Asemmisa Afã
◼ Ɔkwan bɛn so na ɔsom adwuma sohwɛfo no betumi ahwɛ asafo mu asomfo a wɔhwɛ nhoma ne nsɛmma nhoma so nnwuma so?
Ɛnyɛ nhoma adesua akuw a ɔsom adwuma sohwɛfo no bɛkɔ akɔsrasra wɔn ɔsram biara na wayɛ daa asɛnka nhyiam ho nhyehyɛe nkutoo na ɛsɛ sɛ ɔma n’ani gye ho. Ɔpanyin nsiyɛfo yi ani gye biribiara a ebetumi ama asɛnka adwuma no anya nkɔso wɔ asasesin a wɔde ama asafo no mu no ho yiye.
Ɔbɛhwɛ ahu sɛ ɔsram biara no wɔwɔ ɔsatu nhoma ne nsɛmma nhoma dodow a ɛsɛ, na ɛnsɛee ɛ. Esiane eyi nti, ɔhwɛ asafo mu asomfo a wɔapaw wɔn sɛ wɔnhwɛ nhoma ne nsɛmma nhoma so no asɛyɛde ahorow pii so.
Ɔsom adwuma sohwɛfo no ma n’ani ku nhoma ɔsatu ahorow a yɛbɛyɛ ho nkaebɔ ahorow ho titiriw, bere a eyinom pue wɔ Yɛn Ahenni Som mu no. Ɔne onua a ɔhwɛ nhoma so no yɛ adwuma bom na ama wɔanya nhoma a ɛdɔɔso a wɔde bedi dwuma, nanso ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye na wɔankra pii dodo. Sɛ yɛde nhoma bi rebedi dwuma wɔ asɛnka mu bere a edi kan, anaa ɛrenkyɛ na yɛasua wɔ asafo no mu a, ɛsɛ sɛ wosusuw nneɛma yi ho bere a wɔrekra bi afi Asafo ti no hɔ no. Sɛ yɛde nhoma no ama pɛn a, asafo no asɛnka akontaabu wɔ ɔsatu a etwa to no mu bɛkyerɛ sɛ ebia nea wɔwɔ no dɔɔso anaa. Nokwarem no, wobesusuw nneɛma te sɛ adawurubɔfo a wɔbɛsom sɛ akwampaefo aboafo wɔ ɔsram no mu dodow, adawurubɔfo ne daa akwampaefo dodow a wɔanya fi bere a etwa to a wɔde nhoma no mae no ho. Ɛsɛ sɛ wonya nhoma no bi tɔ ansa na nhyiam no afi ase, ne bere a wɔapɔn akyi. Ɛsɛ sɛ wɔde nnaka a nhoma wom sisi baabi a ɛhɔ tew na awo, na wɔhyehyɛ wɔ ɔkwan a ɛremma ɛnsɛe so.
Ɔsom adwuma sohwɛfo no ne onua a ɔhwɛ nsɛmma nhoma so no nso bɛbom ayɛ ade. Wɔ bere ne bere mu no, ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no ne onua a ɔhwɛ nsɛmma nhoma so no de nsɛmma nhoma a wonya fi Asafo ti hɔ ɔsram biara no dodow toto nsɛmma nhoma a wɔde ma ankasa wɔ asɛnka mu no dodow ho. Ebia na ɛsɛ sɛ adawurubɔfo binom tew nsɛmma nhoma a wogye no so, sɛ nsɛmma nhoma no besum wɔn fie daa a. Ɛnsɛ sɛ yɛma nsɛmma nhoma no gu hɔ sɛe kwa.
Bere a nnyinasosɛm koro no ara wɔ ɔsom adwuma sohwɛfo no adwenem no, n’ankasa bɛhwɛ ɔsatu nhoma a asafo no rekra wɔ Literature Request Form (S-14) so no dodow. Afei ɔde kratasin no bɛma asafo no ɔkyerɛwfo ma wahwɛ kratasin no afã horow a aka no, ne controlled stock nneɛma a wɔakyerɛw no dodow yiye.
Nokwarem no, ehia sɛ wɔde nkrataa bi di dwuma na ama wɔahwɛ nhoma ne nsɛmma nhoma so yiye. Sɛ anuanom a wɔapaw wɔn no wɔ sɛnea wɔde nkratasin no di dwuma, na wɔyɛ kyerɛwtohɔ ahorow ho nsemmisa a, ɔkyerɛwfo no ani begye ho sɛ ɔbɛboa ma wɔayɛ wɔn adwuma fã yi.