Akwampae Adwuma Nhyira Horow
1 “Mfe abiɛsa yi ayɛ nea anigye wom sen biara wɔ m’asetra mu.” “Me nhyira a ɛsen biara ne abusuabɔ a emu ayɛ den foforo a me ne Yehowa anya no.” “Masɔ ahwɛ nea edi kan ɔsram a etwaam no, na me yam a anka mesɔ hwɛe mmere a atwam no . . . Manya anigye ne asomdwoe ankasa.” Eyinom ne nsɛm a ebinom a wɔanya daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo adwuma no mu nhyira ka.
2 Nsɛm a ɛte sɛɛ nyɛ asɛm foforo, sɛ wususw nea wɔaka wɔ 2 Korintofo 9:6 no ho a: “Nea ogu nhyira so no betwa nhyira so.” Ntease mu no, wɔn a wɔyɛ pii wɔ ɔsom adwuma mu no benya anigye ne nhyira pii. (Aso. 20:35) Wɔn a wɔn nsɛm tebea mma wɔn kwan mma wonnya nnɔnhwerew dodow a wɔhwehwɛ wɔ daa akwampaefo hɔ no yɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo ɔsram biara. Afoforo yɛ akwampaefo boafo adwuma no mpɛn dodow a wobetumi. Mpɛn pii anigyefo a akwampaefo aboafo nya wɔ ɔsram koro pɛ mu no ma wonya sankɔhwɛ ne Bible adesua pii a ɛma wɔyɛ wɔn a wonni adagyew koraa wɔ asram pii a ebedi akyi aba no mu.
3 Saa ara na afoforo a wontumi nyɛ akwampaefo aboafo no atumi ama kyɛfa a wonya wɔ ɔsom adwuma mu no ayɛ kɛse. Wonya nhyira pii esiane sɛ ‘wogu nhyira so’ nti.
NHYIRA HOROW BƐN?
4 Bere a wayɛ akwampaefo boafo afe biako akyi no, onua biako kyerɛw kɔdaa Asafo ti no ase sɛ wɔhyɛɛ adwuma yi ho nkuran. Ɔreka anigye ne mfaso a wanya ho asɛm no, ose: “Manya me ho mu ahotoso kɛse wɔ apon ano na mayɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa nso . . . Nea ama manya anigye kɛse ne Bible a me ne afoforo sua no.”
5 Daa akwampaefo anya osuahu a ɛte saa ara. Onuawa biako kae sɛ: “Mayɛ daa ɔkwampaefo bɛboro afe biako pɛ ni. Me gyidi ayɛ den kɛse wɔ saa bere yi mu denam Yehowa honhom a ɛkanyan me no so. . . . Sɛ ná kan no minim nea mahu mprempren a ɛfa anigye a wonya wɔ asɛmpa no ho bere nyinaa ɔdawurubɔfo a wɔbɛyɛ mu ho no a, anka mefi daa akwampae adwuma no ase ntɛm asen saa.” Ɔfoforo kae sɛ: “Ama misi gyinae a edi mũ a na ɛnte saa kan no. Sɛ gyinaesi a ɛyɛ den ankasa sɔre a, mibisa me ho sɛ, ɛbɛka m’akwampae adwuma no dɛn? Mmuae no yɛ mmerɛw ma me. Akwampae adwuma ama mahu nokware a asɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 20:35 no yɛ ankasa.”
6 Bere pii a wɔde yɛ asɛnka adwuma no yɛ nea ɔkwan biara so ɛbɛma akwampaefo anya nhyira ne anigye. Afe a etwaam no daa akwampaefo akuw horow kɔyɛɛ adwuma bere tiaa wɔ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu wɔ Ɔmantifi. Wɔ “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam a wɔyɛe wɔ Kumasi no ase no, ná kuw biako mufo nhu nsɛm a wɔde ka wɔn anigye ho asɛm bere a wohyiaa anigyefo a wɔne wɔn fii adesua ase no mu baanum a wɔafi Sawla nohoa aba nhyiam no. Kuw foforo a wɔyɛɛ adwuma wɔ Nandom fam ani gyei bere a wɔne Katolek sɔfo bi a ɔyɛ oburoni a ɛmfa ho sɛ asɔfo afoforo sɔre tiaa no no, na ogyaw n’aduan hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔne anuanom besua ade, fii adesua ase no. Saa kuw yi ara ne ɔbea sumanfo bi suaa ade na ɔkae sɛ wɔnhyew n’ahonhonsɛmdi nneɛma no. Ampa nhyira horow a yɛn akwampaefo nya no nni ano.
7 Akwampaefo Ɔsom Sukuu no yɛ nhyira foforo a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔayɛ daa akwampaefo, anyɛ yiye koraa afe biako no. Wɔ afe yi mfiase mu hɔ no, daa akwampaefo 402 nyaa hokwan kɔɔ sukuu no bi wɔ Ghana nyinaa. Dɛn na wɔn a wɔakɔ sukuu yi wɔ ka? “Mihui sɛ esi m’akwampae adwuma no so dua.” “Masua sɛnea mesua ade, sɛnea mesusuw nneɛma ho na mede me bere adi dwuma nyansam.” “Sukuu no aboa me ma mede me ho ato Yehowa so kɛse na mahu hia a ɛho hia sɛ meyere me ho wɔ n’adwuma mu.” “Mete nka sɛ ɛte sɛ nea mewɔ nhyɛase kɛse bi a mefi ase ato asi so. Yɛrentumi mfa nsɛm ahorow no nni dwuma ntɛm ara de, nanso honhom mu apontow a ɛsɛ sɛ wosusuw ho bɛn ara ni. Ɔko a wɔde tia abasamtu ankasa!”
SO WUBETUMI AYƐ DAA ƆKWAMPAEFO?
8 Sɛ woyɛ obi a ɔyɛ akwampaefo boafo adwuma bere nyinaa a, ebia ɛho behiae sɛ woyɛ nsakrae bi wɔ wo nhyehyɛe mu na na ebia ɛsɛ sɛ wosakra w’asetra kwan kosi baabi mpo. So wuhui sɛ nsakrae ahorow yi fata, bere a wode toto nhyira horow a wunya no ho no? Sɛ woyɛ nhyehyɛe foforo a, so wubetumi de bere pii ayɛ asɛnka adwuma da biara na woafi ase ayɛ daa ɔkwampaefo wɔ January mu? Yɛhyɛ wo nkuran sɛ susuw eyi ho wɔ mpaebɔ mu.