Nhoma a Yɛde Bɛma Wɔ Asasesin a Wɔka Kasa Pii Wom Mu
1. Dɛn nti na asafo ahorow pii hia nhoma a ɛwɔ aman foforo so kasa mu?
1 Wɔ mmeae pii no, asasesin no abɛyɛ baabi a nnipa a wofi nsase foforo so abɛtra hɔ. Eyinom mu pii sua nokware no ntɛmntɛm na wɔte ase yiye bere a wɔde wɔn ankasa kasa kyerɛkyerɛ wɔn no. Nhyehyɛe ahorow bɛn na wɔayɛ a wɔde bɛma anigyefo anya nhoma ahorow a egyina Bible so a ɛwɔ kasa a wɔte no yiye mu?
2. Biakoyɛ bɛn na ehia bere a asafo abien anaa nea ɛboro saa a ɛsono kasa a wɔka yɛ asasesin biako mu adwuma no?
2 Bere a Wode Nhoma Bɛma: Sɛ asafo ahorow abien anaa nea ɛboro saa a ɛsono kasa a wɔka yɛ asasesin biako mu adwuma a, mpanyimfo akuw no bɛfa ɔsom adwuma so ahwɛfo no so ayɛ nhyehyɛe a wɔn nyinaa gye tom na ama wɔadi nnipa a wɔka kasa biara no adanse fefeefe. Sɛ adawurubɔfo reka asɛm wɔ afie afie a, wɔntaa mfa nhoma a ɛwɔ kasa a asafo afoforo ka mu mma. Nanso, sɛ adawurubɔfo no di adanse bɔnnɔ so anaa wɔ mmeae a ɔmanfo hyia a, wobetumi de kasa a ɛhɔfo ka no mu nhoma ama.—Hwɛ November 1990 Yɛn Ahenni Som mu Asɛmmisa Afã hɔ.
3. Bere bɛn na asafo bi bɛkra ɔman foforo kasa mu nhoma agu hɔ?
3 Bere a Ɛsɛ sɛ Wonya Nhoma Gu Hɔ: Sɛ nnipa a wɔdɔɔso a wɔka ɔman foforo so kasa te beae bi nanso asafo biara nka saa kasa pɔtee no a, dɛn na wobetumi ayɛ? Wɔ saa tebea no mu no, asafo ahorow no betumi akra saa kasa no mu nhoma, te sɛ nkratawa, Ahwehwɛde ne Onyankopɔn Adamfo nhomawa no ne Nimdeɛ nhoma no kakra. Adawurubɔfo betumi de nhoma yi ama bere biara a wohyia nkurɔfo a wobetumi akenkan saa kasa no.
4. Ɔkwan bɛn so na wobetumi anya nhoma a ɛwɔ kasa a asafo no nkra mu nhoma no?
4 Sɛnea Wɔkra Nhoma: Sɛ asafo no nkra nhoma a ɛwɔ kasa a onigyeni bi kenkan mu a, ɔkwan bɛn so na wobetumi anya saa kasa no mu nhoma? Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo no kohu nhoma sohwɛfo no na ama wahu nhoma ahorow a ɛwɔ saa kasa no mu na wakra nneɛma a ohia no aka asafo no nhoma a edi hɔ a wɔbɛkra no ho.
5. Dɛn ne yɛn botae wɔ ma a yɛbɛma afoforo nsa aka yɛn Kristofo nhoma ahorow no bi no mu?
5 Ɛmmra sɛ yɛde Kristofo nhoma ahorow bedi dwuma yiye de aboa “nnipa ahorow nyinaa” a wɔn kasa a wɔka no mfa ho, na ‘wɔanya nokware nimdeɛ na ama wɔagye wɔn nkwa.’—1 Tim. 2:3, 4.