Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/93 kr. 8
  • Dannan Wo Nsɛm Mu wɔ Ɔsom Adwuma no Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dannan Wo Nsɛm Mu wɔ Ɔsom Adwuma no Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Fa Nnianim Nsɛm A Etu Mpɔn Di Dwuma
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Asɛmpa No Adi A Wɔda
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nnianim Nsɛm A Etu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • So Wɔde Nnianim Asɛm A Ɛfata Di Dwuma?
    Yɛn Ahenni Som—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1993
km 4/93 kr. 8

Dannan Wo Nsɛm Mu wɔ Ɔsom Adwuma no Mu

1 Wɔaka sɛ nneɛma a wɔsakra mu ma asetra yɛ anigye. Mpɛn pii no sɛ wɔfa ɔkwan foforo bi so ka asɛm bi a, ɛma ɛyɛ anigye kɛse. Ɛte saa ara wɔ yɛn som adwuma no mu. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, ɛrenyɛ den sɛ nsɛm a yɛka kyerɛ wɔ yɛn afie afie adwuma no mu bɛyɛ nea yetĩ mu ka bere nyinaa. Nnianim nsɛm koro no ara a yetĩ mu mpɛn pii no betumi afono yɛne afiewuranom nyinaa. Enti, dannan wo nsɛm mu wɔ ɔsom adwuma no mu. Nanso wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

2 Sɛ anka yɛbɛka biribi te sɛ, ‘Mema wo akye. Yɛyɛ Yehowa Adansefo na yɛreka Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ yɛn mpɔtam hafo no,’ dɛn nti na wunsusuw akwan a wobɛfa so adannan wo nnianim nsɛm mu? Reasoning nhoma no kura nnianim nsɛm pii a ɛfata. Nsɛmti ahorow 18 ho nnianim nsɛm wɔ nkratafa 9-15. Na ɛde nsɛmti no mu dodow no ara ho nnianim nsɛm abien, abiɛsa anaa nea ɛsen saa ma.

3 Sɛ wode “So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? brochure no redi dwuma a, nnianim asɛm yi a efi “Life/Happiness” afã hɔ wɔ kratafa 13 no betumi aboa:

◼ “Yɛne nnipa a wodwen sɛnea asetra te nnɛ ho ankasa no rebɔ nkɔmmɔ. Nnipa pii bisa sɛ, So yebetumi anya asetra a anigye wom ankasa? Brochure yi de adwenkyerɛ a ɛhyɛ nkuran na ɛkanyan adwene ma.” Bue brochure no kratafa 25, na kenkan nkyekyem 15 ne 16 mu asɛntitiriw biako anaa abien.

4 Ahenni adawurubɔfo binom—mmofra ne afoforofo titiriw, ne wɔn a wɔanyin nso—ahu sɛ wobetumi de nkratawa ada nsɛm adi anigye so wɔ afie mu.

Ɔdawurubɔfo kumaa bi betumi de kratawa “Nya Abusua Asetra mu Anigye” adi dwuma na waka sɛ:

◼ “Mewɔ sɛnea Onyankopɔn betumi aka mmusua abom wɔ anigye mu ho nkrasɛm tiawa bi ma wo. Mɛpɛ sɛ mede kratawa a wɔato din sɛ Nya Abusua Asetra mu Anigye yi ma wo.” Afei ɔdawurubɔfo a wanyin a ɔne abofra no yɛ adwuma no betumi agyina nea ofiewura no yɛ wɔ ho no so ahu sɛ ebia ɔbɛka biribi foforo aka ho.

5 Sɛ ofiewura no da anigye adi a, ɔdawurubɔfo a wanyin no betumi aka sɛ:

◼ “Bible no de okunu, ɔyere, ne mmofra asɛyɛde a ɛfata wɔ abusua nhyehyɛe no mu ho afotu ma. Esiane sɛ Onyankopɔn ne abusua no Hyehyɛfo nti, so wunnye ntom sɛ ɔno na obetumi aka sɛnea ɛsɛ sɛ abusua no yɛ wɔn ade akyerɛ yɛn sen obiara? Mɛpɛ sɛ mitie nea wususuw wɔ Bible afotu a emu da hɔ pefee a ɛde ma abusua mufo ho no.” Afei kenkan Efesofo 5:22, 23, 28-31.

6 Sɛ wode Adiyisɛm Awiei nhoma no di dwuma a, dɛn nti na wunsi daakye ho adwempa a wɔada no adi wɔ Adiyisɛm 21:3, 4 no so dua? Afei kenkan nkyekyem 7 wɔ nhoma no kratafa 303. Bisa ofiewura no sɛ ntease wom sɛ yebegye adi sɛ Onyankopɔn bɛma nkɔmhyɛ ahorow yi abam. Ɛsɛ sɛ nkɔmhyɛ a abam dedaw ho nkɔmmɔbɔ tiawa bi hyɛ ahotoso a ofiewura no wɔ sɛ Onyankopɔn betumi ahyira adesamma abusua no mu den.

7 Ahenni adawurubɔfo nyinaa pɛ sɛ wɔma teokrase nneɛma nya nkɔanim, wogu nokware aba no wɔ faako a ɛbɛyɛ yiye, na wodi anigye a wɔda no adi no ho dwuma. Bere a yɛayɛ yɛn fam de no, yebetumi de anigye agyaw nkɔso biara a ɛbɛba daakye no ama Yehowa. Yɛwɔ asɛmpa a ɛsen biara a yɛbɛka akyerɛ yɛn mpɔtam hɔfo. Sɛ yesiesie yɛn ho bere nyinaa a, yebetumi adannan Ahenni nkrasɛm a yɛka kyerɛ no mu, na yɛde nhumu adi dwuma wɔ yɛn nhoma ahorow a yɛde ma no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena