To Nhyɛase wɔ Wo Nsrahwɛ a Edi Kan Mu
1 Sɛ yɛto nhyɛase pa wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu a, ɛma ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ yɛbɛyɛ sankɔhwɛ a etu mpɔn. Reasoning nhoma no betumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa.
2 Asɛm a wɔka kyerɛ a edi so yi gyina Reasoning nhoma no kratafa 10 no mu nnianim asɛm a ɛto so abien wɔ asɛmti “Bible/God” ase no so.
Sɛ wukyia adamfofa kwan so wie a, ka sɛ:
◼ “Yehu sɛ nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ ntumi nhu faako a wobetumi anya da biara ɔhaw ahorow a ɛredɔɔso no ano aduru a eye. So woahu sɛ eyi te saa? [Twɛn ma ommua.] Na anka nnipa hwehwɛ mmoa fi Bible no mu. Nanso mprempren nnipa pii ka sɛ wonnye nni sɛ ebetumi aboa wɔn. Wote nka dɛn wɔ Bible no ho?” Sɛ ofiewura no ka sɛ onnye nni sɛ emu nsɛm yɛ nokware a, yi Nea Enti a Wubetumi de Wo Ho Ato Bible no So kratawa no na kenkan kratafa 2 no nkyekyem a ɛto so abien ne abiɛsa. Sɛ ofiewura no gye tom sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm a, bue kratawa no kratafa 2 no nkyekyem abien na kenkan, na wo ne no nsusuw ho bere tiaa bi.
3 Sɛ nnipa pii wɔ mo asasesin no mu a wɔka sɛ wonnye nni a, bɔ mmɔden sɛ wode Reasoning nhoma no kratafa 10 nnianim asɛm a ɛto so anum no bɛkanyan wɔn anigye.
Wubetumi aka sɛ:
◼ “Esiane akodi ahorow a ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ nyinaa no nti, ɛyɛ den ma nnipa komapafo pii sɛ wobegye Onyankopɔn adi. Anaasɛ wogye no di mpo a, wonnye nni sɛ obetumi adi ɔhaw ahorow a yehyia no ho dwuma. Wote nka dɛn? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ nea kratawa yi wɔ ka wɔ nnipa, abɔde ho nyansahu, ne Bible no ho.” Afei fi ase kenkan Nea Enti a Wubetumi de Wo Ho Ato Bible no So kratawa no kratafa 3 no nkyekyem anum.
4 Bisa Kratawa no mu Nsɛm fa Bɔ Kwan Ma Wo Nsrahwɛ a Edi Hɔ No: Yɛ wo nsrahwɛ a edi kan no ho nhyehyɛe na ama ayɛ nsrahwɛ ahorow a ɛsow aba a ɛbɛtoatoa so mfiase ara kwa. Nte nka sɛ ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ nsɛm pii mu; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wotwa asɛm no so mpofirim ma ofiewura no te nka sɛ wunni no ho nokware anigye. Bere a woakenkan kratawa no mu nkyekyem abien anaa abiɛsa awie no, bisa nsɛm bi a mubetumi asusuw ho wɔ akyiri yi nsrahwɛ bi mu.
5 Sɛ nhwɛso no, wubetumi atwe adwene asi nkyekyem a ɛto so abiɛsa wɔ kratafa 4 no so na woabisa sɛ: “So wususuw sɛ Bible no de adanse a ɛdɔɔso a ɛbɛma yɛde yɛn ho ato nea ɛka wɔ daakye ho no so ma?” Eyi bɛma woanya asɛm a wubegyina so de ayɛ sankɔhwɛ, a wubetumi asusuw The Bible—God’s Word or Man’s? no atiri 9 ne 10 ho.
6 Sɛ ofiewura no kyerɛ asɛm a woaka no ho anisɔ a, ebia wobɛpɛ sɛ wode God’s Word nhoma no ma no wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Anaa, sɛ tebea no hwehwɛ saa a, wubetumi de New World Translation no anaa nhoma abien no nyinaa ama no.
7 Sɛ yebu ofiewura biara sɛ obi a obetumi abɛyɛ osuani a, yɛbɛbɔ mmɔden de nsɛm a yɛde bewie asɛm no ato nhyɛase ama sankɔhwɛ.