Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/82 kr. 1-3
  • So Ɛsɛ Sɛ Yɛde Nhoma Kyɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ Sɛ Yɛde Nhoma Kyɛ?
  • Yɛn Ahenni Som—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NSƐMMA NHOMA A AKYƐ
  • BERE A YEREDI BONNƆ SO ADANSE
  • YƐN NHOMA A ƐSOM BO NO
  • So Wubu Yɛn Nhoma no sɛ Ɛsom Bo?
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Yɛn Nhoma Horow No A Yɛde Bedi Dwuma Nyansa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhoma A Wɔde Bedi Dwuma Yiye So
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1982
km 8/82 kr. 1-3

So Ɛsɛ Sɛ Yɛde Nhoma Kyɛ?

1Asafo ti no nsa aka amanneɛbɔ ahorow pii a ɛkyerɛ sɛ nhoma ahorow a wɔde ma adansedi mu no bi yɛ nea wɔde kyɛ. Ɛda adi sɛ adawurubɔfo bi ntaa mmisa ntoboa biara wɔ nhoma a wɔde ma no ho. Bere a ɛyɛ ade pa sɛ adawurubɔfo pɛ sɛ wɔma nkurɔfo nsa ka yɛn nhoma fɛfɛ no, sɛ́ wɔde bɛkyɛ bere nyinaa no betumi de ɔhaw ahorow aba. Sɛ nhwɛso no, ɛhaw adawurubɔfo a wonni sika no bere a wohu sɛ afoforo de nsɛmma nhoma kyɛ bere a wɔn wontumi nyɛ saa no. Ebinom mpo ahu adawurubɔfo a wɔtaa de nhoma akɛse kyɛ bere a wɔwɔ adansedi mu. Ɛtɔ da bi a ofiewuranom ho dwiriw wɔn bere a wɔka ntoboa ho asɛm, na wɔka sɛ Ɔdansefo a odii kan baa hɔ no de nhoma no kyɛɛ wɔn kwa.

2 Ɛyɛ ampa sɛ ebia eyinom bɛyɛ nnipa bi a wonni sika a wɔde bɛtɔ nhoma no bere a yɛakɔ wɔn nkyɛn. Nanso wɔ ɔman yi mu no, nnipa a wɔte saa no sua. So woahyɛ no nsow sɛ bebree a wɔka sɛ wonni sika no taa sɛe sika wɔ nneɛma a ɛho nhia ho? Enti so ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛde nhoma kyɛ bere a yɛrekɔ afie afie no? So ɛbɛboa ofiewuranom ma wɔabu-nhoma no sɛ ɛsom bo? Sɛ yehyia obi a ɔkyerɛ sɛ onni sika a ɔde begye nhoma no a, yebetumi ama no nhomawa, nsɛmma nhoma no bi a akyɛ anaasɛ kratawa bi bere a wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛkenkan no. Anaa yebetumi akyerɛ sɛ yɛbɛsan aba bere a obenya ntoboa a ɔde begye nea yɛde rema no.

3 Ofiewuranom a wɔka sɛ wonni sika a wɔde bɛma ntoboa wɔ nhoma no ho no, yebetumi ama wɔn kratawa te sɛ Is Planet Earth Near the Brink? Afei yebetumi adi anigye a wodii kan kyerɛe no ho dwuma denam wɔn nkyɛn a yɛbɛsan akɔ ne wɔn akɔbɔ nsɛntitiriw a ɛwɔ kratawa no mu ho nkɔmmɔ na yɛatwe adwene akɔ kyerɛw nsɛm afoforo so no so.

NSƐMMA NHOMA A AKYƐ

4 Adawurubɔfo bi taa gyaw nsɛmma nhoma a akyɛ bere a obiara nni fie, na wɔhwɛ sɛ nsɛmma nhoma no da baabi a nnipa a wotwam no nhu. Mfomso biara nni eyi ho. Nanso, wɔ asafo horow a wɔtaa yɛ wɔn asasesin mu adwuma mpɛn pii no mu no, ebia nkurɔfo besusuw sɛ nsɛmma nhoma no yɛ nea wɔde ma kwa sɛ yegyaw nsɛmma nhoma wɔ baabiara a yɛanto obi anaasɛ bere biara a yɛbɛyɛ asasesin no mu adwuma no a. Sɛ yehu kratawa bi ɔpon ano a, ebia ɛrenyɛ papa sɛ yebegyaw nsɛmma nhoma saa bere no. Enti eye sɛ yɛde nyansa di dwuma wɔ saa asɛm yi mu.

5 Bere biara a yebegyaw nsɛmma nhoma kwa no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛsan akɔ hɔ bio. Sɛ wode nsɛmma nhoma a akyɛ no redi dwuma wɔ saa kwan yi so a, ebinom ate nka sɛ etu mpɔn sɛ wobebue nsɛmma nhoma no mu adan akɔ asɛm pɔtee bi a wɔte nka sɛ ofiewura no ani begye ho so. Mpɛn pii no eyi bue hokwan ma nkɔmmɔbɔ bere a woresan akɔ wɔn a na wonni fie bere a atwam no nkyɛn.

6 Yehowa mpɛ sɛ wɔsɛe onipa biara; enti ɛsɛ sɛ yɛde hokwan biara a ɛwɔ hɔ di dwuma de trɛw “asɛmpa” no mu. (2 Pet. 3:9) Bere bi a atwa no na ɔpanyin bi a ɔwɔ England rekɔ afie afie na ɔde nsɛmma nhoma biako hyɛɛ ɔpon bi a na obiara nni fie no ase. Ofiewura no ani gyee nsɛm a ɛwɔ nsɛmma nhoma no mu no ho araa ma ɔfrɛɛ Yehowa Adansefo wɔ telefon so. Wɔne no fii adesua ase na onyaa nkɔso ntɛmntɛm, huu nokware no.

BERE A YEREDI BONNƆ SO ADANSE

7 Ntease wom sɛ bere a yɛredi adanse bɔnnɔ so akyerɛ abusuafo ne nnamfo afoforo no, ebia yɛbɛpɛ sɛ yɛde nsɛmma nhoma bi kyɛ wɔn a yennye ho ntoboa. Nanso sɛ yɛne ahɔho rekasa, te sɛ afie afie adwuma no mu a ɛbɛyɛ papa sɛ yɛde nhoma a yɛde ma daa no di dwuma de gye ntoboa a yegye daa no. Saa kwan yi so no ebia yɛbɛboa nkurɔfo ma wɔanya bo a nea wɔn nsa aka no som no ho anisɔ, na ebia eyi bɛka no ma wakenkan nsɛmma nhoma no pii.

YƐN NHOMA A ƐSOM BO NO

8 Yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden ma kwa bere a yɛka nokware no ho asɛm kyerɛ afoforo no. Eyi fata, efisɛ Yesu kae sɛ, “Munyaa no kwa, na momfa mma kwa.” (Mat. 10:8) Saa a yɛyɛ no gye bere ne sika a yɛde tuatua akwantu ho ka. Nanso, ɛho nhia sɛ yɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yetua nhoma a yɛde ma nkurɔfo wɔ asɛnka mu no ho ka nyinaa. Sɛ yɛde nnɛyi nsɛmma nhoma ne nhoma afoforo a agye din a ne bo yɛ den no toto bo a yɛn nhoma horow no da so ara yɛ nea ne bo ba fam. Mpɛn pii no ɛyɛ nea ɛkame ayɛ sɛ obiara a ɔwɔ ɔman yi mu no betumi agye. Ntoboa kakraa a yebisa wɔ ho no ma nhoma no som bo ma ofiewura no. Ɛnsɛ sɛ obiara te nka sɛ ɔretɔn nhoma esiane sɛ wubisa nhoma no tintim ne ne kyekyɛ ho ntoboa kakraa bi nti.

9 Momma yɛn nyinaa nkɔ so mmu asafo no nhoma horow no sɛ ɛsom bo kɛse na yɛmmoa wɔn a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no mma wɔnyɛ saa, efisɛ nimdeɛ a yɛn nhoma horow no de ma no betumi de akɔ daa nkwa mu.​—Yoh. 17:3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena