February Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase February 3
Dwom 27
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a Wɔapaw. Ka “Anisɔ Kɛse a Yɛwɔ” ho asɛm.
15 min: “Nya Kyɛfa Wɔ Adwuma a Wɔrensan Nyɛ Bio Da no Mu.” Nsɛmmisa ne mmuae. Fa nsɛntitiriw a efi “Wɛn a Yɛbɛkɔ So Awɛn—Ɔkwan Bɛn So?” a ɛwɔ Proclaimers nhoma no nkratafa 714-15 no ka ho, sɛnea bere ma kwan.
20 min: “Ntɛmpɛ a Yɛde Bɛka Asɛmpa No.” (Kasapɛn 1-5) Bere a onua a ɔredi ho dwuma no aka kasapɛn 1 no ho asɛm tiawa no, ɔne adawurubɔfo baanu anaa baasa susuw kasapɛn 2-5 no ho. Wosusuw nsɛm a wɔka kyerɛ ho, na wɔka nea enti a eyinom ne nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛtete saa no betumi asow aba wɔ hɔnom asasesin mu ho asɛm. Adawurubɔfo no ankasa yɛ nsɛm a wɔka kyerɛ no ho ɔyɛkyerɛ. Onua a ɔredi ho dwuma no kamfo wɔn, na ɔkyerɛ akwan a ɛbɛma wɔatu mpɔn kɛse wɔ nsɛm a wɔka kyerɛ mu. Afei obisa atiefo akwan a wɔbɛfa so adu botae a ɛne sɛ wobefi adesua ase no ho. Ɔkyerɛ akwan pɔtee a wɔfa so de nkakrankakra fi adesua ase wɔ Nimdeɛ nhoma no mu.
Dwom 34 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 10
Dwom 29
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
10 min: “Ntɛmpɛ a Yɛde Bɛka Asɛmpa No.” (Kasapɛn 6-8) Yɛ nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛwɔ kasapɛn 6-7 mu no ho ɔyɛkyerɛ. Si hia a ehia sɛ wɔyɛ sankɔhwɛ wɔ baabi a wɔkyerɛɛ anigye no so dua.
25 min: “Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000.” Asɛmmisa ne mmuae a ɔsom adwuma sohwɛfo de susuw asɛm no ho. Ka adaka a ɛwɔ kratafa 3 no mu nsɛntitiriw. Munsusuw bere nhyehyɛe ho nhwɛso a ɛwɔ kratafa 6 no ho. Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo a wɔabɔ no asu biara ankasa de mpaebɔ susuw ho sɛ ebia obetumi de ɔsram biako anaa asram pii ayɛ bi anaa. Adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu betumi atrɛw kyɛfa a wonya wɔ ɔsom adwuma mu no mu denam nnɔnhwerew botae a wɔn ankasa de besi hɔ ama ɔsram biara no so.
Dwom 43 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 17
Dwom 30
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka nsɛntitiriw bi a ɛyɛ anigye a wɔka ho asɛm a ɛwɔ nsɛmma nhoma a aba foforo mu a wobetumi de adi dwuma wɔ asɛnka mu dapɛn yi.
13 min: “Nkaedi No—Adeyɛ a Ɛho Hia Titiriw!” Nsɛmmisa ne mmuae. Hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmma March ɔsram no nyɛ soronko denam akwampaefo aboafo adwuma no a wɔbɛyɛ so. Si Nkaedi kratasin a wɔde bɛto nsa afrɛ afoforo no so dua.
22 min: Ofie Bible Adesua Ase a Wofi. Wɔ asram a atwam nnansa yi mu no, yɛde nhoma mpempem pii na ama. Eyi ma yenya biribi a yebegyina so afi ofie Bible adesua pii ase. Munsusuw nea mo asafo no tumi yɛe wɔ nhoma ahorow a wɔde mae mu ho. Hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wɔnsan nkɔ wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no nyinaa nkyɛn. Ma adawurubɔfo pii nka mmɔden pɔtee a wɔbɔe ansa na wɔrefi ofie Bible adesua ahorow ase no nkyerɛ. Si so dua sɛ yɛn ahyɛde no fã titiriw ne sɛ yɛbɛyɛ asuafo. (Mat. 28:19, 20) Sɛ yɛbɔ mmɔden de nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ krataa a ɛhyɛ July 1996 Yɛn Ahenni Som no mu no di dwuma a, yebetumi ayɛ eyi wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.
Dwom 47 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 24
Dwom 32
18 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Bobɔ wɔn a wɔreyɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ March mu no nyinaa din. Kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnkaa akyi dodo sɛ wɔde akwammisa krataa bɛba. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ asɛnka adwuma no mu wɔ Memeneda, March 1. Ka nhyehyɛe foforo a wɔreyɛ wɔ mo asafo no mu ama asɛnka nhyiam wɔ ɔsram no mu ho asɛm. Munsusuw Asɛmmisa Afã no ho yiye.
12 min: “W’abusuafo Nso Ɛ?” Okunu ne ɔyere bom susuw asɛm no ho, na wosi sɛnea wɔde asɛmpa no bedu abusuafo a wonnye nni nkyɛn ho gyinae.—Hwɛ February 15, 1990, Engiresi Ɔwɛn-Aban no nkratafa 25-7.
15 min: Munsusuw Nhoma a Wɔde Bɛma wɔ March mu ho—Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba. Munsusuw nneɛma a ɛde abusua mu mpaapaemu aba wɔ ɛnnɛ wiase no mu ho tiawa. (Hwɛ October 15, 1992, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 4-7.) Munsusuw nhoma no mu nsɛmti a ɛwɔ kratafa 3 no ho. Frɛ atiefo ma wɔmpaw atiri a wobetumi agyina so anya asɛm a wɔka kyerɛ. Twe adwene si ɔkyerɛkyerɛ adaka a ɛwɔ ti biara awiei no so. Ma ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw nyɛ sɛnea wɔde nhoma no ma ho ɔyɛkyerɛ. Kae wɔn nyinaa ma wonkogye bi mfa nni dwuma dapɛn yi awiei.
Dwom 48 ne mpaebɔ a wɔde wie.