Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/07 kr. 1
  • Fa Yɛ Wo Botae sɛ Wobɛyɛ Bible Adesua

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Yɛ Wo Botae sɛ Wobɛyɛ Bible Adesua
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Botae a Wode Asisi W’ani So Wɔ Yehowa Som Mu No, Wubetumi Adu Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Wubetumi Aboa Nkurɔfo Ama Wɔabɛyɛ Asuafo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • So Pii Betumi Afi Bible Adesua Ase?
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Wunya Ɔpɛ Sɛ Wobɛyɛ Bible Adesua
    Yɛn Ahenni Som—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2007
km 12/07 kr. 1

Fa Yɛ Wo Botae sɛ Wobɛyɛ Bible Adesua

1 “Momma mo ani so nhwɛ mfuw no sɛ ahoa sɛ wotwa.” (Yoh. 4:35) Akyinnye biara nni ho sɛ, saa asɛm a Yesu Kristo kae yi fa tebea a Kristofo hyia nnɛ no ho.

2 Yɛda so ara nya nnipa komapafo a wɔpɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ wɔn Yehowa akwan. Yehu eyi wɔ nnipa foforo a wɔbɔ asu afe biara no mu. Sɛ wopɛ paa sɛ woyɛ Bible adesua a, dɛn na wubetumi ayɛ?

3 Fa Botae Bi Si W’ani So: Nea edi kan no, fa yɛ wo botae sɛ wubefi Bible adesua ase na woayɛ no daa. Sɛ worekɔ asɛnka a, ma wo botae no ntra w’adwenem. Esiane sɛ adwuma a wɔde ama Kristofo no yɛ ɔkyerɛkyerɛ ne asɛnka nti, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden hwehwɛ hokwan pii de yɛ Bible adesua.—Mat. 24:14; 28:19, 20.

4 Nneɛma Foforo a Wubetumi Ayɛ: Ɛsɛ sɛ Ahenni dawurubɔfo biara fi ne komam bɔ mpae. Ɛtɔ bere bi a, yehyia nnipa a wɔabɔ mpae a wɔpɛ sɛ wɔte Bible no ase. Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ Yehowa nam yɛn so hwehwɛ nnipa a wɔte saa na yɛkyerɛkyerɛ wɔn!—Hag. 2:7; Aso. 10:1, 2.

5 Onuawa bi bɔɔ mpae sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ Bible adesua, na afei ɔde So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? kratawa no bi guu n’adwuma mu. Bere a ɔbea bi faa kratawa no biako, ɔkenkanee, na ofii ase sɛ ɔrehyehyɛ ɔfã a wɔagyaw wɔ akyi no, onuawa no ne no kasae na otumi fii Bible adesua ase.

6 Mfɛfo adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw wɔ sɛnea wofi Bible adesua ase na wɔyɛ no betumi aboa wo ma woayɛ Bible adesua. Bɔ mpae fa hwehwɛ obi a wo ne no bɛyɛ Bible adesua, na fa biribiara a ebetumi aboa wo ma woadu botae yi ho no yɛ adwuma. Ebia ɛrenkyɛ, wubetumi ayɛ Bible adesua ma w’ani agye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena