Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/92 kr. 5
  • Adwenemtew ne Trenee a Yɛde Bɛtra Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adwenemtew ne Trenee a Yɛde Bɛtra Ase
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔmansin Nhyiam Horow—Afotu A Eye
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Mo Adwenem Ntew—Awiei No Abɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nhyehyɛe Foforo a Yɛde Bɛyɛ Ɔmansin Nhyiam Dwumadi mu Ntimu
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • “Adwenemtew” a Yebenya Bere a Awiei No Bɛn No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 12/92 kr. 5

Adwenemtew ne Trenee a Yɛde Bɛtra Ase

1 Yɛte wiase a ɛtwetwe yɛn kɛse kɔ amumɔyɛ mu. Nhyehyɛe yi mu gyinapɛn ahorow kɔ so sɛe. (2 Tim. 3:3) Sɛ Kristofo no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ na yɛte nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ saa no ase. Nanso akwankyerɛ bɛn na ɛwɔ hɔ? Gyinapɛn ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yedi akyi? “Adwenemtew ne Trenee a Yɛde Bɛtra Ase” ne asɛmti a ɛhyɛ nkuran a wɔapaw ama yɛn 1993 ɔsom afe no da koro nhyiam titiriw no.​—Tito 2:12.

2 Ɛdenam ɔkasa, ɔyɛkyerɛ, ne osuahu ahorow so no, yebesua sɛnea yebetumi ahyɛ yɛn ho den ako atia amumɔyɛ na yɛapow wiase akɔnnɔde ahorow. Yebehu sɛnea yebetumi de adwenemtew ne trenee atra nneɛma nhyehyɛe bɔne yi mu nso. Wɔbɛka nsiesiei ahorow a ɛbɛboa ma yɛabɔ yɛn adwene tumi ho ban ho asɛm. (1 Pet. 4:7) Awofo ne mmofra bɛpɛ sɛ wotie ɔkasa ahorow ne nsɛm a wobisabisa afoforo wɔ awia dwumadi no mu titiriw. Eyinom besi hia a ehia sɛ yenya Onyankopɔn nyansa ne osuahu, na yebom yɛ adwuma de hyehyɛ teokrase daakye a anigye wom no so dua.

3 Ɛwom sɛ amumɔyɛ wiase atwa yɛn ho ahyia de, nanso Onyankopɔn Asɛm kyerɛ yɛn ɔkwan a eye sen biara a yɛbɛfa so. Wobesi Bible afotu a wotie so mfaso horow so dua wɔ ɔkasa a ɛne “Kyerɛ Nhyira Horow a Wunya ho Anisɔ wɔ Wiase a Anigye Nnim Mu.” Bere a yesiesie yɛn ho akɔ no, yɛbɛpɛ sɛ yɛkae sɛ dwumadi no a yebetie no yiye na yɛde afotu no adi dwuma no betumi ama yɛatu mpɔn kɛse wɔ ɔsom a yɛde ma Yehowa no mu.​—Fil. 3:​15, 16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena