Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/93 kr. 2
  • Agyede no ho Anisɔ a Wobɛkyerɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Agyede no ho Anisɔ a Wobɛkyerɛ
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kɔ So Kyerɛ Agyede No Ho Anisɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Onyankopɔn Akyɛde a Ɛso Paa ne Agyede No
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Agyede No—Onyankopɔn Akyɛde a Ɛsen Biara
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Agyede No—“Adekyɛde a Ɛyɛ Pɛ” a Efi Agya no Nkyɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1993
km 3/93 kr. 2

Agyede no ho Anisɔ a Wobɛkyerɛ

1 Ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛkyerɛ anisɔ ama adamfo anaa obusuani bi a wawu yɛ ade a wɔtaa yɛ wɔ aman nyinaa mu. Ɔpɛ yi mu betumi ayɛ den titiriw bere a ɔdɔfo no wui bere a ɔregye afoforo nkwa no. Wɔn a wɔwɔ daa nkwa anidaso no nyinaa wɔ ntease a ɛsen biara sɛ wɔbɛkyerɛ agyede no ho anisɔ denam Kristo wu Nkae no ase a wɔbɛkɔ April 6 no so.—2 Kor. 5:14; 1 Yoh. 2:2.

2 Kyerɛ Yehowa Dɔ ho Anisɔ: Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ yɛbɛkyerɛ anisɔ a emu dɔ sen biara ama yɛn Ɔdɛɛfo a Ɔsen Biara, Yehowa Nyankopɔn, a ɔde agyede no mae no! (1 Yoh. 4:9, 10) Kɔ a Yehowa dɔ kɔ akyiri no da adi wɔ akyɛde a ɛda nsow a ɔde mae sɛ yɛn agyede no mu; ɔde ne Ba a ɔwoo no koro a ɔdɔ no sen biara no na ɛmae na ɛnyɛ abɔfo atreneefo ɔpepem pii no mu biako kɛkɛ. (Mmeb. 8:22, 30) Saa Ɔba yi a onim Yehowa sen obiara, a ɔne Yesu Kristo, no kaee yɛn sɛ: “Na Onyankopɔn dɔ wiase no yiye ma ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔansɛe obiara a ogye no di no, na mmom wanya daa nkwa.”—Yoh. 3:16, New World Translation.

3 Kyerɛ Yesu Kristo Dɔ ho Anisɔ: Saa ara nso na ɛfata sɛ yɛkyerɛ anisɔ a emu dɔ ma Yesu Kristo, a ɔde ne kra mae sɛ agyede maa nnipa pii no. (Mat. 20:28) Ne dɔ da adi wɔ ne pɛ mu a ofi yɛɛ nea na Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ wɔ agyede no ho a ɔyɛe no mu. Susuw sɛnea ogyaw tebea pa a na ɔne n’Agya ne abɔfo atreneefo bebree bɔ fekuw wom no hɔ na ama wabɛyɛ agyede ama yɛn no ho. Asɛnnennen a ɛne adesamma abɔnefo mu a ɔbɛtra na wabrɛ ne ho ase ama wɔn no anaa nim a na onim sɛ agyede a ɔde bɛma no hwehwɛ sɛ owu no mu biara ammu n’abam. Mmom no, ‘ɔfaa akoa tebea too ne ho so dan nnipa sɛso. Nea ɛsen saa no, ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu, asɛndua ho wu mu po.’—Fil. 2:5-8.

4 Ɔkwan Bɛn so na Yɛkyerɛ Agye no ho Anisɔ?: Ɛnsɛ sɛ anisɔ a yɛkyerɛ wɔ agyede no ho no yɛ ka a yɛbɛka sɛ meda wo ase kɛkɛ. Ehia sɛ yesua Onyankopɔn nsiesiei ma nkwagye denam Yesu Kristo so no ho ade. (Yoh. 17:3) Afei ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ agyede no mu gyidi. (Aso. 3:19) Ɛsɛ sɛ ɛno nso kanyan yɛn ma yɛde yɛn ho ma Yehowa Nyankopɔn wɔ ahosohyira mu na wɔbɔ yɛn asu. (Mat. 16:24) Bere a yɛtra ase ma ɛne yɛn ahosohyira hyia no, ɛsɛ sɛ yɛtɔ hokwan biara de ka agyede nsiesiei a ɛma nkwagye a ɛyɛ nwonwa no ho asɛm kyerɛ afoforo.—Rom. 10:10.

5 Yɛn mu biara betumi adu saa ahwehwɛde ahorow yi ho. Mika 6:8 (NW) ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Dɛn na Yehowa hwehwɛ wo hɔ sen sɛ wobɛyɛ adetrenee na woadɔ ayamye na wode ahobrɛase ne wo Nyankopɔn anantew?” Saa ara nso na Dawid ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Wo nkyɛn na ne nyinaa fi, na wo nsam na yenyae na yɛde ama wo.”—1 Be. 29:14.

6 Sɛ yɛbɛma anisɔ a yɛwɔ wɔ Yehowa nsiesiei a ɛyɛ nwonwa no ho no ayɛ kɛse a, dɛn nti na yensusuw Onipa a Ɔsen Biara nhoma no atiri 112 kosi 126 ho sɛ abusua ansa na Nkaedi da no adu? Saa kwan yi so no, yɛn nyinaa betumi asiesie yɛn ho wɔ adwenem de akyerɛ agyede no ho anisɔ wɔ Nkaedi afahyɛ a yɛbɛyɛ no April 6, 1993 no ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena