Wubetumi Anya Nhyira Pii!
1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wususuw daa akwampae adwuma no ho?
1 Wopɛ sɛ wunya anigye ne akomatɔyam kɛse wɔ w’asetra mu? Sɛ woboa afoforo a, so w’ani gye na wunya akomatɔyam? So wopɛ sɛ wotrɛw ɔsom a wode ma Yehowa no mu? Sɛ wo mmuae yɛ yiw wɔ nsɛmmisa yi biara ho a, ɛnde ɛsɛ sɛ wususuw daa akwampae adwuma no ho. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wususuw w’abusua ne Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde afoforo, w’apɔwmuden ne wo nipadua mu mmerɛwyɛ ho.
2. Ka honhom fam nhyira horow a daa akwampaefo nya no bi.
2 Nsɛm a Onyankopɔn honhom kaa Salomo ma ɔkyerɛwee no kyerɛ sɛ Yehowa nhyira na ɛma obi yɛ ɔdefo. (Mmeb. 10:22) Ɛnnɛ, ade titiriw a Yehowa nhyira ma obi nya no yɛ honhom fam de. Daa akwampaefo nya nhyira a ɛte saa ma ebu so. Sɛ nhwɛso no, ‘bere a wɔtɔ’ fi nneɛma a wɔyɛ mu de boa afoforo no ma wonya anigye kɛse. (Kol. 4:5; Aso. 20:35) Yehowa hu ɔdɔ mu a wofi yɛ adwumaden no na n’ani sɔ. ‘Ademude’ a ɛte saa a ‘wɔhyehyɛ wɔ soro’ no rensɛe da. (Mat. 6:20; Heb. 6:10) Bio nso, sɛ akwampaefo ma wɔn ‘ani hwɛ tee’ na wonya Yehowa mu ahotoso sɛ ɔbɛma wɔn nea wohia a, wɔne ne ntam abusuabɔ mu yɛ den.—Mat. 6:22, 25, 32; Heb. 13:5, 6.
3. Nsonsonoe bɛn na ɛda honhom fam nneɛma a obi bedi akyi ne honam fam de ho?
3 Honam fam nneɛma akyidi taa kowie “nkwasea akɔnnɔ a ɛyɛ hu bebree mu.” (1 Tim. 6:9, 10; Yak. 5:1-3) Nanso, Yehowa nhyira nte saa koraa. Sɛ akwampaefo de wɔn bere pii yɛ asɛnka adwuma no a, ɛboa wɔn ma wɔyɛ den wɔ honhom mu na ɛma wɔde wɔn adwene si nneɛma a ɛho hia paa no so. (Filip. 1:10) Onua bi a na ɔyɛ mfiridwuma gyaee n’adwuma a na egye ne bere nyinaa no kɔyɛɛ ɔkwampaefo. Ɔkae sɛ: “Ná honam fam adwuma a meyɛ no ma mebrɛ dodo. Nanso akwampae adwuma no nte saa koraa. Seesei meboa nkurɔfo na mekyerɛkyerɛ wɔn nokware no. Sɛ nkurɔfo gye nokware no a, ɛma minya akomatɔyam ne anigye.”
4. Nhyira bɛn na daa akwampaefo nya bere a wɔboa afoforo no?
4 Wɔboa Afoforo: Ɛnnɛ, “mmere a emu yɛ den” no ka obiara. (2 Tim. 3:1) Nnipa nyinaa hia anidaso denneennen. Sɛ Ahenni adawurubɔfo boa nnipa a wonni anidaso ma wotie asɛmpa no a, ɛma wɔn ani gye. Hwɛ anigye ara a akwampaefo nya sɛ wɔde nnɔnhwerew bɛboro 800 yɛ nkwagye adwuma yi afe biara!—1 Tim. 4:16.
5, 6. Dɛn na ebetumi aboa wo ma woabɛyɛ daa ɔkwampaefo?
5 So woasusuw ho anibere so sɛ wobɛyɛ daa ɔkwampaefo? Ebia nea ehia ne sɛ ‘wobɛtɔ bere a wubenya biara’ afi nneɛma a ɛho nhia pii no mu. (Efe. 5:15, 16) Nnipa pii ayɛ saa na wɔayɛ wɔn ho awiɛmfo na aboa wɔn ma wɔmfa bere pii nyɛ honam fam adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bere pii aka Ahenni no ho asɛm no. So wubetumi ayɛ nhyehyɛe de wo ho ahyɛ mu?
6 Bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo nyansa ma womfa nyɛ nhyehyɛe pa. (Yak. 1:5) Sɛ woyɛ saa a, mfaso bɛn na wubenya afi so? Wubenya honhom fam nhyira pii! Yehowa nso bɛboa wo ma woanya wo honam fam ahiade. (Mat. 6:33) Wɔn a wɔsɔ Yehowa hwɛ wɔ asɛm yi ho no benya ‘nhyira mmoroso.’—Mal. 3:10.