November Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase November 7
Dwom 4
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka nsɛmma nhoma a aba nnansa yi biara mu asɛm biako anaa abien a yebetumi agyina so de ama ho asɛm.
18 min: “Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi.” Nsemmisa ne mmuae. Ka hia a ɛho hia sɛ wɔyɛ Bible akenkan daa a egyina Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—1994 nnianim asɛm so no nso ho asɛm.
17 min: “Bible No—Ɛma Awerɛkyekye ne Anidaso wɔ Ɔhaw Wiase Mu.” Ɛne atiefo nsusuw ho. Yɛ nhyehyɛe ma ɔyɛkyerɛ abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no di dwuma.
Dwom 24 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 14
Dwom 25
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sikasɛm ho amanneɛbɔ ne ntoboa a nsa aka biara ho krataa. Ka dapɛn no awiei asɛnka adwuma ho nhyehyɛe ho asɛm.
17 min: “Honhom Bɛn na Woda no Adi?” Ɔkasa. Fa nsɛm a ɛwɔ December 1, 1977, Ɔwɛn-Aban, kratafa 277, nkyekyem 4 ne 5 no bi ka ho.
18 min: “Nea Yɛbɛyɛ Ama Yɛn Ahenni Asɛnka Atu Mpɔn.” Nsemmisa ne mmuae. Ma atiefo nka osuahu ahorow mfa nkyerɛ sɛnea wɔde nyansahyɛ ahorow a wɔde ma wɔ Yɛn Ahenni Som mu no adi dwuma ma asow aba.
Dwom 37 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 21
Dwom 40
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Asemmisa Afã. Ɔkasa. Ma asɛm no mfa mpɔtam hɔ nsɛm tebea ho.
20 min: “1994 ‘Onyankopɔn Suro’ Ɔmantam Nhyiam.” Krataa a ɛhyem. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina nkyekyem 1-11 so a ɔpanyin di ho dwuma. Twe adwene si “Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ Ahorow” so titiriw.
15 min: “Boa Wɔn ma Wontie ‘Bere Foforo Nso.’” Ɛne atiefo nsusuw ho. Yɛ ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye a ɛkyerɛ sɛnea wobetumi de Bible no adi dwuma bere a wɔrefi adesua bi ase.
Dwom 52 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 28
Dwom 58
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
10 min: “Nhyira Horow a Yenya Bere a Yɛne Afoforo Yɛ Adwuma.” Ɔkasa. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnkɔ asɛnka nhyiam horow a asafo no yɛ ho nhyehyɛe no mmom sen sɛ n’ankasa bɛyɛ ne nhyehyɛe akɔ bere nyinaa. Kuw no a yɛne wɔn bɛbom ayɛ adwuma no ma yenya nhyira foforo, yɛn som adwuma no tu mpɔn kɛse, na obiara nya nkuranhyɛ.
20 min: “1994 ‘Onyankopɔn Suro’ Ɔmantam Nhyiam.” Krataa a ɛhyem. Ɔkasa a egyina nkyekyem 12-24 so a asafo mu kyerɛwfo di ho dwuma.
10 min: Onipa a Ɔsen Biara Nhoma no a Yɛde Bɛma wɔ December Mu. Nkurɔfo hia nhoma yi kɛse. Nnipa ɔpepehaha pii ka sɛ wɔyɛ Yesu akyidifo na wɔkyerɛ sɛ wogye nea ɔkyerɛkyerɛe no di. Ɛho hia sɛ nkurɔfo hu nea ɛma ɔyɛɛ soronko wɔ nnipa afoforo nyinaa ho—wɔn nkwagye gyina so. Onipa a Ɔsen Biara nhoma no, ti 133, ka sɛ: “Sɛ yesusuw n’akokoduru ne mmaninyɛ a ɛyɛ ahodwiriw, ne nyansa a ɛso nni, n’ahokokwaw sɛ ɔkyerɛkyerɛfo, ɔkannifo ɔkokodurufo a ɔyɛ, ne ne mmɔborohunu ne tema no ho a, ɛka yɛn koma.” Bible no da no adi pefee sɛ ɔyɛ (1) Ɔdansefo (Yoh. 18:37), (2) Ogyefo (Aso. 4:12), ne (3) Ɔhene (Adi. 11:15). Ma ɔdawurubɔfo a ɔfata mfa nsɛm yi mu bi nyɛ ɔyɛkyerɛ. Hyɛ obiara nkuran ma onya nhoma yi kyekyɛ mu kyɛfa wɔ December mu.
Dwom 61 ne mpaebɔ a wɔde wie.