Nea Yɛbɛyɛ Ama Yɛn Ahenni Asɛnka Atu Mpɔn
1 Yɛn asɛnka adwuma no gye ntɛmpɛ mprempren sen bere biara. Sɛ́ nkurɔfo benya nkwa anaasɛ wobewuwu no begyina sɛnea wɔyɛ wɔn ade wɔ asɛmpa no ho so. (1 Pet. 4:5, 6, 17; Adi. 14:6, 7) Eyi nti ɛsɛ sɛ bere nyinaa yɛhwehwɛ akwan horow a yɛbɛfa so ama yɛn Ahenni asɛnka no anya nkɔso. Akwan a yebetumi afa so anya nkɔso no bi ne dɛn?
2 Siesie Wo ho Yiye: Fa Yɛn Ahenni Som a aba foforo di dwuma, na paw asɛm a wɔka kyerɛ a wote nka sɛ nnipa a wɔwɔ w’asasesin mu pii ani begye ho paa. Ɛho hia sɛ woma wo nsɛm no fata mpɔtam hɔ nsɛm tebea. Anaasɛ ebia wobɛpɛ sɛ w’ankasa wusiesie asɛm bi, na wode nsɛm ne Kyerɛw no mu nsɛm bi a woahu sɛ etu mpɔn di dwuma. Wubehia nnianim asɛm bi a ɛkanyan anigye. (Hwɛ Reasoning nhoma no, nkratafa 9-15.) Ebia woabɔ wo tirim sɛ wubebisa asɛm bi a ɛkanyan adwene anaasɛ wobɛma ofiewura no akyerɛ n’adwene wɔ asɛm bi a asi wɔ mpɔtam hɔ ho. Bere a w’asɛm no wɔ w’adwenem no, ɛne w’abusua muni anaa ɔdawurubɔfo foforo a obetumi ama wo nyansahyɛ ahorow ama woanya nkɔso mmobɔ so.
3 Ɛne Nkurɔfo Mmɔ Nkɔmmɔ: Yɛn atirimpɔw ne sɛ yɛbɛma nkurɔfo ate asɛm bi a ɛho hia. Yebetumi ayɛ eyi denam yɛn tiefo no a yɛne no bɛbɔ nkɔmmɔ a mfaso wɔ so so. Sɛ ofiewura no de asɛm bi yi ne ho ano anaasɛ ɔkyerɛ n’adwene a, yɛ aso tie nea ɔwɔ ka no. Nea ɔka no bɛboa wo ma wode anidaso a ɛwɔ wo mu no ho nkyerɛkyerɛmu a egyina Kyerɛwnsɛm no so ama. (1 Pet. 3:15) Sɛ nea ɔka no ne Bible no nhyia a, wubetumi de anifere aka sɛ: “Nnipa pii te nka saa. Nanso, ɔkwan foforo a yebetumi afa so asusuw asɛm no ho ni.” Afei kenkan kyerɛwsɛm bi a ɛfata, na ma ɔnka ho biribi.
4 Nya Nhyehyɛe a Ɛyɛ Fakaa: Sɛ wusiesie wo ho yiye dɛn ara na woantumi ne nkurɔfo ammɔ nkɔmmɔ a, mfaso remma so kɛse. Ɛtɔ da bi a yɛntaa nkɔto nkurɔfo bi wɔ wɔn afie. Sɛ saa na ɛte wɔ w’asasesin mu a, bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nsakrae wɔ wo nhyehyɛe mu sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ayɛ afie afie adwuma bere a nkurɔfo pii wɔ fie no. Ebia wubehu sɛ bere a eye sen biara sɛ wokɔ nkurɔfo nkyɛn ne dapɛn awiei; wubetumi ato afoforo nso wɔ dapɛn no mu nanso gye anwummere. Wɔ mmeae bi no, adawurubɔfo hu sɛ mfaso wɔ so sɛ wobedi adanse kɛse wɔ wiase no nnapɔnna mu efisɛ wɔto nnipa pii wɔ fie. Ɛyɛ a na nnipa dodow no ara regye wɔn ahome, na ebia wɔn ani begye nkɔmmɔbɔ ho kɛse wɔ mmere a ɛte saa no mu. Ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛma wo nnianim asɛm no afa afahyɛ no ho na afei wode Kyerɛwnsɛm mu asɛmti bi atõa w’asɛm no mu.
5 Susuw Sɛnea Asɛm a Woka no Tu Mpɔn Ho: Sɛ wufi fie biara mu a, bisa wo ho sɛ: ‘So miduu ofiewura no komam? So mitumi ma ɔkyerɛɛ n’adwene, na meyɛɛ aso tiee nea ɔkae no? So memaa mmuae anifere so? Sɛnea na tebea no te no, so ɔkwan a eye sen biara na mefaa so no?’ Ebia ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wo ne ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw anaa ɔkwampaefo bi bɛyɛ adwuma bere ne bere mu na woyɛ aso tie sɛnea ɔda ne nsɛm no adi, na aboa wo ma woatu mpɔn wɔ ɔsom adwuma no mu.
6 Sɛ wo ho akokwaw wɔ w’adwumayɛ mu a, wubetumi aka Ahenni nokware a ‘ebegye wo ne w’atiefo nkwa’ no akyerɛ.—1 Tim. 4:16; Mmeb. 22:29.