Paw Nsɛm a Wɔka Kyerɛ a Ɛfata
1 Dɛn na yebetumi ayɛ de ahyɛ nkurɔfo nkuran ma wɔakenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! daa? Ɛsɛ sɛ yenya nsɛm a ɛyɛ anigye a yɛbɛka ho asɛm bere a yɛrekamfo nsɛmma nhoma ahorow no akyerɛ afoforo no. Sɛ yɛahu yɛn asasesin no mu nnipa yiye na yedwen wɔn ho bere a yɛkenkan nsɛmma nhoma ahorow no a, yebetumi ahwehwɛ nsɛm a yɛbɛka akyerɛ de akanyan wɔn anigye.
2 Wɔ mmeae bi no, ebia na nnipa no asetra mu nsɛm sɛ, na ɛma ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ yebehu biribi a nnipa dodow no ara ani begye ho. Nanso wɔ mmeae afoforo no, ebia yebehu nnipa a wɔn asetra mu nsɛm gu ahorow pii. Sɛ yɛwɔ nsɛm a wɔka kyerɛ dodow bi wɔ yɛn adwenem a, yebetumi apaw biako a ɛfata obiara tebea sen biara.
3 Ntow nsɛmma nhoma dedaw ngu ntɛmntɛm bere a wo nsa ka foforo no. Na onua bi taa de Ɔwɛn-Aban no abiɛsa anaa anan kyerɛ ofiewura no na ɔma ɔpaw nea ɔpɛ sɛ ɔkenkan no wom. Sɛ yehu sɛ yɛn nsa ka nsɛmma nhoma pii sen nea yebetumi akyekyɛ a, ɛsɛ sɛ yesusuw ho sɛ yɛbɛtew nea yɛkra no so.
4 Sɛ yɛde nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛfata di dwuma bere nyinaa a, yebetumi akanyan afoforo ma wɔakenkan yɛn nsɛmma nhoma ahorow no, na ebia yɛama saafo no afi ase anantew nkwa kwan no so. (Mat. 7:14) Sɛ yesusuw asɛnhia yi ho yiye a, yebetumi anya Yehowa nhyira.