Yohane
17 Yesu kaa eyinom, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ soro+ kae sɛ: “Agya, dɔn no adu; hyɛ wo ba no anuonyam, na wo ba no nso ahyɛ wo anuonyam,+ 2 sɛnea woama no ɔhonam nyinaa so tumi,+ sɛ dodow a wode ama no nyinaa no,+ ɔmma wɔn daa nkwa.+ 3 Eyi ne daa nkwa,+ sɛ wobehu+ wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no,+ yiye, ne nea wosomaa no no, Yesu Kristo.+ 4 Mawie adwuma a wode ama me sɛ menyɛ no+ de ahyɛ wo anuonyam+ wɔ asase so. 5 Enti afei, Agya, fa anuonyam a na mewɔ wɔ wo nkyɛn ansa na wiase reba no hyɛ me anuonyam w’ankasa wo nkyɛn.+
6 “Mada wo din adi akyerɛ nnipa a wuyii wɔn fii wiase maa me no.+ Ná wɔyɛ wo dea na wode wɔn maa me, na wɔadi w’asɛm so. 7 Afei wɔabehu sɛ nneɛma a wode maa me nyinaa fi wo nkyɛn; 8 efisɛ nsɛm a wode maa me no, mede ama wɔn,+ na wɔagye na wɔabehu ampa sɛ mebae sɛ wo nanmusini,+ na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.+ 9 Mesrɛ ma wɔn; mensrɛ mma wiase,+ na mmom wɔn a wode wɔn ama me no; efisɛ wɔyɛ wo dea, 10 na biribiara a ɛwɔ me no, ɛwɔ wo, na nea ɛwɔ wo no, ɛwɔ me,+ na manya anuonyam wɔn mu.
11 “Afei nso, minni wiase bio, na wɔn de, wɔwɔ wiase+ na mereba wo nkyɛn. Agya Kronkron, w’ankasa wo din a wode ama me nti hwɛ wɔn so+ na wɔayɛ biako sɛnea yɛn nso yɛyɛ biako no.+ 12 Bere a mewɔ wɔn nkyɛn no, na mehwɛ wɔn so+ esiane w’ankasa wo din a wode ama me nti; makora wɔn so, na wɔn mu biako mpo nsɛee+ gye ɔsɛe ba no,+ na ama kyerɛwsɛm no aba mu.+ 13 Nanso afei mereba wo nkyɛn, na mereka eyinom wɔ wiase na wɔanya m’anigye no bi ma ayɛ mã wɔ wɔn mu.+ 14 Mede w’asɛm ama wɔn, nanso wiase atan wɔn,+ efisɛ wɔnyɛ wiase no fã sɛnea menyɛ wiase no fã no.+
15 “Mensrɛ sɛ yi wɔn fi wiase, na mmom mesrɛ sɛ hwɛ wɔn so esiane ɔbɔnefo no nti.+ 16 Wɔnyɛ wiase no fã+ sɛnea menyɛ wiase no fã no.+ 17 Fa nokware no yɛ wɔn kronkron;+ w’asɛm+ yɛ nokware.+ 18 Sɛnea wosomaa me wiase no, me nso mesomaa wɔn wiase.+ 19 Mereyɛ me ho kronkron ama wɔn na nokware no ama wɔn nso ayɛ kronkron.+
20 “Ɛnyɛ eyinom nkutoo nti na mesrɛ, na mmom wɔn a wɔnam wɔn asɛm so gye me di no nso;+ 21 sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ biako,+ sɛnea wo, Agya no, wɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no,+ na wɔn nso ne yɛn ayɛ biako+ na ama wiase agye adi sɛ wo na wosomaa me.+ 22 Afei mede anuonyam a wode ama me no ama wɔn na wɔayɛ biako sɛnea yɛyɛ biako no.+ 23 Mewɔ wɔn mu na wo nso wowɔ me mu sɛnea wɔn biakoyɛ bedi mũ,+ na wiase ahu sɛ wo na wosomaa me na wodɔ wɔn sɛnea wodɔ me no. 24 Agya, nea wode ama me no de, mepɛ sɛ anka baabi a mewɔ no, wɔn nso bɛka me ho,+ na wɔahu anuonyam a wode ama me no, efisɛ na wodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase.+ 25 Trenee+ Agya, wiase no nnim wo;+ nanso me de minim wo, na eyinom abehu sɛ wo na wosomaa me.+ 26 Mama wɔahu+ wo din na mɛma wɔahu, na ɔdɔ a wode dɔɔ me no atena wɔn mu na matena wɔn mu.”+