Wo Ne Afoforo Nkyɛ Honhom Fam Ahonyade
1 Te sɛ ɔnokwafo Mose no, nnɛyi Yehowa Adansefo nim sɛ wɔrentumi mfa wiase yi honam fam akorade ntoto honhom fam ahonyade ho wɔ bo a ɛsom no mu. (Heb.11:26) Sika betumi atɔ adan, kar ahorow, ne agyapade afoforo, nanso ɛrentumi ntɔ nkwa, adwene mu asomdwoe, anaa Yehowa Nyankopɔn mpeneso ne ne nhyira.
2 Onyankopɔn Asɛm ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ ne ntease yɛ honhom fam ahonyade a ɛyɛ nokware. (Kol. 2:3) Ahonyade soronko yi betumi de nokware anigye aba nnɛ, a daakye anidaso a ase atim ka ho. Ɔdom bɛn ara na yɛanya sɛɛ yi sɛ yɛanya honhom fam ahonyade a ɛte saa!
SƐNEA YƐBƐMA AFOFORO ANYA WƆN HO
3 Yebetumi aboa ama afoforo pii anya wɔn ho honhom fam denam Ɔwɛn-Aban a yɛbɛka ho asɛm akyerɛ wɔn no so. Esiane sɛ ebetumi de wɔn akɔ Onyankopɔn nyansa a ɛyɛ ‘akorade a ahintaw’ no ho nti. (Mmeb. 2:4) June mu no, yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban wɔ hokwan biara mu. Sɛ yɛma sɛnea Ɔwɛn-Aban no ama yɛn asetra ayɛ yiye no tra yɛn adwenem a, yɛrentwentwɛn yɛn nan ase na mmom yɛbɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so de ama nnipa dodow biara a yebetumi. (Mmeb. 3:27) Kyerɛkyerɛw mmeae a wogyee nsɛmma nhoma mfuamfua ne nhomawa ahorow no address a adwene no ne sɛ wobɛsan akɔ hɔ na woakɔma wɔn nsɛmma nhoma daa denam wɔn a woma wɔn nsɛmma nhoma daa a w’ankasa wubenya no so.
4 Honhom mu ntease mu no, ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ te sɛ ɔbarima a osuro Onyankopɔn a wɔka ne ho asɛm wɔ Dwom 112 a ɔkyekyɛɛ ne nneɛma a ɛsom bo maa nnipa pii no? (Dw. 112:1, 3, 9) Ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ wɔn a wɔte sɛ nguan no na yɛboa wɔn ma wodi wɔn honhom mu ahiade ho dwuma. (Mat. 5:3) Eyi hwehwɛ sɛ yɛde hokwan biara di dwuma de di adanse sɛnea yɛyɛ daa no ne bɔnnɔ so.
5 Yenni adanse sɛnea yɛyɛ daa no bere a wɔde nsa ato yɛn dwumadi so yi? Oo, yiw. Adawurubɔfo ne akwampaefo pii reyɛ saa ma ɛyɛ yiye. Nea ɛkyerɛ ne sɛ hokwan ahorow a wode bedi dwuma de adi adanse bɔnnɔ so no akyi no, ɛsɛ sɛ wohyɛ bere pɔtee de kɔ asɛnka dapɛn no mu. Wufi fie bere bi a woahyɛ mu, a woasiesie wo ho sɛ worekɔyɛ Bible adesua, sankɔhwɛ, wode nsɛmma nhoma bɛma obi a woma no bi daa, anaasɛ wobɛkɔ akɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm wɔ ofi bi mu. Nkuraase pii a nkurɔfo taa gyina na wokyia na wodi nkɔmmɔ no, ɛbɛyɛ nea asɛm biara nni nsrahwɛ a ɛte sɛɛ no ho.
6 So wubetumi anya mmere a ɛfata na wode adi adanse wɔ w’adwumam? Sɛ wo mfɛfo adwumayɛfo nim sɛ woyɛ Yehowa Ɔdansefo na wɔwɔ obu ma wɔ ɛno ho a, wubehu sɛ mpɛn pii no wobebisa wo nsɛm ahorow apɛ nkyerɛkyerɛmu ne nyansahyɛ ahorow. Wubetumi adan wɔn adwene akɔ nhoma bi a ɛka saa asɛmti no ho asɛm no so. Ɛnyɛ nea wɔabara wo sɛ wubenya nhoma ahorow no mu biara anaasɛ wobɛkenkan. Sɛ wokenkan bi bere a mukodidi awia a, ebetumi ama yɔnko odwumayeni bi aka biribi. Ɛno nso betumi abue kwan ama adanse fɛfɛ ne ebia nhoma ahorow no mu bi a wode bɛma, a sankɔhwɛ a ɛsow aba di akyi.
7 Wɔrentumi mfa dwetɛ, sika, ne honam fam akorade afoforo nyinaa ntoto honhom fam ahonyade a ɛyɛ nimdeɛ ne ntease a yɛnam Yehowa ahyehyɛde no ne yɛn Bible sua so anya no ho da. Nokware anigye, akwan a ɛyɛ fɛ, asomdwoe, “onyinkyɛ”—daa nkwa mpo—wɔn a wɔhwehwɛ honhom fam ahonyade betumi anya ne nyinaa. (Mmeb. 3:13-18) Ɛdenam yɛn honhom fam ahonyade a yɛne afoforo kyɛ no so no, yɛkyerɛ anisɔ a yɛwɔ ma nea yɛn nsa aka no na yenya Yehowa nhyira a ɛkɔ so daa.—Mmeb. 19:17.