Nkaedi a Ɛreba Yi Bɛma Yɛanya Hokwan Akyerɛ Anisɔ
1. Hokwan kɛse bɛn na Nkaedi no bɛma yɛanya?
1 Nkaedi a yɛbɛyɛ no April 14 no yɛ hokwan kɛse a ɛbɛma yɛanya Yehowa papayɛ ho anisɔ, na ɛbɛma yɛde yɛn nneyɛe nso akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no. Asɛm a ɛwɔ Luka 17:11-18 no ma yehu sɛ Yehowa ne Yesu nyinaa pɛ sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ. Awerɛhosɛm ne sɛ, akwatafo du a Yesu saa wɔn yare no, wɔn mu baako pɛ na ɔsan kɔdaa no ase. Daakye, Yehowa nam agyede no so beyi adesamma nyarewa nyinaa afi hɔ; afei, daa nkwa ho bɔhyɛ no bɛba mu! Edu saa bere no a, da biara da yɛbɛda Yehowa ase wɔ nhyira a ɛte saa ho. Nanso nna kakra a ɛda yɛn anim yi, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ anisɔ?
2. Yɛbɛyɛ dɛn anya agyede no ho anisɔ?
2 Momma Yenya Anisɔ: Nneɛma a obi dwinnwen ho na ɛma onya anisɔ. Enti nea ɛbɛboa yɛn ma yɛanya agyede no ho anisɔ no, wɔayɛ Nkaedi Bible akenkan titiriw ho nhyehyɛe ama yɛn. Ebi wɔ New World Translation a wɔayɛ no foforo no appendix B12 no mu. Ebi nso wɔ kalenda ne Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa mu. Dɛn nti na wo ne w’abusua mmom nkenkan na munsusuw ho? Sɛ yɛyɛ saa a, agyede no ho anisɔ a yɛwɔ no bɛyɛ kɛse, na ɛbɛma yɛada suban pa adi.—2 Kor. 5:14, 15; 1 Yoh. 4:11.
3. Dɛn na yebetumi ayɛ wɔ Nkaedi bere mu de akyerɛ sɛ yɛwɔ anisɔ?
3 Momma Yɛnkyerɛ Anisɔ: Yɛde nneyɛe na ɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ. (Kol. 3:15) Enti ɔkwatani a Yesu saa no yare no tuu anammɔn kɔhwehwɛɛ Yesu daa no ase de kyerɛe sɛ ɔwɔ anisɔ. Ɛda adi sɛ ɔde anigye kaa anwonwa kwan a Yesu faa so saa no yare no ho asɛm kyerɛɛ afoforo. (Luka 6:45) Wobɛma agyede no ho anisɔ a wowɔ no apusuw wo ma wode nsi abɔ Nkaedi no ho dawuru? Ade foforo nso a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ anisɔ ne sɛ yɛbɛyɛ akwampaefo boafo, anaa yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no pii wɔ Nkaedi bere mu. Sɛ anisɔ hyɛ yɛn koma mã a, ɛbɛka yɛn ma yɛama ahɔho akwaaba wɔ Nkaedi no ase, na sɛ wɔwɔ nsɛmmisa bi a, yɛayi ano.
4. Dɛn na wobɛyɛ na sɛ Nkaedi yi twam a, woanka sɛ mihui a anka?
4 So saa Nkaedi yi bɛyɛ nea etwa to? (1 Kor. 11:26) Yennim. Nanso, sɛ yɛanyɛ ho hwee na ɛkɔba sɛ eyi ne nea etwa to a, na yɛama hokwan kɛse a anka yɛde bɛkyerɛ anisɔ no apa yɛn ti so. Ɛnde, wobɛma hokwan a ɛte saa abɛsen akɔ kwa? Momma yɛn anom nsɛm ne yɛn komam nsusuwii nyɛ Yehowa a wama yɛn agyede no fɛ.—Dw. 19:14.