Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 8/1 kr. 28-30
  • “Monsan Mmra Me Nkyɛn, Na Mɛsan Maba Mo Nkyɛn”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Monsan Mmra Me Nkyɛn, Na Mɛsan Maba Mo Nkyɛn”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Nsennii a Mmɔborɔhunu Wom
  • Nneɛma a Ɛto Hintidua
  • So Wubegye Yehowa Ɔfrɛ no So?
  • Wɔboa Wɔn ma Wɔsan Ba
  • Mommoa Wɔn Mma Wɔnsan Mmra Ntɛm Ara!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • “Monsan Mmra Me Nkyɛn”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • San Bra ‘Wo Kra Hwɛfoɔ ne Wɛmfoɔ’ no Nkyɛn
    San Bra Yehowa Nkyɛn
  • Akwaaba a Ɛyɛ Anigye Ma Wɔn a Wɔsan Ba
    Nkwa a Wubenya Akɔ Asase Foforo So
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 8/1 kr. 28-30

“Monsan Mmra Me Nkyɛn, Na Mɛsan Maba Mo Nkyɛn”

NA ABUSUA no afi adi akɔ kwaem regye wɔn ani. Afei, Peter a ɔno na osua koraa no, fii afoforo no nkyɛn sian koko no a ɔtaa opurow bi. Mpofirim osu munae na efii ase tɔe. Mfiase no na ɛntɔ denneennen, nanso nkakrankakra emu yɛɛ den. Abusua no yɛɛ ntɛm boaboaa wɔn nneɛma ano tuu mmirika kɔɔ wɔn afiri no mu. Na obiara bisaa faako a Peter wɔ.

Saa bere no, na Peter rebɔ mmɔden asan aba n’abusua no nkyɛn. Ná ɛyɛ den ma no sɛ obehu ɔkwan a ɛda n’anim no, na anammɔn kwan a wɔfa so foro koko no so ayɛ toro wɔ osu no mu. Mpofirim ɛyɛɛ sɛ nea asase a ne nan si so no refi ne nan ase, na ɔkɔhwee amoa donkudonku bi a ahintaw mu. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ obepue nanso na amoa no nkyɛnkyɛn ayɛ toro dodo.

Nsunsuan a efi koko no so de dontori beguu amoa no mu. Peter baa asiane ankasa a ɛne sɛ obewu asuwu mu. Nanso ne papa kohuu no na ɔde hama bi twee no. Akyiri yi no, wɔkaa Peter anim anibere so sɛ ofii hɔ kokyinkyinii. Nanso bere a na wɔde kuntu akyekyere ne ho na ɔda ne maame nsa so no, na ɛnyɛ den mma no sɛ obegye nkaanim no atom.

Osuahu yi yɛ mfatoho a ɛfata nea ɛto ebinom a na anka wɔka Onyankopɔn nkurɔfo ho no yiye. Wɔahwehwe nneɛma nhyehyɛe yi amoa donkudonku mu na wɔde anibere rebɔ mmɔden apue afi mu na wɔasan akɔ Yehowa ahyehyɛde no ahobammɔ ase. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ wobehu sɛ Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ‘ɔbɛma wɔn hama’ na ɔde atwe wɔn aba faako a wobenya ahobammɔ!

Yehowa Nsennii a Mmɔborɔhunu Wom

Wɔ Israelfo no bere so, bere a Salomo sii asɔrefi no wiei no, ɔbɔɔ ɔdan no so hyira ho mpae bi a emu no, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ontie nkotɔsrɛ biara a wɔde wɔn ani bɛkyerɛ asɔrefi no asrɛ biara. Afei ɔkae sɛ: “Sɛ [Israelfo no] yɛ wo bɔne,​—efisɛ onipa bi nni hɔ a ɔnyɛ bɔne,​—na wofa wɔn abufuw, na wuyi wɔn ma wɔn atamfo, . . . na wɔma ɛka wɔn koma, asase a wɔafa wɔn nnommum akɔ hɔ no so, na wɔdan wɔn ho na wɔkotɔ srɛ wo wɔn nnommumfafo asase no so . . . a, ɛnde tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotɔsrɛ ɔsoro, wo trabea hɔ, na di wɔn asɛm ma wɔn.”​—1 Ahene 8:46-49.

Salomo adesrɛde no baa mu mpɛn pii wɔ Israelfo no abakɔsɛm mu. Onyankopɔn nkurɔfo man fii ne ho mpɛn pii. Afei wohui sɛ wɔayɛ bɔne na wɔsan baa ne nkyɛn, bɛhwehwɛɛ n’akyi kwan. Na Yehowa de firii wɔn. (Deuteronomium 4:31; Yesaia 44:21, 22; 2 Korintofo 1:3; Yakobo 5:11) Yehowa nam Malaki so kaa sɛnea ɔne Ne nkurɔfo dii nsɛm wɔ mfe apem mu no ho asɛm tiawa bere a Ɔkae sɛ: “Efi mo agyanom bere so na mosan fii m’ahyɛde mu na moanni so. Monsan mmra me nkyɛn. Na mɛsan maba mo nkyɛn.”​—Malaki 3:7.

Nneɛma a Ɛto Hintidua

Te sɛ Israelfo no, Onyankopɔn nkurɔfo binom a wɔwɔ hɔ nnɛ twe wɔn ho fi Yehowa ahyehyɛde no ho. Dɛn ntia? Ebinom kodi biribi a mfiase no ɛyɛ sɛ nea bɔne biara nni ho akyi, sɛnea Peter taa opurow no. Eyi ne nea ɛtoo Ada. Ɔbɔ amanneɛ sɛ: “Ná ade a me ne me mfɛfo adwumayɛfo nyinaa taa yɛ ne sɛ yɛbɛkɔ akodidi awia wɔ adidibea bi a ɛbɛn hɔ mu. Enti bere a wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ yɛnkɔnom kafe bere a yɛapɔn no, anyɛ den sɛ mɛpene so. Misusuwii sɛ eyi nyɛ nea merekɔsɛe bere a ɛsɛ sɛ anka mede kɔ adesua anaa asɛnka. Manhu sɛ eyi betumi ayɛ nnyinasosɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 15:33 no so a merebu.

“Ankyɛ na mifii ase ne wɔn kɔtraa apɔnkɔ so Memeneda. Afei mifii ase ne wɔn kɔɔ sini ne agodi afoforo ase. Ɛno maa nhyiam ahorow bi paa me ti so. Awiei koraa no, na afei menkɔ nhyiam biara bio na saa ara na menkɔyɛ asɛnka adwuma no bi. Bere a mihuu nea ato me no, na me ne ahyehyɛde no agyae bɔ.”

Wɔ afoforo fam no, ebia nea ɛma ɛba saa no yɛ bɔne a anibere wom bi a wɔyɛ no kokoam na ɛma obi te nka sɛ ɔmfata sɛ ɔsom Onyankopɔn bio. (Dwom 32:3-5) Anaasɛ ebia biribi a Kristofo nnamfo bi kae anaa wɔyɛe betumi ato ankorankoro bi hintidua, na ɔrente ase sɛ, sɛnea Salomo kae no, “onipa bi nni hɔ a ɔnyɛ bɔne.”​—1 Ahene 8:46; Yakobo 3:2.

Afoforo nso abam bu bere a wɔma wɔn nteɛso no. (Hebrifo 12:7, 11) Honam fam ade dodowpɛ asetra kwan ho akɔnnɔ ama pii agyae Onyankopɔn som. Mpɛn pii no, esiane nkɔso a wɔhwehwɛ sɛ wonya wɔ wiase no mu nti, wɔde wɔn ho ahyɛ honam fam adwuma mu fee ma enti wɔannya bere biara amma Onyankopɔn som wɔ wɔn asetram. (Mateo 13:4-9; 1 Timoteo 6:9, 10) So wɔrentumi nyɛ saafo yi tebea ho hwee?

So Wubegye Yehowa Ɔfrɛ no So?

Bere bi Yesu kaa asɛm bi a asete yɛ den, na ɛtoo ebinom hintidua. Kyerɛwtohɔ no se: “N’asuafo mu pii san wɔn akyi, na wɔne no annantew bio.” Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na ɛtoo wɔn hintidua. Bible kyerɛwtohɔ no toa so sɛ: “Ɛnna Yesu see dumien no sɛ: Mo nso mopɛ sɛ mokɔ bi anaa? Simon Petro buaa no sɛ: Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.” (Yohane 6:66-68) Yesu asomafo no buu no nyansam sɛ ɛbɛyɛ asiane ama wɔn sɛ wobefi Yesu nkyɛn.

Awiei koraa no, ebinom a wɔtwe wɔn ho si gyinae a ɛte saa ara. Wohu sɛ Onyankopɔn ahyehyɛde mu a wofii no yɛ adeyɛ a asiane wom, ne sɛ Yehowa ne Kristo nkyɛn nkutoo na wobenya nsɛm a ɛma nkwa. Sɛ wonya behu eyi a, ɛsɛ sɛ wohu nso sɛ ɛnkaa akyi dodo sɛ wɔbɛsan asusuw nsɛm ho, asrɛ Yehowa hɔ bɔne fafiri, na wɔasan aba ne nkyɛn. Yehowa ankasa na ɔde ɔfrɛ yi mae sɛ: “Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan maba mo nkyɛn.”​—Malaki 3:7.

Nokwarem no, ɛhe na Kristofo anokwafo benya anigye wɔ Yehowa som akyi? Sɛ obi a wayɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no muni pɛn twe ne ho a, dɛn na ɛretwɛn no wɔ wiase no mu? Obehu ntɛm ara sɛ wabɛyɛ wiase bi a emu kɔ so yɛ basabasa no fã. Obehu sɛ ɔde ne ho akɔhyɛ nneɛma nhyehyɛe bi a nyaatwomyɛ, atorodi, apoobɔ, ne ɔbrasɛe ahyɛ mu ma mu, wiase bi a asiane wom na emu nyɛ anigye te sɛ dontori amoa a anka ɛreyɛ ama abofra Peter ahwere ne nkwa no. Sɛ n’ani san ba ne ho so na ohu sɛ daa nkwa a obenya no aba asiane mu a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ntɛm hwehwɛ mmoa a ɛbɛma watumi ayi ne ho afi tebea no mu. Nanso, ebia ne sanba renyɛ mmerɛw ara.

So woabɔ mmɔden sɛ wobɛsan aba Yehowa nkyɛn nanso ne yɛ ayɛ den ama wo? Ɛnde hu sɛ wuhia mmoa. Na gye di sɛ wo nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu no wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa wo. Nanso ɛsɛ sɛ woyɛ biribi de ma Yehowa hu ɔpɛ a wowɔ no. Bere aso sɛ ‘wobɛma w’ani asan aba wo ho so’ na ‘woasan aba Yehowa nkyɛn ankasa.’​—1 Ahene 8:47.

Wɔboa Wɔn ma Wɔsan Ba

Ada kyerɛkyerɛ nea ɛboaa no ma ɔsan baa Yehowa nkyɛn no mu sɛ: “Wɔ bere a ɛfata mu ara pɛ, onuawa a ɔne me suaa ade no too nsa frɛɛ me sɛ yɛnkɔ ɔmansin nhyiam bi. Ɔkyerɛɛ me ho anigye sɛ! Na wankasa antia me koraa! Ɔdaa ɔdɔ adi kyerɛɛ me pii. Ná efi bere a mekɔɔ adesua nea etwa to no, afe atwam, nanso na misusuw sɛnea hwee nni wiase no mu ne nokwasɛm a ɛne sɛ, wɔ afɛfɛde a ɛyɛ aniani de no akyi no, awerɛhow, abasamtu, ne ɔbrasɛe nkutoo na ɛwɔ hɔ no ho. Enti misii gyinae sɛ mɛkɔ nhyiam no. Miduu agodibea a wɔyɛɛ nhyiam no wɔ hɔ ara pɛ na mekɔtraa akyiri hɔ nkongua no bi so de me ho kohintawee wɔ baabi a ɛhɔ yɛ sum. Mampɛ sɛ anuanom no behu me na wɔabisabisa me nsɛm.

“Nanso, wɔde afotu a na mihia yiye mae wɔ dwumadi no mu. Bere a wowiei no, na masi me bo sɛ ɛnyɛ sɛ mɛsan aba Yehowa nkurɔfo nkyɛn nkutoo, na mmom mefi me koma nyinaa mu de me ho ama no. Anuanom no fi ɔdɔ mu san gyee me toom na ‘ɔba hohwini’ no san bae.” (Luka 15:11-24) Ɛnonom nyinaa sii bere bi a atwam mu, na mprempren Ada de bɛboro mfe 25 ayɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no.

Obi foforo bi a ɔno nso twee ne ho asɛm no kowiee anigye mu saa ara. Mpanyimfo bi tuu José fo bi a na ɛda wɔn ankasa nsusuwii adi sen Bible nnyinasosɛm. Akyiri yi no, José a n’abam bui na ne bo fuwii no gyaee adesua ne asɛnka kɔ. Ɔtwee ne ho fii Onyankopɔn nkurɔfo ho mfe awotwe, na wɔ saa bere no mu no, ɔwaree obi a ɔnyɛ gyidini na ɔne no woo mma a ɔmaa kwan ma wɔbɔɔ wɔn mu biaako asu wɔ Katolek Asɔre no mu.

Awiei koraa no, onyaa mmoa bere a ɔmansin sohwɛfo kɔsraa no na ɔhyɛɛ mpanyimfo no nkuran sɛ wɔn nso nyɛ saa ara no. Ɔsan baa asafo no mu na n’ani gyei bere a ohui sɛ ne yere nso rekyerɛ nokware no ho anigye no. José resom mprempren sɛ ɔpanyin wɔ asafo no mu. Sɛnea osuahu ahorow abien yi kyerɛ no, Yehowa mfa nhyira horow nkame wɔn a wogye ne dɔ ɔfrɛ sɛ wɔnsan mmra ne nkyɛn no so no.

Nanso, sɛ obi benya nhyira horow yi bi a, ɛsɛ sɛ odi kan nya mmoa a wɔde ma no no ho anisɔ na ɔyɛ ho biribi. Wɔ asafo ahorow pii mu no, anuanom no kae wɔn a wɔagyae adesua ne asɛnka kɔ no na wɔsra wɔn bere ne bere mu, bɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wɔn. Mmoa a ɛte sɛɛ a ɔyɛ ho biribi no kyerɛ sɛ n’ani sɔ Yehowa mmɔborɔhunu.​—Yakobo 5:19, 20.

Nokwarem no, eyi ne bere a ɛsɛ sɛ wogye Yehowa ɔfrɛ yi so: “Monsan mmra me nkyɛn.” (Malaki 3:7; Yesaia 1:18) Ntwentwɛn wo nan ase bio. Nsɛm resisi ntɛmntɛm wɔ wiase no mu ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Beae a eye sen biara wɔ mmere a emu yɛ den a ɛda yɛn anim no mu no ne Yehowa ahyehyɛde no mu, faako a n’ahobammɔ wɔ no. Wɔn a wɔde Yehowa yɛ wɔn guankɔbea nkutoo na wɔwɔ anidaso pintinn sɛ wɔde wɔn behintaw n’abufuhyew mu wɔ n’abufuw da kɛse no mu.​—Sefania 2:2, 3.

[Mfonini wɔ kratafa 30]

So wubegye Yehowa ɔfrɛ a ese, “Monsan mmra me nkyɛn” no so?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena