Yɛn Anidaso Ho Nsɛm A Yɛbɛka Wɔ Baguam
1 Yesu ne yɛn nhwɛso wɔ yɛn Ahenni anidaso ho asɛm a yɛka no mu. Ɔkae sɛ: “Me de, mekasae pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛe hyiadan mu ne asɔrefi, nea Yudafo nyinaa ahyia, na kokoam de, menkaa hwee.” (Yoh. 18:20) Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua no?
2 Te sɛ Yesu no, yɛpɛ sɛ yɛde bere biara a ɛfata a yebenya no ka Ahenni no daakye anidaso a yɛwɔ no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo. Paulo kae sɛ: “Momma yenso anidaso asɛm a yegyina so ka [wɔ baguam] no mu pintinn.” (Heb. 10:23) Yɛyɛ eyi efisɛ yɛpɛ sɛ nkurɔfo te Yehowa a ɔma yɛn anidaso no papayɛ ho asɛm. Afei nso yɛyɛ eyi efisɛ yɛpɛ sɛ nkurɔfo nya nkwagye.—Rom. 10:13, 14.
3 April yɛ ɔsram a ɛde yɛn hyɛn 1987 Nkaedi bere no mu pɛɛ, bere a Yehowa Adansefo nyinaa de yɛ pii wɔ teokrase adwuma mu. Pii reyɛ akwampaefo boafo adwuma mprempren. Wɔ yɛn daa baguam ɔsom adwuma no a yɛbɛyɛ de Tra Ase Daa nhoma no ama na yɛafi ofie Bible adesua ase akyi no, yɛn nyinaa de ahopere kɛse rehwɛ Nkaedi no ankasa kwan wɔ Kwasida a ɛto so abien wɔ April mu no mu, bere a owia akɔtɔ. Efi nnɛ kosi saa bere no, yɛpɛ sɛ yɛto nsa frɛ nnipa pii ba ase. Akyinnye biara nni no sɛ anigyefo pii baa ɔkasa titiriw no ase wɔ March 29 dapɛn no mu. Yɛpɛ sɛ yɛto nsa frɛ wɔn nyinaa ma wɔsan ba Nkaedi afahyɛ no ase Kwasida, April 12.
TUMI A TRA ASE DAA NHOMA NO WƆ
4 Tra Ase Daa nhoma no yɛ nhoma ahorow a ɛsen biara a yɛanya ma ɛde aboa nkurɔfo ma wɔate Bible no ase no mu biako. Ɛboa yɛn ma yɛka yɛn anidaso ho asɛm wɔ ɔkwan a etu mpɔn so na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye sɛ yɛde bedi dwuma wɔ April mu. Ɛde besi nnɛ no, wɔatintim mfuamfua ɔpepem 30 wɔ kasa horow 71 mu a Twi, Ga ne Ewe ka ho. Dodow ahe na yebetumi de ama anigyefo? Sɛ yesusuw hokwan ahorow a yebenya de nhoma fɛfɛ yi ama no ho a, ebetumi aboa yɛn.
5 Akyinnye biara nni ho sɛ afie afie adwuma ne ɔkwan titiriw a yɛbɛfa so de Tra Ase Daa nhoma no ama. So wubetumi ayɛ nhyehyɛe na wode bere pii anya adwuma yi mu kyɛfa wɔ ɔsram no mu? Ebia ma a yebetumi de Tra Ase Daa nhoma no ama no fã kɛse begyina mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no a yɛde bedi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so na yɛde asɛmti bi atõa nhoma yi mu no so. So biribi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de anya nkɔso wɔ eyi mu? Ebinom betumi asɔ eyi ahwɛ sɛ abusua. Dɛn na wɔn a wɔyɛ asɛnka nhyiam horow no betumi ayɛ de aboa? Romafo 12:8 ka kyerɛ saafo no sɛ wɔnyɛ saa ‘wɔ mmɔdenbɔ mu.’
BIBLE ADESUA WƆ TRA ASE DAA NHOMA NO MU
6 Esiane sɛ Tra Ase Daa nhoma no na na yɛde rema wɔ ɔsram a etwaam no mu nti, ebia wuhyiaa nnipa bi a wɔhyɛɛ bɔ sɛ wobegye bi wɔ ɔsram no awiei. Hwɛ sɛ wobɛsan akɔ wɔn a wɔhyɛɛ bɔ yi nyinaa nkyɛn. Wɔn mu pii begye nhoma no bi sɛnea wɔkae no, na wubetumi afi ofie Bible adesua ase.
7 Ɔdawurubɔfo bi a ofii ofie Bible adesua abiɛsa ase denam wɔn a ɔmaa wɔn Tra Ase Daa nhoma a ɔsan kɔɔ wɔn nkyɛn so no kyerɛw Asafo ti no sɛ: “Merentumi nna mo ase sɛnea ɛsɛ wɔ Bible adesua a moama ne yɛ ayɛ mmerɛw ne afei biribiara a ɛho hia osuani no titiriw ma wanya daa anisɔ a efi komam ama Yehowa ne n’ahyehyɛde no ho no ho.”
8 Enti afei momma yɛn mu biara nhwehwɛ akwan horow a yɛbɛfa so de Tra Ase Daa nhoma no adi dwuma de aboa afoforo ma wɔabɛka yɛn ho wɔ yɛn Nyankopɔn no a yeyi no ayɛ wɔ baguam no mu. Yehowa behyira mmɔden a yɛbɔ no so.