Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/90 kr. 1-2
  • Di Nokware No Ho Adanse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Di Nokware No Ho Adanse
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • YƐN DWUMADI A ƐHO HIA NO
  • Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Botae a Ɛfata a Yɛde Besi Yɛn Ani so wɔ Ɔsom Afe Foforo no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Akwampaefo Boafo Adwuma—Woasɔ Ahwɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • So Wobɛyɛ Akwampaefo Boafo April Mu?
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 6/90 kr. 1-2

Di Nokware No Ho Adanse

1 Yesu maa emu daa hɔ sɛ ɔbaa wiase sɛ ɔrebedi nokware no ho adanse. Ɔkae sɛ: “Eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.”​—Yoh. 18:37.

2 Ɛdenam Yesu asɛm a ɔde nnam kae no so no, ɔhyɛɛ Yehowa din anuonyam. Ɔkyerɛɛ nokware dɔ maa nkurɔfo nso de kyerɛe sɛ na onim wɔn honhom mu tebea a ɛyɛ awerɛhow no. Mateo kyerɛw ne dwumadi no ho asɛm sɛ: “Na Yesu kyinii nkurow ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛɛ wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa. . . . Na ohuu nkurɔfo akuwakuw no, ne yam hyehyee no maa wɔn, efisɛ na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.” (Mat. 9:35, 36) Te sɛ Yesu no, ɛsɛ sɛ yɛn ho a yɛde ama Yehowa ne ɔdɔ a yɛwɔ ma afoforo no ka yɛn ma yɛka asɛm.

YƐN DWUMADI A ƐHO HIA NO

3 Nokware dɔ a yɛwɔ ma nkurɔfo ne Yehowa no kanyan yɛn ma yɛde hokwan biara di dwuma de kyerɛkyerɛ nkurɔfo nokware a ɛfa Yehowa ne ne nnwuma a ɛyɛ nwonwa no ho. (Dw. 96:2, 3; 145:10-13) Nanso, ɛyɛ mmerɛw sɛ da biara da asetra mu nhyɛso, asetra mu dadwen, adwempa a yennya esiane nsa a wɔde ato yɛn dwumadi so no nti, ne nneɛma a ɛtwetwe adwene pii bɛdan yɛn adwene afi yɛn adansedi dwumadi no so. Enti, ɛho hia sɛ yɛde yɛn ani si gye a nokware a ɛfa Onyankopɔn ne n’Ahenni ho no adanse a yebedi no gye ntɛmpɛ no so. Ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara twe yɛn fi nkwagye adwuma a ɛho hia sen biara a wɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnyɛ yi ho. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Yehowa som a yɛde yɛn ho bɛhyɛ mu a adagyew nnim no yɛ ahobammɔ ma yɛn, na ebetumi de nhyira horow a ɛtra hɔ daa abrɛ wɔn a ɛho hia sɛ wotie nokware nkrasɛm no.​—1 Kor. 15:58.

4 So wubetumi asom sɛ daa ɔkwampaefo anaasɛ ɔkwampaefo boafo? Dɛn nti na wunsusuw wo nsɛm tebea ho nhwɛ sɛ ebia wubetumi atrɛw wo som mu saa kwan yi so a. Sɛ woyɛ daa ɔkwampaefo dedaw a, so woreyɛ adwuma dennen ankasa de adu nnɔnhwerew 90 ɔsram biara botae no ho? So onyin nti woagyae adwuma yɛ? Dɛn nti na wommfa wo bere nyɛ asɛnka adwuma kɛse? Mmofra a wɔda so ara wɔ sukuu mu no mu pii taa yɛ akwampaefo aboafo. Wɔahu sɛ ɛma wonya ahotɔ honhom ne honam mu nyinaa, na ɛma wɔn koma ani gye.

5 Sɛ́ yebetumi adi nokware no ho adanse ma atu mpɔn no hwehwɛ sɛ yɛhyehyɛ yɛn bere yiye. (Efe. 5:15, 16) Akwampaefo aboafo adwuma a obi bɛyɛ no hwehwɛ sɛ sɛ wɔkyekyem a, ɔde nnɔnhwerew abien pɛ bɛyɛ adwuma da biara ɔsram no mu. Ebinom paw sɛ wɔbɛsɔre ntɛm dɔnhwerew biako sen sɛnea wɔyɛ daa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ asɛnka ansa na wɔakɔ sukuu anaa adwuma. Ɛwom sɛ yɛyɛ adwuma wɔ anohyeto ahorow ase de, nanso sɛ wo ne afoforo a wɔayɛ wɔn bere nhyehyɛe na wɔyɛ akwampaefo aboafo adwuma kasa a, ebetumi ahyɛ wo nkuran na woanya nyansahyɛ ahorow.

6 Yehowa Nyankopɔn ayɛ ne nkoa papa bere nyinaa. Wɔn a wɔde nokwaredi som no no anya nhyira pii. Yehowa da so ara yɛ wɔn a wɔdɔ no no papa. N’ani gye ho sɛ obegye nea yɛn nsɛm tebea ma kwan ma yɛyɛ biara atom bere a yedi nokware no ho adanse no.​—Heb. 6:10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena