Romafo
4 Sɛ saa na ɛte a, dɛn na yɛbɛka afa yɛn honam fam agya Abraham+ ho? 2 Sɛ nhwɛso no, sɛ efi nnwuma mu na wobuu Abraham bem+ a, anka obenya nea ɔde bɛhoahoa ne ho; nanso ɛrenyɛ Onyankopɔn fam. 3 Na dɛn na kyerɛwsɛm no ka? “Abraham gyee Yehowa dii, na wobuu no trenee maa no.”+ 4 Afei nea ɔyɛ nnwuma+ no, wommu n’akatua sɛ adom,+ na mmom sɛ ɛka a wɔde no.+ 5 Nanso nea ɔnyɛ nnwuma na mmom ogye nea obu ɔdebɔneyɛfo bem di+ no, wobu ne gyidi sɛ adetrenee+ ma no. 6 Saa na Dawid nso ka anigye a obi nya bere a Onyankopɔn bu no ɔtreneeni a ennyina nnwuma so no ho asɛm sɛ: 7 “Anigye ne wɔn a wɔde wɔn mmarato afiri wɔn+ na wɔakata wɔn bɔne so;+ 8 anigye ne onipa a Yehowa mmu ne bɔne ngu no so.”+
9 Ɛnde so anigye yi ba twetiafo nkutoo anaa momonotofo nso so?+ Efisɛ yɛka sɛ: “Wobuu Abraham gyidi sɛ trenee maa no.”+ 10 Ɛnde tebea bɛn mu na wobuu no saa? Bere a ɔwɔ twetiatwa mu anaa momonotoyɛ mu no?+ Ɛnyɛ twetiatwa mu, na mmom momonotoyɛ mu. 11 Na onyaa sɛnkyerɛnne+ a ɛne twetiatwa sɛ nsɔano maa ne trenee a egyina gyidi a onyae wɔ ne momonoto mu no so, na wayɛ momonotofo a wɔwɔ gyidi+ nyinaa agya+ na wɔabu wɔn treneefo; 12 na wayɛ agya ama asefo a wɔatwa wɔn twetia, a ɛnyɛ wɔn a wɔbata twetiatwa ho nko, na mmom wɔn a wɔnantew pɛpɛɛpɛ di saa gyidi no anammɔn akyi wɔ momonotoyɛ mu sɛnea na yɛn agya+ Abraham te no nso.
13 Na ɛnyɛ mmara so na Abraham anaa n’aseni nam nyaa bɔhyɛ+ sɛ obenya wiase bi sɛ agyapade, na mmom ɛnam trenee a efi gyidi mu so.+ 14 Na sɛ wɔn a wɔbata mmara ho no yɛ adedifo a, ɛnde na gyidi adan adehunu, na wɔagu bɔhyɛ+ no. 15 Nokwarem no, Mmara no de abufuw ba,+ nanso nea mmara nni no, mmarato biara nso nni hɔ.+
16 Ne saa nti efi gyidi mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ebegyina adom+ so, na ama bɔhyɛ+ no atim ama n’asefo+ nyinaa, ɛnyɛ nea ɔbata mmara ho nko, na mmom nea ɔbata Abraham gyidi ho nso. (Ɔyɛ yɛn nyinaa agya,+ 17 sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Mapaw wo sɛ aman bebree agya.”)+ Eyi sii Nea onyaa ne mu gyidi, Onyankopɔn a onyan awufo+ na ɔfrɛ nneɛma a ɛmmae sɛ nneɛma a ɛwɔ hɔ,+ no anim. 18 Ɛwom sɛ na anidaso nni hɔ de, nanso ogyinaa anidaso so gye dii,+ na wayɛ aman bebree agya+ sɛnea wɔkae sɛ: “Saa ara na w’asefo bɛyɛ”+ no. 19 Na ɛwom sɛ ne gyidi anyɛ mmerɛw de, nanso osusuw n’ankasa nipadua a na agow+ dedaw no ho, efisɛ na wadi bɛyɛ mfirihyia ɔha,+ ɛne Sara yafunu nso a na awu+ no. 20 Nanso Onyankopɔn bɔhyɛ+ nti, gyidi a onni amma wannye kyim,+ na mmom ne gyidi ma onyaa ahoɔden,+ na ɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, 21 a na ogye di yiye sɛ nea wahyɛ ho bɔ no, obetumi ayɛ+ nso. 22 Enti “wobuu no trenee maa no.”+
23 Nanso ɛnyɛ ne nkutoo nti na wɔkyerɛwee+ sɛ “wobuu+ no saa maa no,” 24 na mmom yɛn a etwa sɛ wobu no saa ma yɛn no nso, efisɛ yegye nea onyan yɛn Awurade Yesu fii awufo mu no di.+ 25 Yɛn mfomso nti na woyii no mae,+ na yɛn bembu nti na wonyan no.+