛ no biara mfa ho, nea ɛho hia ne sɛ wubenya mfaso pa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no a wobɛkenkan no daa no mu.
5 Fa Bible no Ma wɔ November Mu: Nnipa pii da so ara wɔ obu ma Bible no, na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobetie bere a yɛkenkan no. Yɛde New World Translation ne The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no bɛma wɔ November mu. Eyi ma yenya hokwan kɛse sɛ yɛbɛma nnipa komapafo ahu sɛnea Onyankopɔn Asɛm no som bo. Da anigye adi wɔ ne yɛ mu.
6 Siesie nsɛm a aba wom a ɛfa New World Translation no afã titiriw no ho a ɛbɛkanyan nkurɔfo anigye ma wɔagye. Si mfaso a ɛwɔ so no so dua. Wubetumi aka nsɛmti a ɛwɔ afã a ɛne “Bible Topics for Discussion” no biako ho asɛm na woatwe adwene akɔ The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no so. Anaasɛ wubetumi akyerɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ Bible nsɛmfua a wɔahyehyɛ a ɛyɛ nkratafa 92 so no mu denam kyerɛ a wobɛkyerɛ sɛnea etumi boa ɔkenkanfo ma ohu beae a kyerɛwnsɛm a onim no yiye wɔ so no. Ebia adawurubɔfo binom bɛpɛ sɛ wɔka “Appendix” no anaa “Table of the Books of the Bible” no ho asɛm denam kyerɛ a wɔbɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ so wɔ Bible sua mu no so.
7 Hwɛ hu sɛ wobɛda no adi sɛ wɔde nnɛyi Engiresi kasa na akyerɛw New World Translation no, na ɛma ne ntease yɛ mmerɛw. Mmeae bi a sɛ wode toto King James Version ho a ɛyɛ anigye ne 1 Korintofo 10:25 ne 16:22. New World Translation de Onyankopɔn din Yehowa no di dwuma mpɛn 7,210.
8 Yiw, Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm. Sɛ yɛkenkan, yɛgye di, na yɛde emu afotusɛm no di dwuma wɔ yɛn asetram a, yebenya mfaso kɛse. Wɔkyerɛwee sɛ ɛmma yɛn nkyerɛkyerɛ ne anidaso. (Rom. 15:4) Ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ mu da biara, na yɛyɛ krado sɛ yɛde bɛkyerɛkyerɛ afoforo.